Ester 10 - Twerɛ KronkronMordekai kɛseyɛ 1 Na Ɔhene Akas-weros de apeatoɔ too asase no ne mpoano aman no so. 2 Na ne tumi ne ne mmaninyɛ nneyɛɛ ne Mordekai kɛseɛ a ɔhene no maa no yɛeɛ no ho nsɛm no, wɔantwerɛ no Media ne Persia Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu? 3 Na Yudani Mordekai no ne deɛ ɔdi Ɔhene Akas-weros akyire wɔ tumi mu. Yudafoɔ no mu nso ɔyɛ onipa kɛseɛ, na ne nuanom dodoɔ no pɛɛ n’asɛm. Ɔhwehwɛɛ papa maa ne man, na ɔkaa asomdwoeɛsɛm maa n’asefoɔ nyinaa. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana