Nnwom 105 - Twerɛ KronkronOnyankopɔn ne ne Man ( 1 Berɛsosɛm 16.8-22 ) 1 Monna AWURADE ase, mommɔ ne din, momma wɔnhunu ne nneyɛɛ, aman mu. 2 Monto dwom mma no, monto ayeyie dwom mma no, monnwene n’anwanwadeɛ nyinaa ho nka. 3 Momfa ne din kronkron nhyehyɛ mo ho, wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE no akoma ntɔ wɔn yam. 4 Mompɛ AWURADE ne ne tumi akyiri kwan, monhwehwɛ n’anim daa. 5 Monkae n’anwanwadeɛ a wayɛ, n’ahodwirideɛ ne n’anom atemmusɛm no, 6 mo, n’akoa Abraham asefoɔ, Yakob a ɔyii no no mma. 7 Ɔno ne AWURADE yɛn Nyankopɔn, n’atemmuo wɔ asase nyinaa so. 8 Ɔkae n’apam no de kɔsi daa, asɛm a ɔhyɛ maa awoɔ ntoatoasoɔ apem no, 9 apam a ɔne Abraham pameeɛ no ne ne ntam a ɔkaa Isak no, 10 na ɔde sii hɔ maa Yakob sɛ ahyɛdeɛ, na ɔde maa Israel sɛ daa apam no, 11 sɛ: Wo na mede Kanaan asase bɛma wo sɛ mo apɛgyadeɛ a wɔkyɛ no homa soɔ. 12 Ɛberɛ a nnipa no ano nnɔɔso, wɔyɛ kakraa bi ne ahɔhoɔ wɔ hɔ 13 na wɔnenam firi ɔman mu kɔ ɔman mu, wɔfiri ahennie bi mu kɔ ɔman foforɔ bi mu no, 14 wamma obiara kwan sɛ ɔnhom wɔn so, na wɔn nti ɔkaa ahemfo anim sɛ: 15 Monnka me nnipa a wɔasra wɔn no, na monnyɛ m’adiyifoɔ bɔne bi. 16 Na ɔmaa ɛkɔm baa asase no so, ɔbubuu aduane poma nyinaa mu; 17 Ɔsomaa onipa bi dii wɔn anim, wɔtɔn Yosef maa no kɔyɛɛ akoa. 18 Wɔde mpokyerɛ miaa ne nan, de no too dadeɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn mu 19 kɔsii berɛ a n’asɛm baa mu, AWURADE asɛm sɔɔ no hwɛe. 20 ɔhene soma maa wɔkɔtuu no, deɛ ɔdi aman soɔ no maa wɔkɔsanee no. 21 Ɔde no sii ne fie so panin, ne deɛ ɔwɔ nyinaa sodifoɔ, 22 sɛ ɔnkyerɛ n’asafohene deɛ ɔpɛ, na ɔnkyerɛ ne mpanimfoɔ nyansa. 23 Ɛnna Israel baa Misraim, na Yakob bɛsoɛɛ Ham asase so sɛ hɔhoɔ. 24 Na ɔmaa ne man ase kyenee bebree, na ɔmaa wɔyɛɛ den sene wɔn ahohiahiafoɔ. 25 Ɔdanee wɔn akoma sɛ wɔntane ne man, na wɔmfa aniteɛ nhyɛ ne nkoa so. 26 Ɔsomaa n’akoa Mose ne Aaron a ɔyii no no. 27 Wɔyii ne nsɛnkyerɛnneɛ sii wɔn mu, ne anwanwadeɛ, Ham asase so. 28 Ɔsomaa esum maa no duruu sum, nanso wɔannwene ne nsɛm ho. 29 Ɔdanee wɔn nsuo mogya, na ɔde kum wɔn mpataa. 30 Wɔn asase dɔɔ mponkyerɛne manyamanya maa wɔbaa wɔn ahemfo mpia mu. 31 Ɔkasae, na anwansena borebore bae, ntontom baa wɔn asase nyinaa so. 32 Ɔde asukɔtweaa yɛɛ wɔn osutorɔ maa ogyaframa baa wɔn asase so. 33 Na ɔbobɔɔ wɔn bobe ne wɔn borɔdɔma, na ɔbubuu wɔn asase so nnua. 34 Ɔkasae, na ntutummɛ bae ne mmɛbɛ a wɔn dodoɔ nni ano, 35 na wɔbɛdii wɔn asase so ahahan nyinaa, na wɔdii wɔn mfuo so aduane. 36 Na ɔbobɔɔ wɔn asase so mmakan nyinaa, wɔn ahoɔden nyinaa mu mma a ɛdi kan. 37 Na ɔde wɔn ne dwetɛ ne sika firi kɔe, na onipa a ɔyɛ mmerɛ biara nni ne mmusuakuo mu. 38 Wɔn adifire yɛɛ Misraimfoɔ anigyeɛ, na wɔn ho hu tɔɔ wɔn so. 39 Ɔtrɛɛ mununkum mu yɛɛ nkatasoɔ, ne ogya, sɛ ɛnyɛ hann anadwo. 40 Wɔbisae, na ɔde mmoko bae, na ɔde ɔsoro aduane maa wɔmee. 41 Ɔbuee ɔbotan maa nsuo tuee, ɛtenee anwea pradada so sɛ asubɔnten. 42 Na ɔkaee n’asɛm kronkron no, ɔkaee n’akoa Abraham, 43 na ɔyii ne man maa wɔde abotɔyam firii adi, ɔmaa wɔn a ɔyii wɔn no de ahurisie kɔe. 44 Na ɔde amanaman nsase maa wɔn, na wɔdii nkurɔfoɔ adwuma so adeɛ, 45 sɛ wɔnhwɛ n’ahyɛdeɛ nyɛ, na wɔnni ne mmara so. Monyi AWURADE ayɛ! |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana