Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 137 - Twerɛ Kronkron


Babel nsubɔntene ho sufrɛ

1 Babel nsubɔntene ho, ɛhɔ na yɛtenaeɛ na yɛsuiɛ berɛ a yɛkaee Sion no.

2 Ɛhɔ nsukakye nnua no so na yɛde yɛn asankuo sensɛneeɛ.

3 Na ɛhɔ na yɛn nnommumfafoɔ bisaa yɛn nnwom bi, na yɛn ateeteefoɔ pɛɛ yɛn hɔ anigyeɛ sɛ: Monto Sion dwom bi nkyerɛ yɛn.

4 Ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛto AWURADE dwom, ananafoɔ asase so?

5 Yerusalem, sɛ me werɛ firi wo a, ma me nifa werɛ mfiri ne ho keka.

6 Sɛ mankae wo a, ma me tɛkyerɛma mfam me dodom, sɛ mankae wo a, sɛ mammu Yerusalem ankyɛne m’anigyeɛ nyinaa a…!

7 O AWURADE, kae Yerusalem da no ma Edom mma, sɛ wɔsee sɛ: Monnwiri, monnwiri! Monnwiri nkɔsi ne fapem so!

8 Babel babaa a wɔayɛ wo pasaa, nhyira ne deɛ ɔtua wo ka, sɛdeɛ wode yɛɛ yɛn no.

9 Nhyira ne deɛ ɔsɔ wo nkɔkoaa mu pempem ɔbotan.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan