Chan eil an leabhar seo air a bhrosnachadh le Dia agus chan eil e na phàirt den canon Crìosdail no de Thanakh nan Iùdhach. Tha e air a shealltainn a-mhàin airson adhbharan eachdraidheil agus sgrùdaidh. Faic mìneachadh iomlan Daniel He 12 - Twerɛ Kronkron1 Ɛberɛ no mu na Mikael, ɔbɔfoɔ titire a ɔgyina hɔ ma wo man mma no bɛsɔre agyina. Na ɛbɛyɛ ahohiahia berɛ a ɛfirii sɛ ɔman baeɛ no bɛsi berɛ no soɔ ɛmmaa da, na ɛberɛ no mu na wɔbɛgye wo manfoɔ afiri mu, obiara a wɔbɛhunu sɛ wɔatwerɛ ne din nwoma no mu no. Owusɔreɛ ne ananmuhyɛ 2 Na wɔn a wɔadeda fam dɔteɛ mu no bebree bɛnyane, ebinom bɛkɔ daa nkwa mu, na ebinom akɔ ahohoradeɛ ne daa ahiyie mu. 3 Na mmadwemma no bɛhyerɛn sɛdeɛ ewiem hyerɛn, na wɔn a wɔdane nnipa bebree kɔɔ tenenee mu no bɛyɛ sɛ nsoromma daa daapem. 4 Na wo, Daniel, toto nsɛm no mu na sɔ nwoma no ano kɔduru awieeɛ berɛ no so; nnipa bebree bɛdwane adi akɔneaba, na nimdeɛ adɔɔso. Nkɔmhyɛ a wɔasɔ ano no 5 Na me, Daniel, mehwɛe, na hwɛ, na mmarima baanu foforɔ gyina hɔ, ɔbaako wɔ asubɔnten no nsunoa ha, na ɔbaako wɔ asubɔnten no nsunoa ha. 6 Na ɔbaako ka kyerɛɛ ɔbarima a ɔfira nwera a ɔwɔ asubɔnten no atifi no sɛ: Da bɛn na anwanwadeɛ no awieeɛ bɛba mu? 7 Na metee onipa a ɔfira nwera a ɔwɔ asubɔnten no soɔ no nka, na ɔmaa ne nifa ne ne benkum so kyerɛɛ ɔsoro, na ɔkaa deɛ ɔte ase daa no ho ntam sɛ ɛnkɔduru berɛ, mfeɛ mmiɛnsa ne fa, na sɛ wɔpansam ɔman kronkron no tumi wie a, wɔbɛwie yeinom nyinaa. 8 Na metee, na mante aseɛ, na mese: Me wura, nnoɔma yi awieeɛ bɛsi sɛn? 9 Na ɔse: Daniel, kɔ ɛ, na wɔatoto nsɛm no mu asɔ ano de rekɔsi awieeɛ berɛ no so. 10 Wɔbɛte nnipa bebree ho ahoa wɔn ho ama wɔapɔ, na abɔnefoɔ bɛkɔ so ara adi asɛmmɔne, na abɔnefoɔ nyinaa renhunu aseɛ, na mmadwemma na ɛbɛte aseɛ. 11 Na ɛfiri berɛ a wɔbɛyi daa afɔdeɛ na wɔde akyiwadeɛ a ɛbɔ ɔman asi hɔ no yɛ nna apem ahanu aduɔkron. 12 Nhyira ne deɛ ɔtwɛn na ɔkɔduru nna apem ahasa aduasa nnum no soɔ. 13 Na wo Daniel deɛ kɔ kɔduru awieeɛ, na woakɔhome na wɔasɔre akɔnya wo kyɛfa, nna a ɛdi akyire no mu. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana