Hesekiel 29 - Twerɛ KronkronMisraim sɛeɛ 1 Afe a ɛtɔ so du no, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so dummienu no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 2 Onipa ba, dane w’ani kyerɛ Misraimhene Farao, na hyɛ nkɔm tia no ne Misraim nyinaa; 3 kasa na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, me ne wo anya, Misraimhene Farao, asuboa kɛseɛ a ɔda n’asubɔnten mu a ɔka sɛ: M’Asubɔnten Nil wɔ me, me ara na meyɛ mefaeɛ. 4 Na mede nkɔtɔkorɔ bɛwura w’afono mu, na mama w’asubɔnten mu mpataa afemfam w’abena ho, na matwe wo afiri w’asubɔnten mu aba, wo ne w’asubɔnten mu mpataa a ɛfemfam w’abena ho no nyinaa. 5 Na mɛto wo atwene ɛserɛ so, wo ne w’asubɔnten mu mpataa nyinaa. Ɛserɛ petee so na wobɛtɔ, wɔrentase wo, na wɔremmoa wo ano; asase so mmoa ne ewiem nnomaa na mede wo bɛyɛ wɔn aduane. 6 Na Misraimfoɔ nyinaa bɛhunu sɛ mene AWURADE. Ɛsiane sɛ wɔyɛ nkyɛnkyɛmma poma ma Israel fie, 7 wɔsɔ wo nsa mu a, wobuka suane wɔn mmati nyinaa, na wɔtwere wo a, wobu ma wɔn sisi nyinaa hinhim. 8 Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede nkrantɛ mereba wo so, na matwitwa wo mu nnipa ne mmoa, 9 na Misraim asase adane afo, na ɛso ada mpan, na wɔahunu sɛ mene AWURADE. Ɛsiane sɛ woka sɛ: Asubɔntene Nil no wɔ me, na me ara na meyɛeɛ. 10 Enti, hwɛ, me ne wo ne w’asutene ahodoɔ no anya, na mɛyɛ Misraim asase no afoafo, amamfo ne ahodwirideɛ, afiri Siene abantenten ho akɔsi Etiopia hyeɛ so tɔnn. 11 Onipa nan remfa so na aboa nan rensi so, na wɔrentena so mfirinhyia aduanan. 12 Na mɛyɛ Misraim asase pasaa, nsase a ayɛ pasaa mu, na ne nkuro ada mpan wɔ nkuro afoafo mu, mfirinhyia aduanan, na mɛbɔ Misraim apete amanaman mu, na mapansam wɔn agu nsase so. 13 Na sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Mfirinhyia aduanan akyiri no, mɛboa Misraim ano afiri aman a mabɔ wɔn apete hɔ no mu, 14 na mede Misraim nnommum no asane aba, na mede wɔn aba Patros asase so bio, wɔn asase a wɔfiri soɔ no so, na wɔayɛ ahennie a abrɛ aseɛ wɔ hɔ. 15 Ɛbɛyɛ ahennie mu deɛ abrɛ aseɛ, na ɛremma ne ho so bio wɔ amanaman so. Na mɛma wɔasua, na wɔanni amanaman so bio. 16 Na Israel fie remfa wɔn ho nto wɔn so bio, sɛ wɔkae wɔn bɔne a ɛne sɛ wɔhwehwɛɛ mmoa firii wɔn hɔ no. Na wɔahunu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn. Babel bɛfom Misraim afa 17 Na afe a ɛtɔ so aduonu nson no, bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no, AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ: 18 Onipa ba, Babelhene Nebukadnessar maa ne dɔm ko tiaa Tiro. Ɛyɛɛ ɔko kɛseɛ a na ɔhaw ne brɛ pii wɔ mu, nanso akatua biara amfiri Tiro ammɛka ɔno ne ne dɔm nsa, som a ɔsomeeɛ no ho. 19 Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede Misraim asase merema Babelhene Nebukadnessar, na wasoa n’asafo yuu akɔ, na wafa n’asadeɛ, na wafom n’afomfadeɛ afa, na ayɛ ne dɔm no akatua; 20 n’apaadeɛ a ɔsom ho no ano na mede Misraim asase bɛma no, sɛ n’apaadeɛ a ɔsomm ho, ɛfiri sɛ wɔyɛ maa me, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie. 21 Ɛda no na mɛma abɛn bi afifiri ama Israel fie, na wo na mɛma wo kwan na woabue w’ano wɔ wɔn mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana