4 Mose 26 - Twerɛ KronkronWɔkan Israelfoɔ 1 Na ɔhaw no akyiri no, AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Ɔsɔfoɔ Aaron ba Eleasa sɛ: 2 Monkan Israelfoɔ asafo no nyinaa dodoɔ mfiri deɛ wadi mfirinhyia aduonu soɔ mfa nkɔ, sɛ wɔn mpanimfie teɛ, Israel mu nnipa a wɔtumi kɔ sa nyinaa. 3 Na Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa ka kyerɛɛ wɔn, Moab mpaperɛ so, Yordan fa a ɛbɛn Yeriko sɛ: 4 Kan wɔn a wɔadi mfirinhyia aduonu de rekorɔ no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose ne Israelfoɔ a wɔfiri Misraim asase so baeɛ no. 5 Israel abakan ne Ruben: Ruben mma ne: Hanok, Hanokfoɔ abusua; Palu deɛ, Palufoɔ abusua; 6 Hesron deɛ, Hesronfoɔ abusua; Karmi deɛ, Karmifoɔ abusua. 7 Yeinom ne Rubenfoɔ mmusua, na wɔn nnipa a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduanan mmiɛnsa ne ahanson aduasa. 8 Na Palu mma: Eliab. 9 Na Eliab ba: Nemuel ne Datan ne Abiram. Yeinom ne Datan ne Abiram a wɔfrɛɛ wɔn firii asafo no mu no a wɔne Mose ne Aaron hameeɛ, Kora asafo no mu, wɔn ham a wɔne AWURADE hameeɛ no mu; 10 na asase buee n’anomu menee wɔn ne Kora, na asafo no wuwuiɛ, na ogya hyee mmarima ahanu aduonum no, na wɔbɛyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ no. 11 Nanso Kora mma deɛ, wɔanwuwu. 12 Simeon mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Nemuel deɛ, Nemuelfoɔ abusua; Yamin deɛ, Yaminfoɔ abusua; Yakin deɛ, Yakinfoɔ abusua; 13 Sera deɛ, Serafoɔ abusua; Saulo deɛ, Saulfoɔ abusua. 14 Yeinom ne Simeonfoɔ mmusua; wɔyɛ mpem aduonu mmienu ne ahanu. 15 Gad mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Sefon deɛ, Sefonfoɔ abusua; Hagi deɛ, Hagifoɔ abusua; Suni deɛ, Sunifoɔ abusua; 16 Osni deɛ, Osnifoɔ abusua; Eri deɛ, Erifoɔ abusua; 17 Arod deɛ, Arodfoɔ abusua; Areli deɛ, Arelifoɔ abusua. 18 Yeinom ne Gad mma mmusua, sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ, mpem aduanan ne ahanum. 19 Yuda mma: Er ne Onan; na Er ne Onan wuwuu Kanaan asase so. 20 Na Yuda mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Sela deɛ, Selafoɔ abusua; Peres deɛ, Peresfoɔ abusua; Sera deɛ, Serafoɔ abusua. 21 Na Peres mma nie: Hesron deɛ, Hesronfoɔ abusua; Hamul deɛ, Hamulfoɔ abusua. 22 Yeinom ne Yuda mmusua, sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ, mpem aduɔson nsia ne ahanum. 23 Isakar mma, sɛ wɔn mmusua teɛ: Tola deɛ, Tolafoɔ abusua; Puwa deɛ, Puwafoɔ abusua; 24 Yasub deɛ, Yasubfoɔ abusua; Simron deɛ, Simronfoɔ abusua. 25 Yeinom ne Isakar mmusua, sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ, mpem aduosia nnan ne ahasa. 26 Sebulon mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Sered deɛ, Seredfoɔ abusua; Elon deɛ, Elonfoɔ abusua; Yakleel deɛ, Yakleelfoɔ abusua. 27 Yeinom ne Sebulon mmusua, sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ, mpem aduosia ne ahanum. 28 Yosef mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Manase ne Efraim. 29 Manase mma: Makir deɛ, Makirfoɔ abusua; na Makir woo Gilead; Gilead deɛ, Gileadfoɔ abusua. 30 Gilead mma nie: Yeser, Yeserfoɔ abusua; Helek deɛ, Helekfoɔ abusua; 31 ne Asriel, Asrielfoɔ abusua; ne Sekem, Sekemfoɔ abusua; 32 ne Semida, Semidafoɔ abusua; ne Hefer, Heferfoɔ abusua; 33 na Hefer ba Selofehad nni mmammarima, na ɔwɔ mma mmaa; na Selofehad mmammaa din ne Mahla ne Noa, Hogla, Milka ne Tirsa. 34 Yeinom ne Manase mmusua, na wɔn a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduonum mmienu ne ahanson. 35 Efraim mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Sutela deɛ, Sutelafoɔ abusua; Beker deɛ, Bekerfoɔ abusua; Tahan deɛ, Tahanfoɔ abusua. 36 Na Sutela mma nie: Eran deɛ, Eranfoɔ abusua. 37 Yeinom ne Efraim mma mmusua, sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ, mpem aduasa mmienu ne ahanum. Yeinom ne Yosef mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 38 Benyamin mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Bela deɛ, Belafoɔ abusua; Asbel deɛ, Asbelfoɔ abusua; Ahiram deɛ, Ahiramfoɔ abusua; 39 Sufam deɛ, Sufamfoɔ abusua; Hufam deɛ, Hufamfoɔ abusua. 40 Na Bela mma ne: Ard ne Naaman: Ard deɛ, Ardfoɔ abusua; Naaman deɛ, Naamanfoɔ abusua. 41 Yeinom ne Benyamin mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; na wɔn a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduanan nnum ne ahansia. 42 Dan mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Suham deɛ, Suhamfoɔ abusua. Yeinom ne Dan mmusua, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 43 Suhamfoɔ mmusua nyinaa sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ yɛ mpem aduosia nnan ne ahanan. 44 Aser mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Yimna deɛ, Yimnafoɔ abusua; Isui deɛ, Isuifoɔ abusua; Beria deɛ, Beriafoɔ abusua; 45 Beria mma deɛ: Heber deɛ, Heberfoɔ abusua; Malkiel deɛ, Malkielfoɔ abusua. 46 Na Aser babaa din de Sara. 47 Yeinom ne Aser mma mmusua, sɛdeɛ wɔn a wɔkan wɔn no teɛ; mpem aduonum mmiɛnsa ne ahanan. 48 Naftali mma, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Yakseel deɛ, Yakseelfoɔ abusua; Guni deɛ, Gunifoɔ abusua; 49 Yeser deɛ, Yeserfoɔ abusua; Silem deɛ, Silemfoɔ abusua. 50 Yeinom ne Naftali mmusua, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; na wɔn a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduanan nnum ne ahanan. 51 Yeinom ne Israelfoɔ a wɔkan wɔn no, ɔpehansia ne baako ne ahanson aduasa. Asase no kyɛ ho nhyehyɛɛ 52 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 53 Yeinom na wɔnkyɛ asase no mma wɔn na wɔnni soɔ, sɛdeɛ wɔn din dodoɔ teɛ. 54 Abusuakuo a ɛso no, ma ne kyɛfa nso, na deɛ ɛsua no, ma ne kyɛfa nsua; sɛdeɛ obiara nnipa a wɔkan wɔn no ano teɛ, na wɔmma no n’agyapadeɛ. 55 Nanso tonto so na wɔmfa nkyɛ asase no; na wɔnnye wɔn kyɛfa no sɛdeɛ wɔn nananom mmusua no din teɛ. 56 Tonto so na wɔmfa nkyɛ agyapadeɛ mma wɔn a wɔdɔɔso ne wɔn a wɔsua. Lewifoɔ mmusua 57 Na Lewifoɔ a wɔkan wɔn sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Gerson deɛ, Gersonfoɔ abusua; Kohat deɛ, Kohatfoɔ abusua; Merari deɛ, Merarifoɔ abusua. 58 Yeinom ne Lewifoɔ mmusua: Libnifoɔ abusua, Hebronfoɔ abusua, Mahlifoɔ abusua, Musifoɔ abusua, Korafoɔ abusua. Na Kohat woo Amram. 59 Na Amram yere din ne Yokebed, Lewi ba a wɔwoo no Misraim no; na ɔwoo Aaron ne Mose ne wɔn nuabaa Miriam maa Amram. 60 Na Aaron nso, wɔwoo Nadab ne Abihu, Eleasa ne Itamar maa no; 61 nanso Nadab ne Abihu de anana gya bi baa AWURADE anim no, wɔwuwui. 62 Na wɔn nnipa a wɔkan wɔn no yɛ mpem aduonu mmiɛnsa, mmarima a wɔadi bosome ne akyire nyinaa; na wɔankan wɔn amfra Israelfoɔ, na wɔamma wɔn agyapadeɛ Israelfoɔ mu. Kaleb ne Yosua nko na wɔda so te aseɛ 63 Yeinom ne wɔn a Mose ne Ɔsɔfoɔ Eleasa kan wɔn, kan a wɔkan Israelfoɔ Moab mpaperɛ soɔ Yordan fa a ɛbɛn Yeriko no mu no. 64 Nso na ɔbarima biara mfra yeinom mu a ɔfiri nnipa a Mose ne Ɔsɔfoɔ Aaron kan wɔn berɛ a wɔkan Israelfoɔ wɔ Sinai serɛ soɔ no, 65 ɛfiri sɛ AWURADE aka akyerɛ wɔn sɛ wuo na wɔbɛwuwu serɛ soɔ, na wɔn mu biara anka, gye Yefune ba Kaleb ne Nun ba Yosua nko. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana