2 Samuel 15 - Twerɛ KronkronAbsalom mansotwe 1 Na yei akyiri no, Absalom siesiee teaseɛnam ne apɔnkɔ fae, ne mmarima aduonum a wɔbɛwɛn no. 2 Na Absalom sɔre anɔpahema kɔgyina kuro no pono ano kwan ho. Na obiara a ɔwɔ asɛm bi na ɔreba ɔhene nkyɛn abɛdie no, Absalom frɛ no bisa no sɛ: Kuro bɛn so na wofire? Na sɛ ɔbua sɛ: Israel mmusuakuo bi mu na w’akoa fire, a, 3 ɛnna Absalom bɛka akyerɛ no sɛ: Hwɛ, wo nsɛm yɛ na ɛtene, nanso obi nni hɔ a ɔhene ayi no a ɔbɛtie ama woɔ. 4 Absalom toa so ka sɛ: Na anka meyɛ asase yi so temmufoɔ, me nkyɛn na anka obiara a ɔwɔ asɛm bi anaa atemmudeɛ bi bɛba na mabu no atɛntenenee. 5 Na sɛ obi twe pini no bɛbɔ ne mu ase a, ɔtene ne nsa sɔ ne mu yɛ no atuu. 6 Na saa na na Absalom yɛ Israelfoɔ a wɔba ɔhene nkyɛn asennie nyinaa, na Absalom de nyaa Israel mmarima baa n’afa. 7 Na mfirinhyia nnan twaa mu no, Absalom ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Mesrɛ wo, ma menkɔ menkɔma m’aboadeɛ a mede mehyɛɛ AWURADE bɔ wɔ Hebron. 8 Ɛfiri sɛ metenaa Gesur wɔ Aram no, w’akoa hyɛɛ bɔ sɛ: Sɛ AWURADE de me sane ba Yerusalem a, ɛnneɛ mɛsom AWURADE. 9 Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Fa asomdwoeɛ kɔ. Na ɔsii mu kɔɔ Hebron. 10 Na Absalom somasomaa akwansrafoɔ maa wɔkɔɔ Israel mmusuakuo nyinaa mu kodɛɛ sɛ: Mote totorobɛnto nka ara pɛ a, monka sɛ: Absalom adi hene wɔ Hebron. 11 Na mmarima ahanu a wɔfrɛɛ wɔn firi Yerusalem kaa Absalom ho kɔe; na wɔn deɛ, wɔkɔɔ ɔkɔ hunu, na wɔnnim ho hwee. 12 Na Absalom soma maa wɔkɔhyiaa Giloni Ahitofel, Dawid fotufoɔ, firii ne kuro Gilo mu, berɛ a ɔrebɔ afɔdeɛ no; na atirisopam no mu yɛɛ den, na nnipa a wɔwɔ Absalom nkyɛn no kɔɔ so dɔɔso ara. Dawid dwane 13 Na ɔbɔfoɔ bi baa Dawid nkyɛn bɛkaa sɛ: Israel mmarima akoma di Absalom akyi. 14 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ne nkoa a wɔne no wɔ Yerusalem nyinaa sɛ: Monsɔre mma yɛnnwane, na Absalom ammɛku yɛn. Monyɛ ntɛm ma yɛnkɔ, na wammɛto yɛn anyɛ yɛn bɔne bi, na wamfa nkrantɛ ano ammɛbɔ kuro yi. 15 Na ɔhene nkoa no ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛdeɛ me wura ɔhene pɛ nyinaa no, hwɛ, wo nkoa bɛyɛ. 16 Ɛnna ɔhene firii adie na ne fiefoɔ nyinaa dii n’akyi; na ɔhene gyaa ne mpenafoɔ du sɛ wɔnhwɛ fie no. 17 Na ɔhene firii adi, na ɔman no nyinaa dii n’akyi, na wɔkɔgyinaa ɛdan bi a ɛtwa toɔ ho. 18 Na ne nkoa nyinaa sene faa ne nkyɛn; na Keretifoɔ nyinaa, Peletifoɔ nyinaa ne Gatfoɔ nyinaa, mmarima ahansia a wɔdii n’akyi firi Gat baeɛ no bɛtwaa mu ɔhene anim. 19 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Gatni Itai sɛ: Adɛn nti na wo nso wone yɛn rekorɔ? Sane kɔ, na kɔtena ɔhene nkyɛn, na woyɛ ɔnanani ne wo kuro mu ɔtukɔni nso. 20 Nnora nko ara na wobaeɛ, na ɛnnɛ memma wo ne yɛn nkɔkyini? Na me deɛ, merekɔ deɛ mennim; sane, na fa wo nuanom nso ka wo ho sane kɔ AWURADE adɔeɛ ne ne nokorɛ mu. 21 Na Itai buaa ɔhene sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ na me wura ɔhene nso te aseɛ yi, faako a me wura ɔhene bɛtena no, ewuo mu oo, nkwa mu oo, ɛhɔ ara na w’akoa nso bɛtena! 22 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Itai sɛ: Bra bɛsene! Na Gatni Itai ne ne mmarima nyinaa ne mmɔfra a wɔka ne ho no nyinaa bɛtwaa mu. 23 Na asase no sofoɔ nyinaa de nne kɛseɛ sui, na ɔman no nyinaa twaa mu kɔe, na ɔhene twaa asuo Kidron, na ɔman no nyinaa twae a wɔn ani kyerɛ ɛserɛ no so. 24 Na hwɛ, Abiatar baeɛ na Sadok nso nie, a Lewifoɔ nyinaa ka ne ho. Wɔso Nyankopɔn apam adaka no, na wɔsoɛɛ Nyankopɔn adaka no sii hɔ, na wɔamfa bio kɔsii sɛ ɔman no nyinaa firii kuro no mu twaa mu wieeɛ ansa. 25 Na ɔhene ka kyerɛɛ Sadok sɛ: Fa Nyankopɔn adaka no sane kɔ kuro no mu. Sɛ menya AWURADE anim adom a, ɔde me bɛsane aba, na wama mabɛhu no ne ne tenabea bio. 26 Na sɛ ɔka sɛ: Mempɛ wo a, hwɛ, menie, ma no nyɛ me sɛdeɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ. 27 Na ɔhene ka kyerɛɛ Ɔsɔfoɔ Sadok sɛ: Sɛ woahunu, sane kɔ kuro no mu dwoodwoo, na wo ba Ahimaas ne Abiatar ba Yonatan, mo mma baanu no ne mo ntena. 28 Monhwɛ, mɛtwentwɛn me nan ase ɛserɛ so mpaperɛ mu akɔsi sɛ asɛm a mobɛka akyerɛ me bɛfiri mo nkyɛn aba. 29 Ɛnna Sadok ne Abiatar de Nyankopɔn adaka no sane baa Yerusalem, na wɔbɛtenaa hɔ. 30 Na Dawid foroo Ngo-bepɔ no, na ɔreforɔ no na ɔresu, na wakata ne ti, na ɔnhyɛ mpaboa, na ɔman a wɔne no nam no nyinaa akatakata wɔn ti, na wɔreforɔ no, na wɔresu. 31 Na obi ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ahitofel fra wɔn a wɔne Absalom apam no mu. Na Dawid bɔɔ mpaeɛ sɛ: AWURADE, mesrɛ wo, ma Ahitofel agyinatuo nnane nkwaseasɛm. 32 Na Dawid duruu bepɔ no atifi deɛ wɔsɔre Onyankopɔn no, hwɛ, Arkini Husai bɛhyiaa no a, wasunsuane n’atadeɛ mu na dɔteɛ gu n’atifi. 33 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ wo ne me sene kɔ a, wobɛyɛ adesoa ama me. 34 Na sɛ wosane kɔ kuro no mu kɔka kyerɛ Absalom sɛ: Ɔhene, mɛyɛ w’akoa sɛdeɛ akane no meyɛɛ w’agya akoa no, na afei deɛ, mɛyɛ w’akoa, a, wobɛma Ahitofel agyinatuo no ayɛ ɔkwa ama me. 35 Na Asɔfoɔ Sadok ne Abiatar nni wo nkyɛn hɔ anaa? Enti asɛm biara a wobɛte no ahemfie no, ka kyerɛ asɔfoɔ Sadok ne Abiatar. 36 Hwɛ, wɔn mma baanu no, Sadok ba Ahimaas, ne Abiatar ba Yonatan wɔ wo nkyɛn hɔ, na wɔn so na momma asɛm biara a mobɛteɛ mfa nnuru me nkyɛn. 37 Na Dawid adamfo Husai baa kuro no mu, ɛberɛ korɔ a na Absalom rehyɛne Yerusalem mu no. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana