Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hiob 26 - Twerɛ Kronkron


Hiob kyerɛ Nyankopɔn kɛseyɛ

1 Na Hiob gyee so sɛ:

2 Woaboa deɛ ɔnni tumi sɛn? Ɛdeɛn na woayɛ de agye basa a ɛnni ahoɔden?

3 Afotuo bɛn na woatu deɛ ɔnni nyansa, na woaka nimdeɛsɛm pa a ɛdɔɔso anaa?

4 Hwan na woaka nsɛm akyerɛ no, na hwan ahome na afiri wo mu yi?

5 Nsamanfoɔ ho popo nsuo ne wɔn a wɔte mu no ase.

6 Asamando da adagya n’anim, na nkatasoɔ biara nni hɔ mma Ɔsɛeɛ Amena.

7 Ɔno na ɔtrɛ ɔsoro a ɛbirie no mu ahunumu, na ɔde asase sɛne deɛ biribi nnie.

8 Ɔkyekyere nsuo hyɛ mununkum mu, na mununkum no mpae wɔ aseɛ.

9 Ɔbram n’ahennwa anim de ne mununkum katakata ho.

10 Ɔtwa nsuo ani hyeɛ de kɔsi deɛ hann ne sum awieeɛ hyia hɔ.

11 Ɔsoro nnyinasoɔ hinhim, na wɔn ho dwiri wɔn, n’ateatea ano.

12 Ɔde ne tumi nu ɛpo mu, na ɔde ne nhunumu brɛ Ɛpobɔpɔn ase.

13 Ne honhom ano na ɔsoro teɛ, ne nsa na ɛhwire ɔwɔ a ne ho yɛ herɛ no mu.

14 Hwɛ, yeinom ne n’akwan ano ano, na ɛho asomusɛm bi nko na yɛteɛ, na ne mmaninyɛ prannaa a ɛbom no, hwan na ɔbɛhunu mu?

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan