Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 110 - Twerɛ Kronkron


Ɔsɔfoɔ a ɔdi hene
Dawid dwom

1 AWURADE asɛm a ɔse me wura nie: Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ.

2 Wo tumidie poma no, AWURADE firi Sion bɛtene. “Di hene w’atamfo mfimfini!”

3 Wo man bɛyi wɔn yam koraa aba wo koda no, aduradeɛ kronkron mu, wo mmeranteɛ asafo ba ma wo sɛ obosuo firi adekyeeɛ yam.

4 AWURADE aka ntam, na ɔrennu ne ho: Woyɛ daapem sɔfoɔ, Melkisedek dibea so.

5 AWURADE a ɔwɔ wo nifa soɔ no bɛbobɔ ahemfo, n’abufuo da no.

6 Ɔbɛdi amanaman mu asɛm, ɔbɛma afunu ahyɛ hɔ ma. Ɔbɛbobɔ tire asase a ɛtrɛ so.

7 Ɔbɛnom kwan ho asutene mu nsuo, enti na ɔbɛma ne tiri soɔ.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan