Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Kwadwom 2 - Twerɛ Kronkron


Nyankopɔn abufuo asɛe Sion

1 Ao, sɛdeɛ AWURADE asi de mununkum akata Sion babaa ho, n’abufuo mu! Wafiri soro ato Israel ahoɔfɛ ahwe fam, na wankae ne nan ntiasoɔ n’abufuo da no.

2 AWURADE amene Yakob tenabea nyinaa, wanhu wɔn mmɔbɔ. Wadwiri Yuda babaa aban a ɛyɛ den, n’anibereɛ mu, ama no aka fam. Wagu n’ahennie ne ne mmapɔmma ho fi.

3 Watwitwa Israel mmɛn nyinaa n’abufuhyeɛ mu, wapono ne nifa ato n’akyi afiri ɔtamfoɔ anim, na ɔdɛree Yakob mu sɛ ogyaframa a ɛhye hyia.

4 Wakuntunu ne tadua mu sɛ ɔtamfoɔ, wagyina atene ne nifa sɛ ɔhohiahiafoɔ, na wakunkum deɛ ɛyɛ aniwa fɛ nyinaa; wahwie n’abufuhyeɛ sɛ ogya agu Sion babaa ntomadan so.

5 AWURADE adane sɛ ɔtamfoɔ; wamene Israel, wabubu n’aban afɛfɛ nyinaa; wasɛe n’aban a ɛyɛ den no, na wama Yuda babaa abooboo ne agyaadwotwirɛ adɔɔso.

6 Wabu ne sese no agu sɛ turo mu deɛ a wasɛe ne dwabirem; AWURADE ama werɛ afiri Sion mu afahyɛ ne homeda, na n’abufuo mu awerɛhoɔ mu wabu ɔhene ne ɔsɔfoɔ animtia.

7 AWURADE ato n’afɔrebukyia atwene, wapa ne kronkronbea. Ɔde n’aban afɛfɛ afasuo ahyɛ ɔtamfoɔ nsa; wɔyɛɛ gyegyeegye, AWURADE fie, sɛ afahyɛ da.

8 AWURADE bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe Sion babaa fasuo; ɔde susuhoma too ho, wampono ne nsa amfiri ne sɛeɛ ho, wama epie ne afasuo adi abooboo, ne nyinaa ahodwohodwo.

9 N’aponkɛseɛ amem fam, akyire adaban asɛe, abubu. Ne hene ne ne mmapɔmma wɔ amanaman no mu, mmara no nni hɔ bio, n’adiyifoɔ nhunu AWURADE hɔ anisoadeɛ.

10 Sion babaa mpanimfoɔ tete fam ayeyɛ komm; wɔde dɔteɛ agugu wɔn atifi, wɔafirafira ayitoma; Yerusalem mmabaa asisi wɔn tiri ase.

11 Nisuo ama m’ani ayɛ samoo, m’ayamdeɛ kyinkyim, m’akoma ate, ɛsiane me man babaa sɛeɛ nti, ɛnam sɛ mmotafowa ne nkokoaa totɔ piti, kuro no mmorɔno so.

12 Wɔka kyerɛ wɔn nanom sɛ: Ɛhe na aburoo ne nsa wɔ? Na wɔtotɔ piti sɛ atɔfoɔ, kuro no mmorɔno so, na wɔgyaagyaa mu wɔ wɔn nanom kokom.

13 Ɛdeɛn adanseɛ na menni woɔ, ɛdeɛn na memfa mento wo ho, Yerusalem babaa? Ɛdeɛn na memma no ne wo nsɛ, na mede makyekyere wo werɛ, ababaa, Sion babaa? Na wo sɛeɛ so sɛ ɛpo, hwan na ɔbɛtumi asa wo yadeɛ?

14 Atorɔ ne nnaadaa anisoadeɛ na w’adiyifoɔ hunu kyerɛɛ woɔ; na wɔanyi w’amumuyɛ no so, sɛ wɔde wo nnommum bɛsane aba. Na atorɔ ne nsɛm a ɛma wofom na wɔhunu kyerɛɛ woɔ.

15 Wɔn a wɔtwam kwan soɔ nyinaa bobɔ wɔn nsam gu wo so. Wɔbɔ hwerɛma woso wɔn tiri gu Yerusalem babaa so ka sɛ: Kuro a wɔfrɛ no: Ahoɔfɛ a ɛwie pɛ yɛ, asase nyinaa ahosan no, nie?

16 W’atamfo nyinaa trɛtrɛ wɔn anomu tia wo; wɔhinam, twɛre wɔn se ka sɛ: Yɛasɛe no! Ɛda a yɛhwɛɛ no kwan no ara nie! Yɛanya, yɛn ani ahunu!

17 AWURADE ayɛ deɛ ɔsusuiɛ; wama n’asɛm aba mu pɛpɛɛpɛ, n’asɛm a ɔfiri tete mmerɛ no mu hyɛeɛ no; wadwiri, na wanni ho adɔna, na wama ɔtamfoɔ ani agye wo ho, wama w’ahohiahiafoɔ ahoɔden so.

18 Wɔn akoma su frɛ AWURADE; Sion babaa fasuo, ma nisuo nsene sɛ asutene awia ne anadwo; mpɛ home bi nhome, mma wo kurutuawisi nnyɛ komm.

19 Sɔre kekam anadwo, ɔdasuom mfitiaseɛ, hwie w’akoma gu sɛ nsuo, AWURADE anim; wo mmotafowa kra nti, ma wo nsa so kyerɛ no, na wɔatotɔ ɛkɔm ano piti, mmorɔno nyinaa ti.

20 AWURADE, hwɛ, na hunu! Hwan na woayɛ no seyie yi? Mmaa nni wɔn yafumma nam, mmotafowa a wɔturu wɔn? Wɔnkum ɔsɔfoɔ ne odiyifoɔ, AWURADE kronkronbea hɔ anaa?

21 Mmɔfra ne nkɔkoraa deda fam mmorɔno so; me mmabaa ne me mmeranteɛ atotɔ afena ano. Woasɛe wɔn w’abufuo da no so, woakum na woanni adɔna.

22 Woahyia m’atamfoɔ afiri afa nyinaa sɛ afahyɛ da, na AWURADE abufuo da no, obiara amfiri mu amfi na obiara anka; wɔn a meturuu wɔn na meyɛnee wɔn no, me tamfo adwerɛ wɔn.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan