Nnwom 130 - Twerɛ KronkronAmanehunu kɛseɛ mu mpaebɔ Ɔsoroforɔ dwom. 1 Mefiri abunu kuronkuron mu mefrɛ wo, AWURADE. 2 AWURADE, tie me nne, wɛn w’aso tie me nkotosrɛ. 3 AWURADE, sɛ wodi amumuyɛdeɛ akyiri a, hwan na anka ɔbɛgyina? 4 Na wo na fakyɛ wɔ wo fam, na wɔasuro wo. 5 Mehwɛ AWURADE kwan, me kra rehwɛ kwan, na n’asɛm so na m’ani da. 6 Me kra twɛn AWURADE sene awɛmfoɔ a wɔtwɛn adekyeeɛ, sene awɛmfoɔ a wɔtwɛn adekyeeɛ. 7 Israel, ma w’ani nna AWURADE so, n’afam na adɔeɛ wɔ, na ɔgyeɛ a ɛdɔɔso wɔ ne nsam. 8 Ɔno na ɔbɛgye Israel afiri n’amumuyɛ nyinaa mu. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana