Nnwom 142 - Twerɛ KronkronMmoa ho adesrɛ Dawid nnweneho dwom. Mpaeɛ a ɔwɔ ɔbodan mu no, ɔbɔeɛ. 1 Mede me nne mesu mefrɛ AWURADE, mede me nne mekoto mesrɛ AWURADE, 2 mehwie m’abooboo megu n’anim, meka m’ahohia mekyerɛ no. 3 Me honhom tɔ piti me mu a, wo na wonim me kwan. Ɛkwan a menam soɔ no so na wɔsum me fidie. 4 Mehwɛ nifa, na hwɛ, obi nni hɔ a n’ani ku me ho, dwanekɔbea abɔ me, obiara mfa me kra nyɛ huu. 5 Mesu mefrɛ wo, AWURADE. Mese: Wone me dwanekɔbea, me kyɛfa, ateasefoɔ asase so. 6 Wɛn w’aso tie me su, na mayɛ hodwoo, yi me firi m’ataafoɔ nsam, na wɔn ho yɛ den kyɛne me. 7 Yi me kra firi afiase, na mayi wo din ayɛ. Ateneneefoɔ bɛtwa me ho ahyia sɛ wo ne me adi no yie. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana