Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 36 - Twerɛ Kronkron


Mma mmaa awarefoɔ ho asɛm

1 Na Gilead, Makir ba, Manase ba mma abusuakuo mu mpanimfie so atitire a wɔfiri Yosef mma mmusua mu no ba bɛkasaa Mose ne mmapɔmma no, Israelfoɔ mpanimfie so atitire no, anim,

2 na wɔse: AWURADE ahyɛ me wura sɛ wɔmfa ntontobɔ so nkyɛ asase no mu mma Israelfoɔ na wɔnni so, na me wura nyaa AWURADE anomu mmara sɛ wɔmfa yɛn nua Selofehad agyapadeɛ mma ne mmammaa.

3 Na sɛ wɔkɔyɛ Israelfoɔ mmusuakuo mu mma bi yerenom a, ɛnneɛ wɔn agyapadeɛ no bɛfiri yɛn nananom agyapadeɛ mu, na wɔde akɔka abusuakuo ko a wɔakɔyɛ wɔn dea no agyapadeɛ ho, na afiri yɛn ntonto kyɛfa no mu;

4 na sɛ ɛduru Israelfoɔ ahosɛpɛ afahyɛ afe so a, wɔde wɔn agyapadeɛ no bɛka abusuakuo a wɔakɔyɛ wɔn dea no agyapadeɛ ho, na wɔayi wɔn agyapadeɛ afiri yɛn nananom abusuakuo agyapadeɛ mu.

5 Na Mose nam AWURADE asɛm so hyɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Deɛ Yosef mma abusuakuo aka yi tene.

6 Yei ne deɛ AWURADE ahyɛ wɔ Selofehad mmammaa no ho: Obiara a wɔsusu sɛ ɔyɛ no, wɔnware no; nanso wɔn nananom abusuakuo mu abusua bi mu nko na wɔnwareɛ;

7 na Israelfoɔ agyapadeɛ amfiri abusuakuo bi mu ankɔ abusuakuo foforɔ bi mu, na Israelfoɔ no mfemfam wɔn nananom abusuakuo agyapadeɛ ho.

8 Na ɔbabaa biara a ɔnya agyapadeɛ Israelfoɔ mmusuakuo mu no nyɛ obi a ɔfiri n’agya abusuakuo mu abusua bi mu yerɛ, na Israelfoɔ no nnya wɔn nananom agyapadeɛ nni so,

9 na agyapadeɛ bi amfiri abusuakuo bi mu ankɔ abusuakuo foforɔ mu; na Israelfoɔ mmusuakuo no mfemfam wɔn agyapadeɛ ho.

10 Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no, saa ara na Selofehad mmammaa no yɛeɛ;

11 na Mahla, Tirsa ne Hogla ne Milka ne Noa, Selofehad mmammaa no warewaree wɔn agya nuanom mma;

12 na wɔwarewaree wɔn a wɔfiri Yosef ba Manase mma mmusua mu, na wɔn agyapadeɛ no kaa wɔn agya abusuakuo no mu.

13 Yeinom ne mmara nsɛm ne atemmudeɛ a AWURADE nam Mose so hyɛɛ Israelfoɔ wɔ Moab mpaperɛ so Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan