Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

5 Mose 32 - Twerɛ Kronkron


Mose dwom no

1 Ɔsoro, monyɛ aso, na merebɛkasa, na asase ntie m’anomu nsɛm!

2 Me nkyerɛkyerɛ nsosɔ sɛ nsuo, na me kasa ngu sɛ obosuo, sɛ wira so mfetema ne nhahan so hasuo.

3 Na AWURADE din na mɛbɔ. Momfa anidie mma yɛn Nyankopɔn.

4 Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ tenenee; ɔyɛ nokorɛ Nyankopɔn na nkontompo nni ne mu; ɔteneneeni ne teefoɔ ne no.

5 Wɔadi no asɛmmɔne, wɔn nkekaeɛ nti wɔnna so nyɛ ne mma, awoɔ ntoatoasoɔ kontonkye a wɔakyea.

6 AWURADE na motua no ka seyie yi? Ɔman nkwaseafoɔ a wonni tire! Ɛnyɛ ɔno ne w’agya a ɔnyaa woɔ? Ɔno na ɔyɛɛ woɔ na ɔde wo tim hɔ.

7 Kae tete nteredee nna, hwɛ awoɔ ntoatoasoɔ dodoɔ no mfeɛ; bisa w’agya na ɔnkyerɛ wo, wo mpanimfoɔ, na wɔnka nkyerɛ wo.

8 Ɔsorosoroni no kyekyɛɛ asase maa amanaman, ɔpaepaee Adam mma mu no, ɔde aman no ahyeɛ totoo hɔ sɛ Israelfoɔ ano sie.

9 Na AWURADE kyɛfa ne ne man, Yakob ne n’agyapadeɛ a wɔasusu ama no.

10 Ɔhunuu no anwea pradada asase so ne nkyɛkyerɛ so, ɛserɛ so mmoa werɛmfoɔ su mu; ɔtwaa ne ho hyiae, ɔhwɛɛ ne so yie, ɔkoraa no sɛ n’aniwa kurutuawisi.

11 Sɛdeɛ ɔkɔdeɛ hwanyan ne buo na ɔtu bɔ ne mma ho mpɛmpɛ no, ɔtrɛɛ ne ntaban mu faa no, ɔsoaa no ne ntakra so.

12 AWURADE nko ara na ɔkyerɛɛ no kwan, na anyame foforɔ biara anka ne ho.

13 Ɔmaa no faa asase sorɔnsorɔn so kɔe, na ɔdii asase so nnɔbaeɛ; na ɔmaa no fefee ɛwoɔ firii ɔbotan mu, ne ngo firii abohemmaa mu,

14 anantwie nufosuo ani sradeɛ, ne nnwan nufosuo, nnwammuruwa sradeɛ, ne Basan adwennini mpapo deɛ, ne ayuo sawa mu sradeɛ, na wonom bobe aba mu mogya gyenegyene.

15 Na Yesurum dɔree sradeɛ, na ɔtotoo anankotie; woadɔre sradeɛ ayɛ kɛse, wo mu ayɛ duru; na wagyaa Onyankopɔn a ɔyɛɛ no no, na ɔbuu ne nkwagyeɛ botan no akumaa.

16 Wɔde ananafoɔ anyame maa no twee ninkunu, wɔde akyiwadeɛ huruu ne bo.

17 Wɔbɔɔ afɔdeɛ maa abosom a wɔnyɛ Onyankopɔn, anyame a wɔnni wɔn, afoforɔ a ɛbaa akyire yi na wɔn nananom amfɛre wɔn.

18 Ɔbotan a ɔwoo woɔ no, woannwene ne ho, na wo werɛ afiri Onyankopɔn a ɔkyem woo woɔ no.

19 Na ne mmabanin ne ne mmammaa ho ahi nti AWURADE hunuiɛ no, ɔpoo wɔn,

20 na ɔkaa sɛ: Mɛyi m’ani mahunta wɔn, mɛhwɛ deɛ wɔn akyiri bɛwie, na awoɔ ntoatoasoɔ kontonkyi ne wɔn, mma a nokorɛ nni wɔn mu.

21 Wɔn deɛ, wɔde deɛ ɛnyɛ Onyankopɔn maa metwee ninkunu, wɔde wɔn adehuhuo yii me abufuo. Na me nso mede deɛ ɛnyɛ ɔman bɛma wɔatwe ninkunu, mede ɔman nkwaseafoɔ bi na ɛbɛyi wɔn abufuo.

22 Na ogya asɔ m’abufuo mu, na ɛredɛre akɔduru Asamando aseɛ, na ɛrehye asase ne ne nnɔbaeɛ, na ɛde ogya ato mmepɔ nnyinasoɔ mu.

23 Mɛboaboa mmusuo ano agu wɔn so, mɛhwere m’agyan wɔ wɔn so.

24 Ɛkɔm bɛfɔn wɔn, na ahoɔhyeɛ yadeɛ yaya bɛmene wɔn; na mɛsoma mmoa se aba wɔn mu, ne mfuturo mu awɔ borɔ.

25 Nkrantɛ bɛfa wɔn mma abɔntene so, na ehu aku wɔn mpia mu, aberanteɛ ne ababaa, akɔkoaa ne deɛ wafu ɛdwono nyinaa.

26 Anka mese: Mɛhu wɔn agu, mɛma wɔn nkaeɛ to atwa afiri nnipa mu,

27 sɛ ɛnyɛ ɔtamfoɔ ahiyie na mesuro a, na wɔn ahohiahiafoɔ annane me nsusuiɛ yi ani, na wɔanka sɛ: Yɛn nsa na adi nkonim na ɛnyɛ AWURADE na ɔyɛɛ yei nyinaa.

28 Na wɔyɛ ɔman a afotuo abɔ wɔn, na nhunumu bi nni wɔn mu.

29 Sɛ wɔyɛ anyansafoɔ a, anka wɔbɛte yei ase, na wɔahunu wɔn awiekyire.

30 Sɛ ɛnyɛ wɔn botan na watɔn wɔn na AWURADE ayi wɔn ama a, anka ɛbɛyɛ dɛn na ɔbaakofoɔ bɛtaa apem, na baanu ama mpemdu adwane?

31 Ɛfiri sɛ wɔn botan nte sɛ yɛn botan, na yɛn atamfoɔ mpo bu atɛn saa.

32 Na Sodom bobe mu na wɔn bobe fire, ɛne Gomora mfofowa so; wɔn aba yɛ ɛborɔ aba, wɔso esia esia a ɛyɛ nwono;

33 wɔn nsa yɛ atweaseɛ borɔ ne nhuritia borɔ a ano yɛ den.

34 Wɔnkoraa yeinom wɔ me nkyɛn, na wɔnsɔɔ ano wɔ m’adekorabea?

35 Me na aweretɔ ne akatua wɔ me, ɛberɛ a wɔn nan bɛwatiri no. Na wɔn dwɛreɛ da abɛn, na deɛ wɔahyɛ ama wɔn bɛba ntɛmntɛm.

36 Na AWURADE bɛbu ne man atɛn, na ne nkoa bɛyɛ no mmɔbɔ, berɛ a ɔbɛhunu sɛ wɔahodwo koraa, na akoa anaa ɔdehyeɛ nni hɔ bio.

37 Na ɔbɛka sɛ: Ɛhe na wɔn anyame no wɔ, ɔbotan a wɔde wɔn ho too soɔ no?

38 Wɔn a wɔdii wɔn afɔdeɛ sradeɛ, na wɔnom wɔn ahwiesa no? Ma wɔnsɔre mmɛboa mo, ma wɔnyɛ mo so nkatasoɔ.

39 Afei monhunu sɛ me ara mene no, na onyame biara nka me ho. Me na mekum, na mema nkwa, mepira, na mesa, na deɛ ɔbɛtumi agye afiri me nsam nni hɔ.

40 Na mema me nsa so mekɔ soro, na mese: Sɛ mete ase daa yi!

41 Sɛ mese me nkrantɛ nyinamnyinam no na me nsa sɔ atemmuo mu a, mɛtɔ wɔn a wɔne me di asie were, na matua m’atamfoɔ ka.

42 Mɛma m’agyan aboro mogya, na me nkrantɛ adi nam, atɔfoɔ ne nnommumfoɔ mogya, ɔtamfoɔ tiri a apɛsɛ no.

43 Amanaman, mo ne ne man mmɔ anigyese, ɛfiri sɛ ɔbɛtɔ ne nkoa mogya so were, na ɔde aweretɔ bɛtua n’atamfo ka, na wapata ama n’asase, ne man.

44 Na Mose ba bɛkaa dwom yi mu nsɛm nyinaa guu ɔman no aso mu, ɔno ne Nun ba Yosua.

45 Na Mose wiee Israel nyinaa nsɛm yi nyinaa ka no,

46 ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa mo akoma nto nsɛm a meredi mo ho adanseɛ nnɛ yi so, na mode ahyɛ mo mma, sɛ wɔnhwɛ mmara yi mu nsɛm nyinaa nni so.

47 Na ɛnyɛ mo asɛnhunu, na mmom ɛne mo nkwa, na asɛm yi so na monam bɛma mo nna aware asase a moretwa Yordan akɔdi soɔ no so.


Onyankopɔn soma Mose Nebo bepɔ so

48 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose da no ara sɛ:

49 Kɔforo Abarim bepɔ yi, Nebo bepɔ a ɛwɔ Moab asase soɔ, Yeriko ntentensoɔ no, na kɔhwɛ Kanaan asase a mede merema Israelfoɔ sɛ wɔmfa no.

50 Na wu wɔ bepɔ a woreforɔ akɔ soɔ no so, na ti wo nananom wɔ asamando, sɛdeɛ wo nua Aaron wuu Hor bepɔ soɔ na ɔkɔkaa ne nananom ho no,

51 ɛfiri sɛ mofomm me Israelfoɔ mu, ɔham nsuo a ɛwɔ Kades, Sin serɛ soɔ ho, ɛsiane sɛ moanyɛ me kronkron Israelfoɔ mu.

52 Na wobɛhunu asase no w’anim, na korɔ deɛ, worenkɔ asase a mede merema Israelfoɔ no so hɔ.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan