Nnwom 133 - Twerɛ KronkronAnuanom baakoyɛ mu nhyira Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ. 1 Hwɛ ɛyɛ a ɛyɛ ne fɛ a ɛyɛ sɛ anuanom bom tena faako. 2 Ɛte sɛ aboɔden ngo pa a wɔhwie guu Aaron apampamu, ɛsiane guu n’abɔdwesɛ mu, na ɛsiane guu n’atadeɛ mmuano so. 3 Ɛte sɛ Hermon bosuo a ɛsiane gu Sion mmepɔ soɔ, na ɛhɔ na AWURADE ahyɛ nhyira, aane, nkwa de kɔsi daa. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana