Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

4 Mose 23 - Twerɛ Kronkron


Balak nkɔmhyɛ a ɛdi kan

1 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Sisi afɔrebukyia nson ma me wɔ ha, na pɛ anantwinini nson ne adwennini nson fa brɛ me ha.

2 Na Balak yɛɛ sɛdeɛ Bileam ka kyerɛɛ no no; na Balak ne Bileam de nantwinini baako ne odwennini baako bɔɔ hyeɛ afɔdeɛ, afɔrebukyia no biara so.

3 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Kɔgyina wo hyeɛ afɔdeɛ no ho, na menkɔ. Ebia AWURADE bɛhyia me, na ade ko a ɔbɛma mahunu no, mɛka makyerɛ wo. Na ɔsii mu kɔɔ kokoɔ pataa bi so.

4 Na Onyankopɔn bɛhyiaa Bileam, na Bileam kyerɛɛ no sɛ: Masisi afɔrebukyia nson, na mede nantwinini ne odwennini mabɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ w’afɔrebukyia biara so.

5 Na AWURADE de asɛm hyɛɛ Bileam anomu sɛ: Sane kɔ Balak nkyɛn, na sei na kasa.

6 Na ɔsane kɔɔ ne nkyɛn, na hwɛ, na ɔgyina ne hyeɛ afɔdeɛ no ho, ɔno ne Moab atitire nyinaa.

7 Na ɔkasaa sɛ: Aram na Balak kɔfaa me firiiɛ, Moabhene no faa me firii apueeɛ mmepɔ mu sɛ: Bra bɛdome Yakob ma me, na bɛbɔ Israel dua.

8 Ɛbɛyɛ dɛn na mɛdome deɛ Onyankopɔn nnomee no no, na ɛbɛyɛ dɛn na mɛbɔ deɛ AWURADE mmɔɔ no dua no dua?

9 Abotan atifi na mefiri mehu no, na nkokoɔ so na mefiri megyene no: Hwɛ, ɔman a ne nko bɛtena nie, na wɔremmu wɔn mfra wiase aman.

10 Hwan na ɔbɛkan Yakob mfuturo ne Israel abupɛn nnan mu baako dodoɔ? Ma menwu ateneneefoɔ wuo, na ma m’awie nyɛ sɛ wɔn deɛ.

11 Ɛnna Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Ɛdeɛn na wode ayɛ me yi? M’atamfoɔ nnome nti na mekɔfaa wo baeɛ, na hwɛ, nhyira na wohyira.

12 Na ɔbuaa sɛ: Ɛnyɛ deɛ AWURADE de hyɛ m’anomu no na ɛsɛ sɛ mehwɛ yie na meka?


Bileam nkɔmhyɛ a ɛtɔ so mmienu

13 Na Balak ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnneɛ bra na yɛnkɔ faako a wobɛhu wɔn; wɔn fa nko na wobɛhunu, na worenhunu wɔn nyinaa; na dome wɔn ma me wɔ hɔ.

14 Na ɔde no kɔɔ Sofim serɛ so Pisga bepɔ atifi, na ɔsii afɔrebukyia nson, na ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no biara so.

15 Na ɔka kyerɛɛ Balak sɛ: Gyina w’afɔrebukyia no ho ara, na me deɛ, merekɔ makɔhwɛ.

16 Na AWURADE bɛhyiaa Bileam, na ɔde asɛm hyɛɛ n’anomu sɛ: Sane kɔ Balak nkyɛn, na sei na kasa.

17 Na ɔbaa ne nkyɛn, na hwɛ, na ɔgyina ne hyeɛ afɔdeɛ no ho, na Moab atitire no ne no gyinagyina hɔ; na Balak ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛdeɛn na AWURADE kaeɛ?

18 Na ɔkasaa mmebuo mu sɛ: Sɔre, Balak, na tie; yɛ aso ma me, Sipor ba.

19 Onyankopɔn nyɛ onipa, na wadi atorɔ, anaa onipa ba, na wanu ne ho. Ɔno deɛ, ɔbɛka asɛm bi na ɔrenyɛ, anaasɛ ɔbɛkasa na ɔremma no ntim?

20 Hwɛ, nhyira na manya; wahyira, na merentumi mennane ani.

21 Wanhunu amumuyɛ Yakob mu, na wanhunu ɔhaw Israel mu. AWURADE ne Nyankopɔn di n’akyi, na ɔhene ho ahurisie wɔ ne mu.

22 Onyankopɔn ayi wɔn afiri Misraim, n’ahoɔden te sɛ ɛkoɔ deɛ.

23 Ampa ara, adebisa nni Yakob mu, na nkɔmhyɛ nni Israel mu: Afei na wɔbɛka wɔ Yakob ne Israel ho sɛ: Ɛdeɛn na Onyankopɔn ayɛ yi!

24 Hwɛ, ɔman yi sɔre sɛ gyatabereɛ, na ɔma ne ho so sɛ gyata: Ɔremmutu, gye sɛ wadi bɔnam, na wanom atɔfoɔ mogya ansa.

25 Ɛnna Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Nnome wɔn koraa, na nhyira nso nhyira wɔn koraa.

26 Na Bileam bua ka kyerɛɛ Balak sɛ: Manka mankyerɛ wo sɛ: Biribiara a AWURADE bɛka no, ɛno na mɛyɛ anaa?


Bileam nkɔmhyɛ a ɛtɔ so mmiɛnsa

27 Na Balak ka kyerɛɛ Bileam sɛ: Bra na memfa wo menkɔ baabi foforɔ, ebia ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani sɛ wobɛdome wɔn ama me wɔ hɔ.

28 Na Balak faa Bileam kɔɔ Peor atifi a ɛhwɛ anwea pradada no soɔ hɔ.

29 Na Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ: Sisi afɔrebukyia nson ma me wɔ ha, na fa anantwinini nson ne adwennini nson brɛ me ha.

30 Na Balak yɛɛ sɛdeɛ Bileam kaeɛ no, na ɔde nantwinini ne odwennini bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia biara so.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan