Hiob 17 - Twerɛ Kronkron1 M’ahome asa, me nna ahi, damena na ɛwɔ hɔ ma me. 2 Ampa ara ahiyifoɔ na wɔne me wɔ hɔ, na m’ani tua wɔn ntɔkwapɛ. 3 Si awowa ɛ, di me agyinamu wo ara w’anim. Hwan na ɔbɛgyina m’akyire? 4 Na wode nimdeɛ ahunta wɔn akoma, enti woremma wɔn so. 5 Deɛ ɔpa ne nnamfo de nya kyɛfa bie no, ne mma bɛhwere saa kyɛfa no. 6 Na ɔde me ayɛ aman akasabebuo, na wɔahinam m’ani so ntasuo. 7 M’awerɛhoɔ nti m’ani so asi, na me ho ade nyinaa ayɛ sɛ sunsum. 8 Teefoɔ ho dwiri wɔn yei ho, na deɛ ɔdi bem no bo huru ɔkɔnkɔnsani. 9 Nanso ɔteneneeni bɛkura ne kwan mu, na deɛ ne nsa ho teɛ no bɛkɔ so anya ahoɔden. 10 Na mo nyinaa, monsane mmra ɛ! Nanso merenhunu mo mu nyansafoɔ biara. 11 Me nna atwam, wɔatwitwa m’atirimpɔ mu, m’akoma adeɛ a ɛpɛ no mu. 12 Wɔde anadwo yɛ awia; wɔse: Hann bɛn deɛ esum wɔ. 13 Sɛ mede Asamando yɛ me fie, na meto me mpa esum mu, 14 na mese Amena sɛ: M’agya ne wo, ne mmoaa sɛ: Me na ne me nuabaa ne mo, a, 15 na afei, ɛhe na m’anidasoɔ wɔ? Na deɛ m’ani da soɔ no, hwan na ɔbɛhunu? 16 Ɛbɛsiane akɔ Asamando adaban mu berɛ a yɛn nyinaa home wɔ mfuturo mu. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana