Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Mose 30 - Twerɛ Kronkron


Aduhwamhyeɛ bukyia
( Eksodɔs 37.25-28 )

1 Na yɛ aduhwamhyeɛ bukyia, okuo na fa yɛ.

2 Ne tentene nyɛ anammɔn baako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ nso nyɛ anammɔn baako ne fa, na ɛnyɛ ahinanan, na ne sorokɔ nyɛ basafa baako, na ne mmɛn nso ntuatua mu ara.

3 Na fa sika amapa dura ɛso ne ɛho ne ne mmɛn no ho hyia; na yɛ sika hankra twa ho hyia.

4 Na yɛ ɛho sika nkaa mmienu wɔ ne hankra no ase, wɔ n’afanu, na wɔmfa mpoma nwurawura mu, na wɔde asoa.

5 Na fa okuo sene mpoma no, na duradura ho sika.

6 Na fa si ntwamutam a ɛwɔ Adanseɛ adaka no ho no anim wɔ mpata adwa a ɛsi Adanseɛ no soɔ no anim, deɛ me ne wo bɛhyia hɔ no.

7 Aaron nhye so aduhwam daa anɔpa; ɔsiesie nkanea no a, ɔnhye aduhwam no.

8 Na sɛ Aaron de nkanea no sisi so anwummerɛ a, ɔnhye aduhwam no: Ɛyɛ daa aduhwam a wɔnhye no AWURADE anim, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

9 Monnhye so aduhwam foforɔ biara, ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa aduane afɔdeɛ; na monnhwie ahwiesa nso nngu so.

10 Na daa afirinhyia mu prɛko na Aaron mfa bɔne ho mpata afɔdeɛ mogya no bi mpata wɔ ne mmɛn no soɔ; daa afe ɔmpata wɔ so prɛko, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu. Ɛyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron ma AWURADE.


Akra mpata

11 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

12 Sɛ wobu Israelfoɔ ano hwehwɛ wɔn dodoɔ a, wɔn kan yi mu no, wɔn nyinaa mfa wɔn kra mpata adeɛ mma AWURADE, na, sɛ wɔkan wɔn a, owuyadeɛ bi amma wɔn mu.

13 Deɛ wɔmma nie: Obiara a wɔkan no fra dodoɔ a wɔkan wɔn no mu no mma dwetɛbena fa, sɛ kronkronbea dwetɛbena no teɛ, (dwetɛbena baako yɛ gera aduonu), dwetɛbena fa sɛ AWURADE mmasoɔ afɔrebɔdeɛ.

14 Obiara a wadi mfeɛ aduonu ne akyire a wɔkan no fra dodoɔ a wɔkan wɔn no mu no mfa mmasoɔ afɔrebɔdeɛ yi mma AWURADE.

15 Sɛ wɔde mmasoɔ afɔrebɔdeɛ no rema AWURADE de apata ama mo kra a, ɔdefoɔ nnto so, na ohiani nso nnte dwetɛbena fa no so.

16 Na gyegye mpata sika no Israelfoɔ no nsam, na fa ma ahyiaeɛ ntomadan no mu som no, na ɛnyɛ Israelfoɔ no nkaeɛ, AWURADE anim, na wɔmfa mpata mma mo kra.


Kuduo

17 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

18 Fa yaawa yɛ kuduo nso a n’ase nso yɛ yaawa, na wɔadware mu, na fa si ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam, na gu mu nsuo.

19 Na Aaron ne ne mma mfa nhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho.

20 Sɛ wɔrekɔhyɛne ahyiaeɛ ntomadan no mu a, wɔmfa nsuo nhohoro wɔn ho, na wɔanwuwu; anaasɛ wɔrebɛbɛn afɔrebukyia no abɛsom abɛbɔ ogya afɔdeɛ ama AWURADE a,

21 wɔnhohoro wɔn nsa ne wɔn nan ho, na wɔanwuwu; na ɛnyɛ daa atorɔmudeɛ mma wɔn, ɔno ne n’asefoɔ, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.


Sra ngo

22 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

23 Wo nso fa nnuhwam mu atitire, kurobo a anene nnwetɛbena ahanum ne dupapo hwanhwam saa fa, ahanu aduonum ne mmetire hwanhwam ahanu aduonum

24 ne bɛwewonua hwanhwam ahanum, kronkronbea dwetɛbena so, ne ngodua ngo susutoa baako,

25 na fa yɛ sra ngo kronkron, adufra a wɔafra no adufrafoɔ nyansa mu, na ɛnyɛ sra ngo kronkron.

26 Na fa sra ahyiaeɛ ntomadan no ne Adanseɛ adaka no,

27 ne ɛpono no ne ɛho nnoɔma no nyinaa ne kaneadua no ne ɛho nnoɔma no ne aduhwamhyeɛ bukyia no,

28 ne ɔhyeɛ afɔrebukyia no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne kuduo no ne ne ntaaseɛ no ho;

29 na dwira ho ma no nyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron; obiara a ɔka no nyɛ kronkron.

30 Na sra Aaron ne ne mma no ngo yɛ wɔn kronkron, na wɔnni me asɔfoɔ.

31 Na ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Yei nyɛ sra ngo kronkron mma me, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu;

32 wɔnnhwie nngu onipa honam so; na monnsusu so nnyɛ bi a ɛte sɛ ɛno; ɛyɛ kronkron, enti ɛnyɛ kronkron mma mo.

33 Obiara a ɔbɛfra bie a ɛte sɛ ɛno anaasɛ ɔde bi bɛka ɔhɔhoɔ no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu atwene.


Aduhwam

34 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Fa nnuhwam, aneneduro ne nworahwam ne prɛkɛsɛ hwanhwam ne ohwamfufuo korɔgyenn, (wɔnsusu ne nyinaa pɛ),

35 na fa yɛ aduhwam a wɔhyeɛ, adufrafoɔ nyansa so adufra a wɔaposa a ɛyɛ korɔgyenn ne kronkron.

36 Na si bi fekɔfekɔ, na fa bi si Adanseɛ no anim ahyiaeɛ ntomadan no mu, deɛ me ne wo bɛhyia no: Ɛnyɛ mo akronkronneɛ mu ade kronkron.

37 Na aduhwam a worebɛyɛ yi, monnsusu so nnyɛ bi mmfa nyɛ wo kronkron mma AWURADE.

38 Obiara a ɔbɛyɛ bie a ɛte sɛ ɛno ahua ahwɛ no, wɔbɛtwa no afiri ne man mu atwene.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan