Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Samuel 26 - Twerɛ Kronkron


Yie foforɔ a Dawid yɛɛ Saulo

1 Na Sififoɔ baa Saulo nkyɛn Gibea bɛkaa sɛ: Ɛnyɛ Dawid na ɔhunta Hakila kokoɔ a ɛkyerɛ pataa no anim no soɔ no?

2 Ɛnna Saulo sɔre siane kɔɔ Sif serɛ soɔ, ɔne Israel mmarima mpensa a wɔayi wɔn, sɛ ɔrekɔhwehwɛ Dawid Sif serɛ so.

3 Na Saulo kyeree nsraban Hakila kokoɔ a ɛkyerɛ ɛserɛ pataa no anim no so, ɛkwan ho, na Dawid deɛ, ɔtenaa ɛserɛ no so, na ɔhunuu sɛ Saulo reti no aba ɛserɛ no so.

4 Na Dawid somaa akwansrafoɔ, na ɔhunuu sɛ Saulo aba ampa.

5 Ɛnna Dawid sɔre kɔɔ deɛ Saulo akyere nsraban hɔ. Na Dawid hunuu faako a Saulo ne ne sahene Ner ba Abner deda; nso Saulo da nteaseɛnam aboaeɛ hɔ, na ɛdɔm no akyere nsraban atwa ne ho ahyia.

6 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Hetini Ahimelek ne Seruia ba Abisai, Yoab nua sɛ: Hwan na ɔne me bɛsiane akɔ Saulo nkyɛn wɔ nsra mu hɔ? Na Abisai sɛ: Mene wo bɛsiane akɔ.

7 Na Dawid ne Abisai kɔɔ ɛdɔm no nkyɛn anadwo, na hwɛ Saulo da hɔ ada, nteaseɛnam aboaeɛ hɔ, na ne pea si fam wɔ n’atifi. Na Abner ne dɔm no deda ne ho hyia.

8 Na Abisai ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Onyankopɔn de wo tamfo ahyɛ wo nsa nnɛ, na afei ma memfa pea no menwɔ no menkuta fam prɛko, na meremfoa no so.

9 Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: Nku no, na hwan na ɔtene ne nsa ka deɛ AWURADE asra no na ɔdi bem?

10 Na Dawid kaa sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, gye AWURADE na ɔbɛka no; sɛ ne da bɛduru na wawu, anaasɛ ɔbɛkɔ ɔsa na apra no akɔ.

11 AWURADE mma no mpare me sɛ mɛtene me nsa maka deɛ AWURADE asra no no. Na afei fa pea a ɛwɔ n’atifi no ne nsuo kuruwa no na yɛnkɔ.

12 Ɛnna Dawid faa pea ne nsuo kuruwa no firii Saulo atifi, na wɔkɔe: Na obiara anhunu, na obiara ante, na obiara annyane, na na wɔn nyinaa adeda, ɛfiri sɛ AWURADE nnahɔɔ atotɔ wɔn so.

13 Na Dawid sene kɔɔ ɔfa nohoa, na ɔkɔgyinaa bepɔ no atifi wɔ akyirikyiri a kwan pa ara da wɔn ntam.

14 Na Dawid hyɛɛ ɛdɔm no ne Ner ba Abner mmɔn sɛ: Abner ee! Wonnye so? Ɛnna Abner gyee so sɛ: Ɛyɛ wo hwan na worehyɛ ɔhene mmɔn no?

15 Na Dawid ka kyerɛɛ Abner sɛ: Wonyɛ ɔbarima anaa? Na hwan na ɔte sɛ woɔ wɔ Israel mu? Na adɛn nti na woanwɛn wo wura ɔhene? Na ɛdɔm no mu bi baa sɛ anka ɔrebɛkum wo wura ɔhene.

16 Asɛm a woadie yi nyɛ. Sɛ AWURADE te aseɛ yi, mosɛ wuo, sɛ moanwɛn mo wura a AWURADE asra no no. Na afei, hwɛ deɛ ɔhene pea ne nsuo kuruwa a ɛsisi n’atifi no wɔ.

17 Ɛnna Saulo hunuu sɛ ɛyɛ Dawid nne, na ɔkaa sɛ: Wo nne nie, me ba Dawid? Na Dawid se: Ɛyɛ me nne, me wura ɔhene.

18 Na ɔkaa sɛ: Adɛn nti na me wura di n’akoa akyiri seyie? Mayɛ dɛn? Anaasɛ bɔne bɛn na ɛwɔ me nsam?

19 Enti afei ma me wura ɔhene ntie n’akoa nsɛm. Sɛ AWURADE na wahwanyan wo atia me a, ɛnneɛ ma no nnye afɔdeɛ. Na sɛ ɛyɛ nnipa mma deɛ a, wɔadome wɔn, AWURADE anim, sɛ wɔapam me nnɛ sɛ mennnya AWURADE agyapadeɛ no bi, na wɔse: Kɔ na kɔsom anyame foforɔ.

20 Enti afei wɔmmma me mogya nngu fam wɔ faako a ɛnyɛ AWURADE anim, ɛfiri sɛ Israel hene afiri adi rehwehwɛ ɔkraman dwie, sɛdeɛ wɔti akokɔhwedeɛ wɔ mmepɔ soɔ.

21 Ɛnna Saulo kaa sɛ: Mayɛ bɔne, sane bra, me ba Dawid, na merenyɛ wo bɔne bio, ɛfiri sɛ me kra boɔ ayɛ den w’ani so nnɛ da yi. Hwɛ, madi nkwaseasɛm na mafom bebree pa ara.

22 Na Dawid buaa sɛ: Hwɛ, ɔhene pea nie, na ma mmeranteɛ no mu baako mmra mmɛfa.

23 Na AWURADE bɛdane onipa biara tenenee ne ne nokorɛdie ama no, sɛ nnɛ AWURADE de wo hyɛɛ me nsa, na mampɛ sɛ metene me nsa meka deɛ AWURADE asra no no.

24 Na hwɛ, sɛdeɛ wo kra asom boɔ nnɛ m’ani soɔ yi, saa ara na me kra nso nsom boɔ AWURADE ani soɔ, na ɔnyi me mfiri ahohiahia nyinaa mu.

25 Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Nhyira nka wo, me ba Dawid. Wobɛyɛ nnoɔma pii, na wobɛdi nim wɔ ne nyinaa mu nso. Ɛnna Dawid sii ne kwan soɔ. Na Saulo sane kɔɔ ne tenabea.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan