Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 120 - Twerɛ Kronkron


Nkɔnkɔnsafoɔ
Ɔsoroforɔ dwom.

1 AWURADE na m’ahohia mu mesu mefrɛɛ no, na ɔtiee me.

2 AWURADE, yi me kra firi atorɔ ano, firi nnaadaa tɛkyerɛma mu.

3 Ɛdeɛn na wɔmfa mma woɔ, na ɛdeɛn na wɔmfa nka wo ho, wo nnaadaa tɛkyerɛma?

4 Ɔbrane agyan hwerɛmhwerɛm ne ogya nsramma kɔɔ na ɛbɛyɛ wo kyɛfa.

5 Mennue sɛ mabɛsoɛ Mesek na matena Kedar ntomadan mu!

6 Me kra ne wɔn a wɔtane asomdwoeɛ atena akyɛre dodo.

7 Me deɛ, meyɛ asomdwoeɛni, nanso sɛ mekasa, wɔn deɛ, wɔpɛ ɔko.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan