2 Mose 20 - Twerɛ KronkronMmara Nsɛm Du no ( Deuteronomium 5.1-21 ) 1 Na Onyankopɔn kaa nsɛm yi nyinaa sɛ: 2 Mene AWURADE wo Nyankopɔn a meyii wo Misraim asase so nkoafie mu no. 3 Nnya anyame foforɔ nka me ho. 4 Nyɛ ohoni biara anaa adeɛ a ɛwɔ wiem wɔ soro anaa deɛ ɛwɔ asase soɔ wɔ fam anaa deɛ ɛwɔ nsuo mu wɔ asase ase nsɛsoɔ biara mfa; nkoto wɔn, na nsom wɔn. 5 Na me, AWURADE wo Nyankopɔn, meyɛ Onyankopɔn ninkufoɔ a metua nananom amumuyɛ so ka mefa mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan a wɔtane me soɔ, 6 na meyɛ mpempem a wɔdɔ me na wɔdi me mmara nsɛm soɔ adɔeɛ. 7 Mmɔ AWURADE wo Nyankopɔn din kwa, na AWURADE remma deɛ ɔbɔ ne din kwa no mfa ne ho tɔtorɔtɔɔ. 8 Kae homeda, na yɛ no kronkron. 9 Nnansia na yɛ adwuma, na yɛ w’adeɛ nyinaa; 10 na ɛda a ɛtɔ so nson no yɛ homeda ma AWURADE wo Nyankopɔn; nyɛ adwuma biara, wo ne wo babanin ne wo babaa, w’akoa ne w’afenaa ne wo mmoa ne wo hɔhoɔ a ɔwɔ wo fie apono mu. 11 Na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, na ɔhomee da a ɛtɔ so nson no; enti na AWURADE hyiraa homeda, na ɔyɛɛ no kronkron. 12 Di wo na ne w’agya ni, na wo nna aware asase a AWURADE wo Nyankopɔn de rema woɔ no so. 13 Nni awu. 14 Nsɛe awadeɛ. 15 Mmɔ korɔno. 16 Nni wo yɔnko ho adansekurumu. 17 Mma w’ani mmmere wo yɔnko fie. Mma w’ani mmmere wo yɔnko yere anaa n’akoa anaa n’afenaa anaa ne nantwie anaa n’afunumu anaa biribiara a ɛyɛ wo yɔnko dea. Ɔman no suro ( Deuteronomium 5.22-33 ) 18 Na ɔman no nyinaa hunuu aprannaa ne anyinam a ɛpapaeɛ ne totorobɛnto nne ne bepɔ a ɛfiri wisie no. Na ɔman no hunuiɛ no, wɔn ho popoe, na wɔkɔgyinaa akyirikyiri. 19 Na wɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo na wo ne yɛn nkasa, na yɛbɛtie; na mma Onyankopɔn ne yɛn nnkasa, na yɛanwuwu. 20 Na Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro, na Onyankopɔn rebɛsɔ mo ahwɛ, na ne ho hu atena mo ani so, na moanyɛ bɔne. 21 Na ɔman no gyinaa akyirikyiri, na Mose twe pinii esum kabii a Onyankopɔn wɔ mu no. Afɔremmukyea ho mmara 22 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sɛ ka kyerɛ Israelfoɔ nie: Mo ara moahunu sɛ mefiri ɔsoro na me ne mo akasa. 23 Monnyɛ me so dwetɛ anyame anaa sika anyame biara mmfa. 24 Dɔteɛ afɔrebukyia na yɛ ma me, na ɛso na fa wo nnwan ne w’anantwie bɔ ɔhyeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na baabiara a mɛma wɔakae me din no, mɛba wɔn nkyɛn mabɛhyira wɔn. 25 Na sɛ worebɛyɛ aboɔ afɔrebukyia ama me a, mfa aboɔ a wɔatwa nsi; na sɛ woma w’adwinneɛ so bɔ so a, woagu ho fi. 26 Na mforo atwedeɛ nkɔ m’afɔrebukyia so, na w’adagya anna adi wɔ so. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana