Hebrifo 5 - Twerɛ Kronkron1 Na ɔsɔfo panin biara, wɔyi no firi nnipa mu hyɛ no sɔfoɔ ma nnipa, Nyankopɔn fam nnoɔma ho, na bɔne nti, ɔde ayɛyɛdeɛ ne afɔdeɛ ama, 2 sɛ obi a ɔbɛtumi ahunu ama wɔn a wɔnnim na wɔfom no, ɛsiane sɛ mmerɛyɛ atwa ɔno nso ho ahyia. 3 Na ɛno nti, ɛsɛ sɛ ɔbɔ bɔne ho afɔdeɛ ma ne ho, sɛdeɛ ɔbɔ ma ɔman no. 4 Na obi mfa saa anidie no mma ne ho, gye sɛ deɛ Onyankopɔn afrɛ no te sɛ Aaron no. 5 Saa ara nso na Kristo anhyɛ ne ho animuonyam sɛ ɔbɛyɛ ɔsɔfo panin, na mmom deɛ ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me ba ne wo, me na mawo wo nnɛ! 6 Sɛdeɛ ɔkaa no baabi nso sɛ: Woyɛ daa sɔfo, wɔ Melkisedek kwan so. 7 Ɔno a ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ ne nkotosrɛ brɛɛ deɛ ɔbɛtumi agye no afiri owuo mu wɔ nteamu a emu yɛ den ne nisuo mu, na ahobrɛaseɛ suro nti wɔtiee no. 8 Ɔyɛ Ɔba deɛ, nanso ɔsuaa amaneɛ a ɔhunuiɛ no mu setie, 9 na ɔnya dii mu no, ɔyɛɛ wɔn a wɔyɛ setie ma no no nyinaa daa nkwagyeɛ farebae, 10 a Onyankopɔn bɔ ne din frɛ no ɔsɔfo panin wɔ Melkisedek kwan so. Akyirisan ho kɔkɔbɔ 11 Ɛno ho na yɛwɔ nsɛm pii a asekyerɛ yɛ den, nanso mo aso asisi. 12 Na ɛberɛ a anka ɛsɛ sɛ moyɛ akyerɛkyerɛfoɔ no, ɛhia mo bio sɛ wɔkyerɛkyerɛ mo Nyankopɔn nsɛm mu mfitiasesɛm, na moayɛ sɛ wɔn a ɛhia wɔn nufosuo, na ɛnyɛ aduane a ɛyɛ den. 13 Na obiara a ɔnum nufoɔ no nhunuu tenenee asɛm no mu, na ɔyɛ akɔkoaa. 14 Na aduane a ɛyɛ den no fata wɔn a wɔanyini a ɛnam daa daa adeyɛ nti wɔn adwene tumi hunu papa ne bɔne mu. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana