4 Mose 11 - Twerɛ KronkronMana fono ɔman no 1 Na ɔman no yɛɛ sɛdeɛ wɔrenwiiwii wɔn amaneɛ ho, AWURADE aso mu; na AWURADE teeɛ no, ne bo hurui, na AWURADE gya bɛsɔɔ wɔn mu hyee nsraban no ano ano. 2 Na ɔman no su frɛɛ Mose, na Mose paa AWURADE kyɛw, na ogya no dumii. 3 Na ɔfrɛɛ hɔ Tabera, ɛfiri sɛ AWURADE gya dɛree wɔ wɔn mu. 4 Na afrafrafoɔ a wɔwɔ wɔn mu no kɔn dɔɔ adeɛ, na Israelfoɔ no nso sane suu bio sɛ: Hwan na ɔbɛma yɛn nam adie? 5 Yɛakae nsunam a yɛdii no Misraim kwa ne ɛferɛ, anamuna, fan, gyeene ne aanwo no. 6 Afei yɛn kra akusa, na biribiara nni hɔ sɛ mana a ɛtua yɛn aniwa mu yi nko. 7 Na mana no te sɛ wisa aba, na ɛho te sɛ bedola hyɛ ho. 8 Ɔman no nenam tasetasee, na wɔyam no ayuyammoɔ so anaasɛ wɔsi no nwaduro mu na wɔnoa no ɛsɛn mu, na wɔyɛ no taterɛ, na ne dɛ te sɛ ngo taterɛ dɛ. 9 Na sɛ bosuo tɔ nsraban no so anadwo a, mana no nso tɔ gu so. 10 Na Mose tee sɛ ɔman no resu, wɔn mmusua mu, wɔn ntomadan ano ano; na AWURADE bo huruu no sɛ, na ɛyɛɛ Mose nso ahomete. 11 Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Adɛn nti na wo ne w’akoa adi no bɔne, na adɛn nti na mannya w’anim animuonyam sɛ wode ɔman yi nyinaa adesoa ato me soɔ yi? 12 Me na menyinsɛnee ɔman yi nyinaa anaasɛ me na mewoo wɔn, na wose me sɛ: Turu wɔn wo koko so, sɛdeɛ ɔbayɛnfoɔ turu n’akɔkoaa, fa kɔ asase a wokaa ho ntam kyerɛɛ wɔn nananom no so? 13 Ɛhe na mɛnya nam mama ɔman yi nyinaa sɛ wɔsu gu me so sɛ: Ma yɛn nam na yɛnni yi? 14 Me nko ara mentumi menkura ɔman yi nyinaa ɛfiri sɛ wɔyɛ duru ma me. 15 Na sɛ saa na wo ne me bɛdi no a, ɛnneɛ sɛ m’anim aba nyam w’anim a, kum mmom na ku me, na manhunu m’amaneɛ no. 16 Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Boaboa Israel mpanimfoɔ mu mmarima aduɔson ano ma me, nnipa a wonim wɔn sɛ wɔyɛ ɔman no mpanimfoɔ ne wɔn atwerɛfoɔ, na fa wɔn bra ahyiaeɛ ntomadan no ho, na wɔne wo mmɛgyina hɔ. 17 Na mɛsiane na me ne wo abɛkasa, na mede honhom a ɛwɔ wo soɔ no bi magu wɔn so na wɔne wo asɔ ɔman no adesoa no mu, na wo nko woankura. 18 Na ka kyerɛ ɔman no sɛ: Monyɛ mo ho kronkron nsie ɔkyena, na mobɛdi nam, ɛfiri sɛ moakɔsu agu AWURADE aso mu sɛ: Hwan na ɔbɛma yɛn nam adie? Anka na ɛyɛ ma yɛn wɔ Misraim. Enti AWURADE bɛma mo nam adi: 19 Ɛnyɛ da koro nko na mobɛdie, na ɛnyɛ nnanu, na ɛnyɛ nnanum, na ɛnyɛ dadu, na ɛnyɛ adaduonu nko, 20 na mmom ɛbɛkɔ akɔsi bosome, akɔsi sɛ ɛbɛfifiri mo hwene mu na afono mo, ɛsiane sɛ moapo AWURADE a ɔwɔ mo mu no, na moasu n’anim aka sɛ: Adɛn nti na yɛfirii Misraim baeɛ yi? 21 Na Mose kaa sɛ: Ɔman a mewɔ wɔn mu yi ano si mmarima anammɔnmufoɔ mpem ahansia, na wo deɛ, wose: Mɛma wɔn nam adi bosome? 22 Wɔbɛkunkum nnwan ne anantwie ama wɔn na aso wɔn? Anaasɛ wɔbɛboa ɛpo mu mpataa nyinaa ano ama wɔn na aso wɔn? 23 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Wɔatwa AWURADE nsa so? Afei wobɛhunu sɛ m’asɛm bɛba mu ama wo anaasɛ ɛremma mu. 24 Na Mose firii adi kɔkaa AWURADE asɛm no kyerɛɛ ɔman no, na ɔboaa ɔman no mpanimfoɔ mu mmarima aduɔson ano, na ɔde wɔn bɛgyinaa ntomadan no ho hyiae. 25 Na AWURADE sianee mununkum no mu na ɔkasa kyerɛɛ no, na ɔde ne honhom a ɛwɔ ne soɔ no bi guu mpanimfoɔ aduɔson no so; na honhom no sisii wɔn soɔ no, wɔkaa adiyisɛm berɛ tiaa bi mu, nanso akyire yi no wɔansane anyɛ bio. 26 Na mmarima baanu kaa nsraban no mu, ɔbaako din de Eldad na ɔbaako no de Medad; na honhom no baa wɔn so, na wɔfra nnipa a wɔtwerɛɛ wɔn din no mu, nanso na wɔmfirii adi nkɔɔ ntomadan no ho; enti wɔkaa adiyisɛm nsraban no mu. 27 Na aberanteɛ bi tutuu mmirika bɛka kyerɛɛ Mose sɛ: Eldad ne Medad reka adiyisɛm nsraban no mu. 28 Na Nun ba Yosua, Mose somfoɔ a ɔyɛ ne mmeranteɛ no mu baako no gyee so sɛ: Me wura Mose, bara wɔn! 29 Na Mose ka kyerɛɛ no sɛ: Woretwe me ho ninkunu? Ɛkaa me nko a, anka AWURADE man nyinaa adanedane adiyifoɔ, na AWURADE de ne honhom agu wɔn so. 30 Na Mose ne Israel mpanimfoɔ no sane baa nsraban no mu. 31 Na mframa firi AWURADE nkyɛn bɔe, na ɛkɔpraa mmoko firi ɛpo no ho bɛguu nsraban no so, ɛbɛyɛ da koro kwan wɔ ɔfa ha ne da koro kwan wɔ ɔfa ha, nsraban no ho, wɔn sorokorɔ ne asase ani bɛyɛ sɛ basafa baako. 32 Na ɔman no sɔree da mu no nyinaa ne anadwo no nyinaa ne adekyeeɛ nyinaa, na wɔkɔboaboaa mmoko no ano; deɛ ɔnyaa deɛ ɛsua koraa no mpo boaa homer du ano, na wɔhatahatae ara de twaa nsraban no ho hyiae fae. 33 Na ɛnam no da so wɔ wɔn se mu a wɔnnya nwesaeɛ no, AWURADE bo huru tiaa ɔman no, na AWURADE de ɔhaw kɛseɛ pa bobɔɔ ɔman no. 34 Na wɔfrɛɛ hɔ sɛ: Kibrot-hataawa, ɛfiri sɛ ɛhɔ na wɔsiee ɔman a adeɛ yɛɛ wɔn akɔnnɔ no. 35 Na ɔman no tu firii Kibrot-hataawa kɔɔ Haserot, na wɔtenaa Haserot. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana