Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 31 - Twerɛ Kronkron


Hiob kyerɛ sɛ n’abrabɔ tene

1 Apam na me ne m’ani apam, na adɛn na memfa m’ani menkari ɔbaabunu?

2 Na anka ɛdeɛn ne Nyankopɔn kyɛfa a ɛfiri soro, ne Otumfoɔ agyapadeɛ a ɛfiri sorɔnsorɔmmea?

3 Ɛnyɛ ɔsɛeɛ ne obusufoɔ adeɛ, na akatua denden ne amumuyɛfoɔ kyɛfa anaa?

4 Ɛnyɛ ɔno na ɔhunu m’akwan, na ɔkan m’anammɔn tutuo nyinaa?

5 Sɛ medii ahuhudeɛ akyi, na me nan pɛɛ nnaadaa ho ntɛm a,

6 ɔnkari me nsaniakwanmu mu, na Onyankopɔn nhunu me mudie no.

7 Sɛ me nan mane firii ɔkwan no so, na m’akoma dii m’ani akyi, na nkekaeɛ wɔ me nsam a,

8 ɛnneɛ wɔmma mennua na obi nni, na wɔntutu me nnɔbaeɛ ngu.

9 Sɛ wɔdaadaa m’akoma ɔbaa bi ho, na metɛɛ me yɔnko pono ano a,

10 ɛnneɛ ma me yere nyam mma obi, na ebinom nkom ne so,

11 na ɛno na ɛyɛ aniwusɛm, na ɛno ne asɛnnifoɔ anim amumuyɛ.

12 Na ɛno ne ogya a ɛhye kɔ ɔyera amena mu, na anka ɛbɛtutu me nnɔbaeɛ nyinaa.

13 Sɛ mammu m’akoa anaa m’afenaa atemmuo hwee berɛ a wɔne me wɔ ɛham bi a,

14 ɛnneɛ sɛ Onyankopɔn sɔre a, ɛdeɛn na mɛyɛ? Na sɛ ɔbisa a, ɛdeɛn na mede bɛbua no?

15 Ɛnyɛ deɛ ɔyɛɛ me no na ɔyɛɛ no ɔyafunu mu, na ɔbaakofoɔ na ɔsiesiee yɛn nyinaa ɛna yam?

16 Sɛ masianka mmɔborɔfoɔ afiri deɛ wɔhwehwɛ ho, na mama akunafoɔ ani abu,

17 na me nkutoo madi m’aduane, na awisiaa anni mu bi a,

18 mmom ɛfiri ne mmɔfraase na meyɛnee no sɛ agya, na ɛfiri ne na yam na mekyerɛɛ no kwan,

19 sɛ mahunu obi a ntoma abɔ no nti ɔreyera na nkataho bi nni ohiani nsam,

20 na sɛ n’asenem anhyira me, na wamfa me nnwan nwi anhyɛ ne ho hye,

21 na sɛ mama me nsa so awisiaa so, ɛfiri sɛ mehunuu me boa kuro pono mu a,

22 ɛnneɛ me mmatiri nhwan mfiri ne dompe so, na me nsa mmubu mfiri ne dompe so.

23 Ɛfiri sɛ mmusuo a ɛfiri Onyankopɔn yii me hu, na ne kɛseyɛ nti mantumi manyɛ hwee.

24 Sɛ mede sika mayɛ m’ahotosoɔ, na maka makyerɛ sika amapa sɛ m’anidasoɔ ne no,

25 na sɛ m’ani gyee sɛ m’ahodeɛ dɔɔso, ne sɛ me nsa aka adeɛ bebree,

26 na sɛ mehunuu owia hann sɛ ɛhyerɛn, na ɔsrane nam ne haran mu,

27 na ɛdaadaa m’akoma kokoam, na m’ano fee me nsa ho de mae a,

28 na anka mapa Onyankopɔn a ɔwɔ soro no akyi, ɛno nso ne ɔtemmufoɔ anim amumuyɛ bi.

29 Sɛ m’ani gyee me tamfo amanehunu ho, na me ho sanee me sɛ bɔne ato no,

30 nso mamma m’ano anyɛ bɔne, sɛ mede nnome bɛsrɛ ne wuo;

31 ampa ara me ntomadan mufoɔ anka sɛ: Hwan na Hiob maa no nam a ammee no?

32 Ɔhɔhoɔ biara ansoɛ abɔntene so, mebuee me pono mekyerɛɛ akwantufoɔ,

33 sɛ mekataa me mmarato so sɛ Adam, na mede m’amumuyɛ mesiee me kokom,

34 ɛfiri sɛ mesuroo nkurɔfoɔ dodoɔ na abusuafoɔ ahohorabɔ yii me hu, na ɛmaa meyɛɛ komm, mamfiri me pono ano amfiri adi a.

35 O, sɛ anka merenya obi a ɔbɛtie me ɛ! (Hwɛ, m’agyiraeɛ nie! Otumfoɔ mmua me!) O, sɛ anka ɔbarima a ɔne me anya no retwerɛ asɛm a ɔne me wɔ no ɛ!

36 Anka ampa ara mede bɛto me mmati, mede bɛbɔ me ti sɛ abotire,

37 anka mɛkyerɛ no m’anammɔntutuo dodoɔ, mɛtwe apini no sɛ ɔhene.

38 Sɛ m’asase team tia me, na n’akofie de nne korɔ su,

39 na sɛ medii n’aba na mamma sika, na memaa ɔdenadeɛ hweree ne kra, a,

40 ɛnneɛ ma nkasɛɛ mmɛsi ayuo ananmu mfifi, na nnɛnkyɛnse mmɛsi atokoɔ ananmu. Hiob nsɛm no asi.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan