Nnwom 129 - Twerɛ KronkronAmanehunu a aba atwam Ɔsoroforɔ dwom. 1 Wɔahiahia me ho pii firi me mmɔfraase, ma Israel nka ɛ, 2 wɔahiahia me ho pii firi me mmɔfraase, nanso wɔantumi me. 3 Fɛntɛmfoɔ afɛntɛm m’akyi, wɔama wɔn aka awoware. 4 Nanso AWURADE tene, watwitwa abɔnefoɔ homa mu. 5 Ma wɔn ani nwu na wɔnsane wɔn akyi, wɔn a wɔtane Sion nyinaa. 6 Ma wɔnyɛ sɛ adan atifi wira a ɛnnya mfefɛeɛ na ahyeɛ, 7 ɛnhyɛ otwitwafoɔ nsa anaa ɔkyekyerefoɔ basa mu ma, 8 na wɔn a wɔtwam mpo nka sɛ: AWURADE nhyira mmra mo so no, yɛhyira mo AWURADE din mu. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana