3 Mose 26 - Twerɛ KronkronMmara no so die ho nhyira 1 Monnyɛ anyamehuhuo mmfa, na mommfa ahoni anaa ɔbosom dum bi nnsi hɔ mmfa, na mommfa ɔboɔ a wɔadi ho adwini nnsi mo asase so nnkoto nnsɔre wɔ ho, ɛfiri sɛ mene AWURADE mo Nyankopɔn. 2 Monni me home nna, na monsuro me kronkronbea: Mene AWURADE. 3 Sɛ mofa m’ahyɛdeɛ so na mohwɛ me mmara nsɛm na moyɛ a, 4 ɛnneɛ mɛma osuo atɔ ama mo ne berɛ mu, na asase no ama ne nnɔbaeɛ, na mfuo mu nnua aso aba; 5 na aduane poreɛ bɛkɔ so akɔduru bobe aba teteɛ mu, na bobe aba teteɛ no akɔ so akɔduru duaberɛ, na mobɛdi mo aduane amee, na moatena mo asase so dwoodwoo. 6 Na mɛma ɔmannwoeɛ aba asase no so, na moada na obiara anyi mo hu; na mɛsɛe mmoa bɔne afiri asase no so, na nkrantɛ remfa mo asase so. 7 Na mobɛka mo atamfoɔ agu, na wɔatotɔ mo anim wɔ nkrantɛ ano; 8 na mo mu baanum bɛka nnipa ɔha agu, na mo mu ɔha bɛka mpemdu agu, na mo atamfoɔ atotɔ mo anim wɔ nkrantɛ ano. 9 Na mɛdane m’anim mama mo, na mɛma moawo na moadɔ, na mɛma me ne mo apam no agyina. 10 Na mobɛdi akoradeɛ dada a akyɛre, na mobɛyi adada no agu, afoforɔ no nti. 11 Na mede me tenabea bɛsi mo mu, na mo ho renyɛ me kra nwunu. 12 Na mɛnante mo mu, na mayɛ mo Nyankopɔn, na mo nso moayɛ me ɔman: 13 Mene AWURADE mo Nyankopɔn a meyii mo firii Misraim asase so sɛ monnyɛ nkoa bio, na mebubuu mo kɔnnua na memaa monantee kyirebenn no. Wɔn a wɔnni soɔ no nnue 14 Na sɛ moantie me na moanni me mmara nsɛm yi nyinaa so, 15 na sɛ mopa m’ahyɛdeɛ, na m’atemmuo yɛ mo kra nwunu, na moanni me mmara nsɛm nyinaa so na mobu m’apam so a, 16 me nso deɛ mɛyɛ mo nie: Mɛma akomatudeɛ abɛto mo, nsamanwa ne ɔfoɛ a ɛbɛma mo ani ayɛ samoo na mo kra atotɔ piti, na mobɛdua mo aduadeɛ kwa, na mo atamfoɔ abɛdi. 17 Na mɛma m’ani asa mo, na moadi mo atamfoɔ anim nkoguo na wɔn a wɔkyiri mo ahyɛ mo so, na obi mpamo mo po a, moadwane. 18 Na sɛ yeinom mu moantie me ara a, ɛnneɛ mo bɔne nti mɛtwe mo aso mprɛnson aka ho, 19 na mabubu mo ahoɔden ahokyerɛ no. Na mɛyɛ mo soro sɛ dadeɛ, na mo asase ayɛ sɛ kɔbere, 20 na mo tumi asa kwa, na mo asase remma ne nnɔbaeɛ, na asase no so nnua renso aba. 21 Na sɛ mone me di asie ara na mompɛ sɛ motie me a, mɛkɔ so mabɔ mo mprɛnson sɛdeɛ mo bɔne teɛ no. 22 Na mɛsoma wiram mmoa aba mo mu na wɔagye mo nsam mma, na wɔadi mo afieboa, na wɔama moasua, na mo akwan ayɛ akwan fo. 23 Na sɛ moamma mamfa yeinom ammɔ mo kɔkɔ na mone me di asie ara a, 24 ɛnneɛ me nso mene mo bɛdi asie, na me nso mo bɔne nti mabɔ mo mprɛnson. 25 Na mede aweretɔ nkrantɛ a ɛbɛtɔ m’apam no so were bɛba mo so, na moaboaboa mo ano akɔ mo nkuro mu, na mɛma yaredɔm aba mo mu, na wɔde mo ahyɛ ɔtamfoɔ nsa. 26 Na mɛbubu mo aduane dua, na mmaa du ato mo paanoo fononoo baako mu, na wɔakari mo paanoo ama mo, na mobɛdi na moremmee. 27 Na sɛ yei mu nso moantie me na mone me di asie ara a, 28 ɛnneɛ mede abufuhyeɛ ne mo bɛdi asie, na me nso mo bɔne no nti matwe mo aso mprɛnson. 29 Na mobɛdi mo mmammarima nam, na mo mmabaa nam nso moadi. 30 Na mɛsɛe mo sorɔnsorɔmmea, na matwitwa mo aduhwam afɔrebukyia no agu, na matoto mo afunu agu mo abosonhunu afunu no so, na mo ho ayɛ me kra nwunu. 31 Na mɛgu mo nkuro mayɛ no amamfo na masɛe mo kronkronbea, na merennye mo aduhwam no hwa. 32 Na me ara mɛsɛe asase no ama mo atamfoɔ a wɔbɛtena soɔ no ani so ayɛ wɔn yaa; 33 na mo deɛ, mɛbɔ mo ahwete wiase amanaman mu, na matwe nkrantɛ madi mo akyi, na mo asase bɛda hɔ tuu, na mo nkuro ayɛ akurofo. 34 Ɛno na asase no bɛnya ne homeberɛ mu ahotɔ, nna a ɛso bɛda hɔ tuu no nyinaa, na mo deɛ, mo atamfoɔ asase so na mobɛtena; ɛno na asase no bɛhome na anya ne home nna no mu ahotɔ. 35 Nna a ɛso bɛda hɔ tuu no nyinaa na ɛbɛhome, sɛ nna dodoɔ a anhome, mo home mmerɛ mu, berɛ a na mote soɔ no. 36 Na mo mu wɔn a wɔbɛka no, mɛma ehu aba wɔn akoma mu wɔ wɔn atamfoɔ nsase no so, na ahahan a ɛteɛ huuyɛ aka wɔn agu na wɔadwane sɛdeɛ obi dwane firi nkrantɛ ano na wɔatotɔ, berɛ a obi mpamo wɔn; 37 na wɔakyere abom ahwe ase sɛdeɛ wɔredwane nkrantɛ anim, berɛ a obi mpamo wɔn. Na morennya mo atamfoɔ anim agyinayɛ. 38 Na mobɛwuwu wɔ wiase amanaman mu, na mo atamfoɔ asase amene mo. 39 Na mo mu wɔn a wɔbɛka no ho bɛhiahia wɔn wɔ wɔn amumuyɛ mu, mo atamfoɔ asase so, na wɔn agyanom amumuyɛ nso nti wɔn ho bɛhiahia wɔn sɛ wɔn agyanom no ara. 40 Ɛno na wɔbɛka wɔn amumuyɛ ne wɔn agyanom amumuyɛ no; — sɛ, nkontompo a wɔtwaa me ne asie a wɔne me diiɛ nti, 41 me nso mene wɔn dii asie, na mede wɔn kɔɔ wɔn atamfoɔ asase so; — na sɛ afei wɔn akoma momonoto no bɛbrɛ ase na wɔapene wɔn amumuyɛ ho asotwe no so a, 42 ɛnneɛ mɛkae mene Yakob apam no; ɛne mene Isak apam no nso; na mene Abraham apam no nso mɛkae, na mɛkae asase no. 43 Na asase no deɛ, wɔbɛgya na anya ne homeberɛ no mu ahotɔ, sɛ wɔnni soɔ nti ada hɔ tuu; na wɔn deɛ, ɛsiane sɛ wɔpoo m’atemmudeɛ na m’ahyɛdeɛ yɛɛ wɔn kra nwunu nti, wɔbɛnya wɔn amumuyɛ ho asotwe, ɛfiri sɛ wɔpaa m’atemmudeɛ na m’ahyɛdeɛ yɛɛ wɔn kra nwunu. 44 Nanso yeinom nyinaa akyiri no, sɛ wɔwɔ wɔn atamfoɔ asase so mpo a, merempa wɔn, na wɔn ho renyɛ me nwunu na masɛe wɔn korakora, na mabu me ne wɔn ntam apam no so: Na mene AWURADE wɔn Nyankopɔn. 45 Na wɔn nti mɛkae apam a mene wɔn agyanom a meyii wɔn firii Misraim asase so wiase amanaman nyinaa anim pam sɛ mɛyɛ wɔn Nyankopɔn no ama wɔn: Mene AWURADE. 46 Yeinom ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ ne mmara a AWURADE de nam Mose so too ɔno ne Israelfoɔ ntam, Sinai bepɔ soɔ no. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana