Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Mose 15 - Twerɛ Kronkron


Mose dwom

1 Ɛnna Mose ne Israelfoɔ too dwom yi maa AWURADE kaa sɛ: Mɛto AWURADE dwom, na ma na wama ne ho soɔ, ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no, wato wɔn agu ɛpo mu.

2 M’ahoɔden ne me dwontoɔ ne AWURADE, na wayɛ me nkwagyeɛ. Ɔno ne me Nyankopɔn, na mɛkamfo no. Ɔyɛ m’agya Nyankopɔn, na mɛma no so.

3 AWURADE yɛ dɔmmarima, AWURADE ne ne din.

4 Farao nteaseɛnam ne ne dɔm no, wato wɔn agu ɛpo mu, na n’akofoɔ a wɔayi wɔn no, wɔamemmem Mmɛwa Po mu.

5 Ebunu akata wɔn so, wɔamem kɔ aseɛ tɔnn sɛ ɔboɔ.

6 AWURADE, wode tumi ahyɛ wo nsa nifa animuonyam, AWURADE, wo nsa nifa no dwɛre atamfoɔ no.

7 Na wo tumi a ɛso no ara na wode butu wɔn a wɔsɔre tia woɔ no. Wosoma w’abufuhyeɛ ba, ɛhye wɔn sɛ nkyɛnkyɛmma.

8 Na wo hwene mu ahome mu na nsuo no ano boaeɛ; asorɔkyeɛ gyinaa sɛ ekuo; abunu kyekyeree ɛpo yam.

9 Ɔtamfoɔ no kaa sɛ: Mɛti wɔn, mɛto wɔn, mɛkyɛ asase no mu, wɔbɛmee me kra. Mɛtwe me nkrantɛ, me nsa bɛsɛe wɔn.

10 Wode wo mframa hui, ɛpo no kataa wɔn so; wɔmemee sɛ sumpii wɔ nsu kɛseɛ no mu.

11 Hwan na ɔte sɛ woɔ, AWURADE, wɔ anyame mu? Hwan na ɔte sɛ woɔ, kronkronyɛ mu onimuonyamfoɔ, deɛ ne ho yɛ hu ayeyie mu, anwanwadeɛyɛfoɔ.

12 Wotenee wo nifa, asase menee wɔn.

13 Wode w’adɔeɛ gyaa ɔman a woagye wɔn yi, wode w’ahoɔden kyerɛɛ wɔn kwan kɔɔ wo kronkronyɛ tenabea.

14 Aman tee, na wɔn ho wosoe, ahopopoɔ kaa wɔn a wɔte Filistia.

15 Ɛno na Edom asafohempanin ho dwirii wɔn, Moab ahoɔdenfoɔ no, nketenkete kutaa wɔn, Kanaanfoɔ nyinaa hodwoe.

16 Ehu ne suro gu wɔn so, wo basa kɛseyɛ nti wɔayeyɛ komm sɛ ɔboɔ, kɔsi sɛ wo man bɛtwam, O AWURADE, kɔsi sɛ ɔman a wogyee wɔn no bɛtwam.

17 Wode wɔn bɛba, na woabɛtɛ wɔn w’agyapadeɛ bepɔ no so, AWURADE, faako a wode hɔ ayɛ wo tenabea, kronkronbea a, AWURADE, wo nsa asiesie no.

18 AWURADE bɛdi hene de bɛkɔ akɔsi daa daa.


Miriam dwom

19 Na Farao apɔnkɔ ne ne nteaseɛnam ne n’apɔnkɔfoɔ baa ɛpo no mu, na AWURADE maa ɛpo no sane bɛkataa wɔn so, na Israelfoɔ no nam asase pɛsɛɛ so faa ɛpo no mfimfini.

20 Na odiyifoɔ baa Miriam a ɔyɛ Aaron nua no faa akasae kurae, na mmaa no nyinaa de akasae ne asa firi dii n’akyi.

21 Na Miriam gyee wɔn so sɛ: Monto AWURADE dwom, na wadi nkonim animuonyam mu; ɔpɔnkɔ ne ne sotefoɔ no, wato wɔn agu ɛpo mu.


Mara nsuo a ɛyɛ nwono

22 Ɛnna Mose maa Israel tu firii Mmɛwa Po ho, na wɔfiri hɔ kɔɔ Sur serɛ so; na wɔnantee ɛserɛ no so nnansa, na wɔnnya nsuo.

23 Na wɔduruu Mara no, na wɔntumi nnom Mara nsuo, ɛfiri sɛ ɛyɛ nwono. Enti wɔtoo hɔ din Mara.

24 Na ɔman no kasaa huhuhuhu tiaa Mose sɛ: Ɛdeɛn na yɛnnom?

25 Na ɔsu frɛɛ AWURADE, na AWURADE kyerɛɛ no dua bi, na ɔde too nsuo no mu, na nsuo no yɛɛ dɛ. Ɛhɔ na ɔhyɛɛ ahyɛdeɛ ne atemmuo maa wɔn, na ɛhɔ nso na ɔsɔɔ wɔn hwɛeɛ,

26 na Mose kaa sɛ: Sɛ wobɛtie AWURADE wo Nyankopɔn nne, na woayɛ deɛ ɛtene wɔ n’anim, na woatie ne mmara nsɛm, na woadi n’ahyɛdeɛ nyinaa so a, ɛnneɛ meremfa yadeɛ a mede meguu Misraim soɔ no biara mengu wo so; na mene AWURADE, wo yaresafoɔ no.

27 Na wɔduruu Elim a nsubura dummienu ne akyiresua aduɔson wɔ no. Na wɔkyeree nsraban wɔ nsuo no ho hɔ.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan