Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 131 - Twerɛ Kronkron


Ahobrɛaseɛ ne abodwoɔ
Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ.

1 AWURADE, m’akoma nyɛ dwaeɛ, na m’ani ntra ne ntɔn, na menyɛ apɔmpɔmpɛ, na menhwehwɛ anwanwadeɛ a ɛkyɛne me.

2 Ampa, madwodwo me kra mama no ayɛ komm, sɛ ɔba a wɔatwa no nufoɔ a ɔwɔ ne na ho; aane me kra te sɛ ɔba a wɔatwa no nufoɔ

3 Israel, ma w’ani nna AWURADE so mfiri seesei nkɔsi daa.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan