Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Hesekiel 22 - Twerɛ Kronkron


Yerusalem asodie ne asotwe

1 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2 Na wo, onipa ba, wobɛbu kuro a mogya ayɛ mu ma no atɛn? Ɛnneɛ ma no nhunu n’akyiwadeɛ nyinaa,

3 na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Kuro a ɛhwie mogya gu wɔ mu, sɛ ne berɛ mmra, na ɛyɛ abosonhuhuo fa de gu ne ho fi.

4 Wo mogya a wohwie guiɛ no mu na wodi so, na w’abosonhuhuo a woyɛeɛ no, na wode agu wo ho fi, na woama wo nna abɛn, na woaduru wo mfeɛ awieeɛ; ɛno nti, mede wo ayɛ ahohoradeɛ ama amanaman, ne fɛdie ama nsase nyinaa;

5 wɔn a wɔbɛn woɔ ne wɔn a wɔwɔ akyiri di wo ho fɛw sɛ deɛ ne din ho agu fi, na ne sakasakayɛ dɔɔso.

6 Hwɛ Israel aberempɔn a wɔwɔ mo mu no, wɔn mu biara pɛ sɛ ɔhwie mogya gu sɛdeɛ ne tumi teɛ.

7 Wo mu na wɔbɔ agya ne ɛna adapaa, wo mu na wɔdi ahɔhoɔ amim, wɔhom wo mu agyanka ne okunafoɔ soɔ.

8 Wobu m’akronkronneɛ animtia, na wogu me home nna ho fi.

9 Nkontompofoɔ wɔ wo mu, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo, na mmepɔ so na wɔbɛhwie mogya aguo, na mmepɔ so na wɔdidie wɔ wo mu, na ahohoradeɛ na wɔyɛ no wo mfimfini.

10 Wo mu na wɔyi agya adagya so; wo mu na wɔkɔ deɛ asakyima ama ne ho akum no ho.

11 Na obi ne ne yɔnko yere yɛ akyiwadeɛ, na obi gu n’ase baa ho fi aniwudeɛ mu, wo mu na obi to ne nuabaa, n’agya ba, mmɔnaa.

12 Wo mu na wɔgyegye adanmudeɛ, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo. Wogyegye mfɛmtomu ne nsiho, na wode apempensie fa wo yɔnko so, na me deɛ, wo werɛ afiri me, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

13 Na hwɛ, mebɔ me nsamu, w’aniberebereɛ mfasoɔ a wonya, ne wo mogya a ɛwɔ wo mu no ho.

14 W’akoma bɛtumi adi anaasɛ wo nsam bɛyɛ den nna a me ne wo bɛdie no? Me, AWURADE, na maka, na mɛyɛ.

15 Na mɛbɔ wo apete amanaman mu, na mapansam wo, nsase so, na mɛhye wo fi no koraa afiri wo ho.

16 Na wo ho bɛgu fi amanaman anim, na woahunu sɛ mene AWURADE.

17 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

18 Onipa ba, Israel fie ayɛ me dwetɛ fi. Wɔn nyinaa yɛ me fononoo mu kɔbere mfrafraeɛ ne sanya ne dadeɛ ne sumpii; wɔayɛ dwetɛ bini.

19 Ɛno nti sei na AWURADE Nyankopɔn seɛ: Ɛsiane sɛ mo nyinaa adanedane dwetɛ fi nti, hwɛ, mereboa mo ano ahyia Yerusalem.

20 Sɛdeɛ wɔboa dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, dadeɛ, sumpii ne sanya ano fononoo mu, fite ɛho gya mu ma no nane no, saa ara na mɛboa mo ano, m’abufuo ne m’anibereɛ mu, na mede mo ahyɛ mu anane mo,

21 na maka mo abom na masɔ mo ho gya m’anibereɛ mu, na moanane wɔ mu.

22 Sɛ dwetɛ nane fononoo mu no, saa ara na mobɛnane mu, na moahunu sɛ mene AWURADE a mahwie m’abufuhyeɛ agu mo soɔ no.

23 Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

24 Onipa ba, ka kyerɛ no sɛ: Woyɛ asase a wɔntee ho, na wɔmmma osuo ntɔ so abohuro da mu.

25 N’adiyifoɔ atirisopam wɔ so, wɔte sɛ gyata a ɔbobom tete ne hanam, wɔdi onipa nam, wɔfa ahonyadeɛ ne aboɔdenneɛ, wɔma emu akunafoɔ dɔɔso.

26 N’asɔfoɔ bu me mmara so, na wɔgu m’akronkronneɛ ho fi; wɔmma no nsono akronkronneɛ ne adeɛ a ɛnyɛ akronkronneɛ, na wɔnkyerɛ adeɛ a ɛho nteɛ ne deɛ ɛho teɛ no ntam nsonsonoeɛ, na wɔbu wɔn ani gu me home nna so, na wɔgu me ho fi wɔ wɔn mu.

27 Ne mmapɔmma a wɔwɔ soɔ no te sɛ mpataku a wɔtete hanam, sɛ wɔbɛhwie mogya aguo, na wɔasɛe akra, deɛ ɛbɛyɛ na wɔanya mfasoɔ bɔne adie.

28 Na n’adiyifoɔ sra hyire ma wɔn, wɔhunu adehuhuo na wɔhyɛ wɔn nkɔntorɔ; wɔka sɛ: Sei na AWURADE seɛ, nanso na AWURADE nkasae.

29 Asase no so nkurɔfoɔ di amim na wɔsi apempem, na wɔhom mmɔborɔni ne ohiani so, na wɔsi ɔhɔhoɔ apempem a ɛntene koraa.

30 Na mehwehwɛɛ wɔn mu bi a ɔbɛgye ban anaasɛ ɔbɛgyina tokuro mu, m’anim ama asase no na mansɛe no, nanso manhunu obiara.

31 Enti mɛhwie m’abufuhyeɛ agu wɔn so, na madwerɛ wɔn anibereɛ gya no mu, na mede wɔn abrabɔ abua wɔn atifi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan