2 Mose 24 - Twerɛ KronkronWɔsɔ Apam no ano 1 Na Mose deɛ, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Foro bra AWURADE nkyɛn, wo ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanimfoɔ mu aduɔson, na mommɛsɔre wɔ akyirikyiri. 2 Na Mose nko ntwe mpini AWURADE, na wɔn deɛ, wɔnntwe mmpini na ɔman no ne no mmforo mmma. 3 Na Mose ba bɛkaa AWURADE nsɛm no nyinaa ne atemmusɛm no nyinaa kyerɛɛ ɔman no. Na ɔman mu no nyinaa de nne koro gyee so sɛ: Nsɛm a AWURADE aka nyinaa, yɛbɛyɛ. 4 Na Mose twerɛɛ AWURADE nsɛm no nyinaa. Na ɔtuaa nhema sii afɔrebukyia bepɔ no ase, ne adum dummienu sɛ Israel mmusuakuo dummienu no ano teɛ. 5 Na ɔsomaa Israelfoɔ no mu mmeranteɛ, na wɔde anantwinini kɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ maa AWURADE. 6 Na Mose de mogya no fa guguu nyaawa mu, na mogya no fa no nso ɔhwie guu afɔrebukyia no so. 7 Na ɔfaa apam nwoma no, na ɔkenkan guu ɔman no aso mu. Ɛnna wɔse: Deɛ AWURADE aka no nyinaa, yɛbɛyɛ na yɛbɛtie. 8 Na Mose faa mogya no petee ɔman no so, na ɔse: Hwɛ, apam a AWURADE ne mo apam wɔ nsɛm yi nyinaa soɔ no mogya nie. 9 Ɛnna Mose ne Aaron, Nadab ne Abihu ne Israel mpanimfoɔ mu aduɔson foro kɔeɛ. 10 Na wɔhunuu Israel Nyankopɔn no; na ne nan ase te sɛ adeɛ a wɔde hoaboɔ a emu teɛ ayɛ, na ne nahanaha te sɛ ɔsoro pa ara. 11 Na wantene ne nsa anka Israelfoɔ mu atitire no; na wɔhwɛɛ Onyankopɔn, na wɔdidii na wɔnomee. 12 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Foro bra me nkyɛn bepɔ no so bɛtena ha, na mɛma wo aboɔpono ne mmara ne ahyɛdeɛ a matwerɛ, na woakyerɛkyerɛ wɔn. 13 Na Mose sɔree, ɔne n’abɔfra Yosua, na Mose foro kɔɔ Nyankopɔn bepɔ no so. 14 Na ɔka kyerɛɛ mpanimfoɔ no sɛ: Mo deɛ, montena ha ntwɛn yɛn nkɔsi sɛ yɛbɛsane aba mo nkyɛn; na hwɛ, Aaron ne Hur ne mo na ɛwɔ hɔ; sɛ obi wɔ asɛm bi di a, momma no mmra wɔn nkyɛn. 15 Na Mose foro kɔɔ bepɔ no so, na mununkum bɛkataa bepɔ no so. 16 Na AWURADE animuonyam bɛtenaa Sinai bepɔ so, na mununkum no kataa so nnansia, na ɛda a ɛtɔ so nson no, ɔfiri mununkum no mu frɛɛ Mose. 17 Na wɔhwɛ AWURADE animuonyam no a, na ɛte sɛ ogya a ɛrehye adeɛ wɔ bepɔ no atifi wɔ Israelfoɔ no anim. 18 Na Mose kɔɔ mununkum no mu, na ɔforo kɔɔ bepɔ no so; na Mose dii bepɔ no so adaduanan awia ne anadwo. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana