4 Mose 32 - Twerɛ KronkronYordan asuogya mmusuakuo 1 Na Ruben mma ne Gad mma no wɔ mmoa pii a wɔdɔɔso pa ara, na wɔhunuu Yaser ne Gilead asase, na hwɛ, na ɛhɔ yɛ baabi a ɛyɛ ma mmoa. 2 Na Gad mma ne Ruben mma no ba bɛka kyerɛɛ Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ne asafo no mu mmapɔmma no sɛ: 3 Nkuro Atarot, Dibon, Yaser, Nimra, Hesbon, Eleale, Sebam, Nebo ne Beon, 4 asase a AWURADE abrɛ no aseɛ Israel asafo anim no, yɛ asase a ɛyɛ ma mmoa; na yɛn wo nkoa wɔ mmoa. 5 Na wɔkaa sɛ: Sɛ yɛn anim aba nyam wɔ w’anim a, ma wɔmfa asase yi mma wo nkoa na yɛnni so, na mfa yɛn ntwa Yordan. 6 Na Mose ka kyerɛɛ Gad mma ne Ruben mma no sɛ: Mo nuanom nkɔko, na mo deɛ, montena ha? 7 Na adɛn na motu Israelfoɔ akoma sɛdeɛ wɔrentwa nkɔ asase a AWURADE de ama wɔn no soɔ? 8 Saa na mo nananom yɛeɛ berɛ a mesomaa wɔn firi Kades-barnea sɛ wɔnkɔhwɛ asase no, 9 na wɔforo kɔduruu Eskol subonhwa no mu, na wɔhunuu asase no, wɔbɛtuu Israelfoɔ no akoma, na wɔankɔ asase a AWURADE de ama wɔn no so; 10 na AWURADE bo fui da no, na ɔkaa ntam sɛ: 11 Mmarima a wɔfiri Misraim baeɛ a wɔadi mfeɛ aduonu de rekorɔ no renhunu asase a mekaa ɛho ntam mekyerɛɛ Abraham ne Isak ne Yakob no, ɛfiri sɛ wɔanni m’akyiri anwie! 12 Gye Kenisini Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua, ɛfiri sɛ wɔn na wɔadi AWURADE akyiri nokorɛ mu. 13 Na AWURADE bo fuu Israel, na ɔmaa wɔkyinkyinii ɛserɛ so mfirinhyia aduanan kɔsii sɛ awoɔ ntoatoasoɔ a wɔyɛɛ AWURADE anim bɔne no nyinaa wiee sa. 14 Na hwɛ, moasɔre asi mo nananom ananmu, mmarima nnebɔneyɛfoɔ asefoɔ, sɛ mode AWURADE abufuhyeɛ no bi reka ho de aba Israel so ara. 15 Sɛ mosane firi AWURADE akyi a, ɔbɛgya wɔn hɔ bio, ɛserɛ so, na moasɛe ɔman mu yi nyinaa. 16 Ɛnna wɔtwe pinii no kaa sɛ: Yɛbɛgyegye nnwammuo wɔ ha ama yɛn mmoa, na yɛakyekyere nkuro nso ama yɛn mma; 17 na yɛn deɛ, yɛamia asɔ akodeɛ mu adi Israelfoɔ anim akɔsi sɛ yɛde wɔn bɛduru wɔn tenabea ansa; na yɛn mma ntenatena nkuro a ɛyɛ den no mu, asase no sotefoɔ no nti. 18 Yɛrensane mma yɛn afie de bɛkɔ akɔsi sɛ Israelfoɔ no nyinaa bɛnya wɔn agyapadeɛ mmaako mmaako adi soɔ. 19 Na yɛne wɔn remfa agyapadeɛ wɔ Yordan agya ne akyire, ɛfiri sɛ yɛn agyapadeɛ abɛfiri Yordan agya ha wɔ apueeɛ fam ama yɛn. 20 Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ mobɛyɛ yei na moamia wɔ AWURADE anim akɔko, 21 na mo mu wɔn a wɔamia nyinaa bɛtwa Yordan adi AWURADE anim akɔsi sɛ ɔbɛpamo n’atamfo afiri n’anim, 22 na wɔabrɛ asase no ase AWURADE anim ansa na moasane a, ɛnneɛ na moayɛ mo asɛdeɛ AWURADE ne Israel ho, na asase yi nyɛ mo agyapadeɛ, AWURADE anim. 23 Na sɛ moanyɛ saa a, hwɛ, na moayɛ AWURADE bɔne, na monhunu yie sɛ, mo bɔne bɛyi mo ama. 24 Monkyekyere nkuro mma mo mma na monnyegye ban mma mo nnwan, na deɛ afiri mo anomu no, monyɛ. 25 Na Gad mma ne Ruben mma no ka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo nkoa bɛyɛ sɛdeɛ me wura ahyɛ no. 26 Yɛn mma ne yɛn yerenom ne yɛn nnwan ne yɛn anantwie nyinaa ntena Gilead nkuro mu hɔ; 27 na wo nkoa mu wɔn a wɔamia rekɔ ɔsa nyinaa bɛtwam adi AWURADE anim akɔko, sɛdeɛ me wura kaeɛ no. 28 Ɛnna Mose hyɛɛ wɔn ho mmara maa Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo mu mpanimfie so atitire no. 29 Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ Gad mma ne Ruben mma ne mo twa Yordan, wɔn a wɔamia di AWURADE anim rekɔ ɔsa nyinaa, na wɔnya brɛ asase no ase mo anim a, ɛnneɛ momfa Gilead asase mma wɔn na wɔnni so; 30 na sɛ wɔammia ne mo antwa a, ɛnneɛ Kanaan asase so na wɔmma wɔnnya tenabea wɔ mo mu. 31 Na Gad mma ne Ruben mma buaa sɛ: Deɛ AWURADE aka akyerɛ wo nkoa no, saa ara na yɛbɛyɛ: 32 Yɛn deɛ, yɛbɛmia adi AWURADE anim atwam akɔ Kanaan asase so, na yɛn agyapadeɛ a yɛanya Yordan agya ha no atena yɛn hɔ. 33 Ɛnna Mose de Amorifoɔ hene Sihon ahennie ne Basan hene Og ahennie, asase no ne n’ahyeɛ mu nkuro, asase no so nkuro a atwa ahyia nyinaa maa Gad mma ne Ruben mma ne Yosef ba Manase abusuakuo fa. 34 Na Gad mma no kyekyeree Dibon ne Atarot ne Aroer, 35 ne Atrot-sofan ne Yaser ne Yogbeha, 36 ne Bet-nimra ne Bet-haran, nkuro a wɔatoto ho afasuo ne nnwammuo. 37 Na Ruben mma no kyekyeree Hesbon, Eleale, Kiriataim, 38 Nebo ne Baal-meon (a din no sakyerasakyeraeɛ) ne Sibma, na wɔtotoo nkuro a wɔkyekyereeɛ no din. 39 Na Manase ba Makir mma sii mu kɔɔ Gilead kɔfae, na wɔpamm Amorifoɔ a wɔwɔ hɔ no. 40 Na Mose de Gilead maa Manase ba Makir, na ɔtenaa mu. 41 Na Manase ba Yair sii mu kɔfaa wɔn atenaeɛ no, na ɔfrɛɛ no Yair atenaeɛ. 42 Na Noba sii mu kɔfaa Kenat ne ɛho nkurowa, na ɔde ne din Noba toe. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana