Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 13 - Twerɛ Kronkron


Nyankopɔn mmoa a ɛmma ntɛm no ho abooboo
Wɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid deɛ.

1 Ao, AWURADE, ɛnkɔsi da bɛn? Wo werɛ bɛfiri me daa? Wode w’ani bɛhunta me akɔsi da bɛn?

2 Ɛnkɔsi da bɛn na menni me kra mu yea, na adeɛ kye a awerɛhoɔ ntena m’akomam? Me tamfo nhoran me so nkɔsi da bɛn?

3 Hwɛ na gye me so, AWURADE, me Nyankopɔn, te m’ani, na manna owuo nna,

4 na me tamfo anka sɛ: Matumi no, na sɛ mehinhim a, m’ahohiahiafoɔ anni ahurisie.

5 Na me deɛ, m’ani da w’adɔeɛ so, m’akoma bɛdi wo nkwagyeɛ mu ahurisie,

6 mɛto AWURADE dwom sɛ ɔne me adi no yie.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan