Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 29 - Twerɛ Kronkron


Hiob kyerɛ n’ahotɔ a atwam

1 Na Hiob kɔɔ so maa n’abebusɛm so sɛ:

2 O, sɛ anka mereyɛ sɛdeɛ na meteɛ akane abosome no, sɛ nna a Onyankopɔn hwɛɛ me soɔ no ɛ!

3 Berɛ a ne kanea hyerɛn m’atifi, na mede ne hann menantee sum mu no!

4 Sɛdeɛ na meteɛ wɔ me twaberɛ nna mu, berɛ a Nyankopɔn ayɔnkofa wɔ me ntomadan soɔ no;

5 berɛ a Otumfoɔ ne me da so wɔ hɔ, na me mmɔfra nso atwa me ho ahyia,

6 berɛ a me nan ho fɔɔ nufosuo mu sradeɛ mu, na abotan maa ngo asubɔnten senee me hɔ no.

7 Mefiri adi mekɔ kuro pono ano, na mede m’adwa mesi mpraeɛ so a,

8 mmeranteɛ hu me, na wɔhunta, na nkɔkoraa sɔre gyinagyina.

9 Mmapɔmma gyae kasa, na wɔde wɔn nsa butu wɔn ano.

10 Mmakoma nne taa dinn, na wɔn tɛkyerɛma fam wɔn dodom.

11 Na aso te a, ɛhyira me, na ani hu me a, ɛdi me adanseɛ.

12 Ɛfiri sɛ na meyi ɔmanehunufoɔ a ɔsu frɛ ɔboafoɔ ne awisiaa a ɔnni boafoɔ.

13 Deɛ ɔreyɛ ayera no nhyira ba me so, na mema ɔbaa kunafoɔ nya abotɔyam.

14 Mefira tenenee na ɛfira me, m’atemmusɛm te sɛ atadeɛ yuu ne abotire:

15 Meyɛɛ aniwa maa onifirani, na meyɛɛ ɛnan nso maa apakye;

16 meyɛɛ agya maa ahiafoɔ, na deɛ menni no no mpo asɛm, mehwehwɛ mu maa no;

17 na mebubuu omumuyɛfoɔ sebɔmmɔfoɔ, na mehwim fomfa adeɛ mefirii ne se mu.

18 Na mekaa sɛ: Me pirebuo ara mu na mɛgyaa mu, na mama me nna adɔɔso sɛ anwea.

19 Me nhini mu bɛbue ama nsuo, na obosuo nso atena me mman so.

20 M’animuonyam yɛ foforɔ ma me, na me tadua anya denyɛ foforɔ me nsam.

21 Me na wɔtie me na wɔtwɛn me, na wɔyɛ komm tie m’afotuo;

22 me kasa akyi wɔnsane nkasa, na me nsɛm sosɔ gu wɔn so:

23 Na wɔtwɛn me sɛdeɛ wɔtwɛn osutorɔ, na wɔtrɛ wɔn anomu sɛdeɛ wɔde regye bereamporɔsuo.

24 Mesere mekyerɛ wɔn a anidasoɔ abɔ wɔn, na m’anim a ɛteɛ no, wɔmma no ngu ase.

25 Meyii wɔn kwan memaa wɔn, metenaa ase sɛ otitire, na metenaa hɔ sɛ ɔhene, asafo mu, sɛ deɛ ɔkyekyere abooboodifoɔ werɛ.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan