Nnwom 100 - Twerɛ KronkronMommɔ ose mma AWURADE Aseda dwom. 1 Asase nyinaa, mommɔ ose mma AWURADE. 2 Momfa anigyeɛ nsom AWURADE, na momfa ahurisie dwom mmra n’anim. 3 Monhunu sɛ AWURADE ne Onyankopɔn, ɔno na ɔyɛɛ yɛn, ɔno na yɛwɔ no na yɛnne yɛn ho, na yɛyɛ ne man ne n’adidibea nnwan. 4 Momfa aseda nhyɛne n’aponkɛseɛ mu, na momfa ayeyie mmra n’abannwa so. Monna no ase, monhyira ne din. 5 Na AWURADE yɛ, n’adɔeɛ wɔ hɔ daa, na ne nokorɛdie kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana