Mateo 26 - Twerɛ KronkronWɔpam Yesu tiri so ( Marko 14.1 , 2 ; Luka 22.1-2 ; Yohane 11.45-53 ) 1 Na ɛbaa sɛ Yesu wiee nsɛm yi nyinaa ka no, ɔsee n’asuafoɔ no sɛ: 2 Monim sɛ aka nnanu na Twam da adu, na wɔbɛyi onipa ba no ama sɛ wɔmmɔ no asɛnnua mu. 3 Ɛnna asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ kɔhyiaa ɔsɔfo panin a wɔfrɛ no Kaiafa aban mu, 4 na wɔtuu agyina sɛ wɔnam nyansa so bɛkyere Yesu akum no. 5 Nanso wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ afahyɛ no mu, na sakasaka amma ɔman no mu. Ɔdɔ akyɛdeɛ ( Marko 14.3-9 ; Yohane 12.1-8 ) 6 Na Yesu wɔ Betania, Simon kwatani no fie no, 7 ɔbaa bi a ɔkura ngo hwamhwam a ne boɔ yɛ den, sradehwan toa ma, baa ne nkyɛn. Na ɔte adidiiɛ no, ɔbɛhwie ngo no guu n’atifi. 8 Na asuafoɔ no hunuiɛ no, anyɛ wɔn abodwo, na wɔkaa sɛ: Adesɛeɛ yi aseɛ ne sɛn? 9 Anka wɔbɛtumi atɔn yei agye sika pii, na wɔde ama ahiafoɔ. 10 Na Yesu hunuiɛ no, ɔsee wɔn sɛ: Adɛn na moreha ɔbaa no? Wayɛ me ho adwuma pa. 11 Ahiafoɔ wɔ mo nkyɛn daa, na me deɛ, morennya me daa. 12 Na sɛ wahwie ngo hwamhwam yi agu me nipadua soɔ yi, wayɛ ama me sie. 13 Nokorɛ mese mo sɛ, wiase baabiara a wɔbɛka asɛmpa yi no, wɔbɛka deɛ ɔbaa yi yɛeɛ nso de ayɛ no nkaeɛ. Yuda yi Yesu ma ( Marko 14.10 , 11 ; Luka 22.3-6 ) 14 Ɛnna dummienu no mu baako a wɔfrɛ no Yuda Iskariot kɔɔ asɔfoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn 15 sɛ: Ɛdeɛn na mobɛma me na mayi no ahyɛ mo nsa? Na wɔkarii nnwetɛbena aduasa de maa no. 16 Na ɛfiri saa berɛ no, ɔhwehwɛɛ sɛdeɛ ɔbɛnya kwan ayi no ama. Twam afahyɛ no ho nsiesie ( Marko 14.12-16 ; Luka 22.7-13 ) 17 Na Apiti da a ɛdi kan no, asuafoɔ no baa Yesu nkyɛn sɛ: Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔsiesie ma woɔ na wokɔdi Twam (afahyɛ) no? 18 Na ɔse: Monkɔ kuro no mu asomasi nkyɛn, na monkɔka nkyerɛ no sɛ: Kyerɛkyerɛfoɔ se: Me berɛ abɛn; wo nkyɛn na mene m’asuafoɔ rebɛdi Twam (afahyɛ) no. 19 Na asuafoɔ no kɔyɛɛ sɛdeɛ Yesu hyɛɛ wɔn no, na wɔsiesiee Twam no. Adidie a ɛdi akyire ( Marko 14.17-26 ; Luka 22.14-23 ; Yohane 13.21-26 ) 20 Na ɛduruu anwummerɛ no, ɔne asuafoɔ dummienu no bɛtenaa ase. 21 Na wɔredidie no, ɔkaa sɛ: Nokorɛ mese mo sɛ, mo mu baako rebɛyi me ama. 22 Na wɔn werɛ hoo yie, na wɔfitii aseɛ sesee no mmaako mmaako sɛ: Awurade, ɛyɛ me anaa? 23 Na ɔbuaa sɛ: Deɛ ɔne me to nsa ayowa mu no, ɔno ara na ɔbɛyi me ama. 24 Onipa ba no rekɔ sɛdeɛ wɔatwerɛ ne ho deɛ, nanso onipa a ɔbɛyi Onipa Ba no ama no nnue! Sɛ wɔanwo saa onipa no a, anka ɛyɛ ma no. 25 Ɛnna Yuda a ɔyii no maeɛ no bisaa no sɛ: Rabi, ɛyɛ me anaa? Ɔbuaa no sɛ: Woaka. Nkaeɛ adidie no asefire 26 Na wɔredidie no, Yesu faa paanoo, na ɔhyiraa so bubuu mu de maa asuafoɔ no sɛ: Monnye nni; yei ne me honam. 27 Na ɔfaa kuruwa, na ɔdaa aseɛ no, ɔde maa wɔn sɛ: Mo nyinaa monnom bi; 28 na yei ne me mogya a ɛyɛ apam adeɛ a nnipa bebree nti wɔrehwie agu ama bɔne fakyɛ. 29 Na mese mo sɛ, ɛfiri nnɛ merennom bobe yi bi bio, de bɛkɔ akɔsi da a me ne mo bɛnom no foforɔ m’agya ahennie mu. 30 Na wɔtoo ayeyie dwom no, wɔfirii adi kɔɔ Ngo Bepɔ no so. Ɔpa a Petro bɛpa ne wura no ho nkɔmhyɛ ( Marko 14.27-31 ; Luka 22.31-34 ) 31 Ɛnna Yesu see wɔn sɛ: Me ho bɛyɛ mo nyinaa suntidua anadwo yi. Na wɔatwerɛ sɛ: Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no, na ekuo no mu nnwan abɔ apete. 32 Na me sɔreɛ akyiri no, mɛdi mo anim makɔ Galilea. 33 Petro bua see no sɛ: Sɛ wo ho bɛyɛ wɔn nyinaa suntidua mpo a, me deɛ, ɛrenyɛ me suntidua da. 34 Yesu see no sɛ: Nokorɛ mese wo sɛ, anadwo yi, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa. 35 Petro ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ ɛtwa sɛ me ne wo wu mpo a, merempa wo. Saa ara na asuafoɔ no nyinaa nso kaeɛ. Yesu Getsemane awerɛhoɔ ( Marko 14.32-42 ; Luka 22.40-46 ) 36 Ɛnna Yesu ne wɔn duruu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane, na ɔka kyerɛɛ asuafoɔ no sɛ: Montena ase ha, na menkɔ nohoa nkɔbɔ mpaeɛ ansa. 37 Na ɔfaa Petro ne Sebedeo mma baanu no kaa ne ho, na ne werɛ fitii aseɛ hoe, na ne ho yeraa no pa ara. 38 Ɛnna ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Awerɛhoɔ ahyɛ me kra so de rekɔ owuo mu; montena ha na mo ne me nwɛn. 39 Na ɔkɔɔ n’anim kakra de n’anim kɔbutuu fam bɔɔ mpaeɛ sɛ: M’agya, sɛ ɛbɛtumi a, ma kuruwa yi nsiane me ho nkɔ! Nanso ɛnyɛ sɛdeɛ mepɛ, na sɛdeɛ wopɛ. 40 Na ɔbaa asuafoɔ no nkyɛn no, ɔbɛhunuu wɔn sɛ wɔadeda. Na ɔsee Petro sɛ: Moantumi ne me anwɛn dɔnhwere baako? 41 Monwɛn na mommɔ mpaeɛ, na moankɔ sɔhwɛ mu. Honhom pɛ deɛ, nanso honam no ɛyɛ mmerɛ. 42 Ɔkɔɔ bio ne mprenu so kɔbɔɔ mpaeɛ sɛ: M’agya, sɛ yei rensiane me ho nkɔ na gye sɛ menom a, wo pɛ nyɛ hɔ. 43 Na ɔbaeɛ no, ɔbɛhunuu wɔn sɛ wɔada bio; na wɔn ani kum. 44 Na ɔgyaa wɔn hɔ kɔɔ bio kɔbɔɔ mpaeɛ ne mprɛnsa so kaa asɛnkorɔ no ara. 45 Ɛnna ɔbaa asuafoɔ no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn sɛ: Afei deɛ, monna na monhome! Hwɛ, dɔn no aduru a wɔrebɛyi Onipa Ba no ahyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa. 46 Monsɔre mma yɛnkɔ! Hwɛ, deɛ ɔreyi me ama no abɛn! Yuda Iskariot de asraafoɔ ba ( Marko 14.43-50 ; Luka 22.47-53 ; Yohane 18.3-12 ) 47 Na ɔgu so rekasa no, hwɛ, Yuda a ɔyɛ dummienu no mu baako bae, na nkurɔfokuo bebree a wɔkurakura nkrantɛ ne mmaa firi asɔfoɔ mpanimfoɔ ne ɔman no mpanimfoɔ nkyɛn ka ne ho. 48 Na deɛ ɔyii no maeɛ no ama wɔn nsɛnkyerɛnneɛ sɛ: Deɛ mɛfe n’ano no, ɔne no; monkye no! 49 Na ntɛm ara ɔbaa Yesu nkyɛn sɛ: Rabi, mo! Na ɔfee n’ano. 50 Na Yesu see no sɛ: Damfo, wobaa ha bɛyɛɛ dɛn? Ɛnna wɔbaeɛ de wɔn nsa bɛsɔɔ ne mu kyeree no. 51 Na hwɛ, wɔn a wɔka Yesu ho no mu baako tenee ne nsa twee nkrantɛ, na ɔde bɔɔ ɔsɔfo panin no akoa twaa n’aso. 52 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Fa wo nkrantɛ sane hyɛ deɛ ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrantɛ nyinaa, nkrantɛ ano na wɔbɛwuo. 53 Anaasɛ wodwene sɛ anka merentumi mensrɛ m’Agya seesei na ɔnsoma abɔfoɔ asafodɔm bɛboro dummienu mmɛgyina me ho? 54 Na ɛnneɛ ɛbɛyɛ dɛn na twerɛ nsɛm no bɛba mu sɛ, ɛtwa sɛ ɛyɛ saa? Yesu asɛmmisa. Asuafoɔ no dwaneɛ 55 Ɛdɔn no mu ara na Yesu see nkurɔfoɔ akuakuo no sɛ: Moaba sɛdeɛ moreba odwotwafoɔ so de nkrantɛ ne mmaa rebɛkye me? Metenaa asɔrefie mekyerɛkyerɛɛ daa, nanso moankye me. 56 Na yei nyinaa aba, na deɛ adiyifoɔ no kaa no twerɛ nsɛm mu no aba mu. Ɛnna asuafoɔ no nyinaa gyaa no hɔ dwaneeɛ. Yesu gyina Kaiafa anim ( Marko 14.53-72 ; Luka 22.54-71 ; Yohane 18.13-27 ) 57 Na wɔn a wɔkyeree Yesu no de no kɔɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa hɔ, faako a Atwerɛfoɔ ne mpanimfoɔ no ahyia no. 58 Na Petro dii n’akyi wɔ akyirikyiri kɔduruu ɔsɔfo panin no aban mu, na ɔkɔɔ mu ne asomfoɔ no kɔtenaa hɔ sɛ ɔrehwɛ asɛm no awieeɛ. Adansekurumu ne animtiabuo 59 Na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne badwafoɔ no nyinaa hwehwɛɛ Yesu ho adansekurumu, na wɔanya no akum no, 60 nanso woannya bi. Adansekurumfoɔ bebree bae deɛ, nanso wɔannya bi. Na akyire yi no, nnipa baanu bi baa 61 sɛ: Oyi aka sɛ: Mɛtumi madwiri Nyankopɔn asɔredan, na masi no nnansa. 62 Na ɔsɔfo panin no sɔre ka kyerɛɛ no sɛ: Wommua bi? Ɛdeɛn ho na yeinom redi adanseɛ tia woɔ yi? 63 Na Yesu muaa n’ano. Na ɔsɔfo panin no ka kyerɛɛ no sɛ: Meka Onyankopɔn teasefoɔ no sɛ, sɛ wone Kristo no, Nyankopɔn ba no a, ka kyerɛ yɛn! 64 Yesu see no sɛ: Woaka; nanso mese mo sɛ, ɛfiri nnɛ mobɛhunu Onipa ba no sɛ ɔte tumi no nifa, na ɔreba ɔsoro mununkum soɔ. 65 Ɛnna ɔsɔfo panin no sunsuanee n’atadeɛ mu sɛ: Waka abususɛm! Ɛdeɛn hia na ɛhia yɛn adansefoɔ bio? Hwɛ, afei deɛ moate n’abususɛm no! 66 Modwene ho sɛn? Na wɔbuaa sɛ: Ɔsɛ wuo. 67 Ɛnna wɔtee ntasuo guu n’anim na wɔbobɔɔ no akuturuku; ebinom nso bobɔɔ no asotorɔ 68 sɛ: Kyerɛ yɛn, Kristo, hwan na ɔbɔɔ woɔ? Petro pa Yesu 69 Na Petro deɛ ɔte adihɔ hɔ. Na abaawa bi baa ne nkyɛn sɛ: Na wo nso wo ne Yesu Galileani no na ɛnam! 70 Na ɔsanee wɔn nyinaa anim sɛ: Mennim deɛ woreka yi. 71 Na ɔfiri adi kɔɔ ntwonoo mu no, abaawa foforɔ bi nso hunuu no, na ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no sɛ: Na oyi nso ne Yesu Nasareni no na ɛnam! 72 Na ɔkaa ntam sanee bio sɛ: Mennim onipa no. 73 Na ɛyɛɛ kakra no, wɔn a wɔgyina hɔ no ba bɛka kyerɛɛ Petro sɛ: Ampa ara, wo nso woka wɔn ho; wo kasa yi wo adi! 74 Ɛnna ɔfitii aseɛ didii nse kekaa ntam sɛ: Mennim onipa no! Na amonom hɔ ara na akokɔ bɔneeɛ. 75 Na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no sɛ: Akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa. Na ɔfiri adi kɔsuu yayaaya. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana