1 Samuel 15 - Twerɛ KronkronSaulo asoɔden 1 Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Me na AWURADE somaa me sɛ memmɛsra wo ngo mensi wo ne man so hene: Na afei, tie AWURADE nsɛm. 2 Sɛɛ na asafo AWURADE seɛ: Mahunu deɛ Amalek yɛɛ Israel, sɛdeɛ wɔfiri Misraim reba no wɔbɛtwaree wɔn ɛkwan mu. 3 Na afei kɔ na kɔkum Amalek, na monsɛe deɛ wɔwɔ nyinaa pasapasa, na nhu wɔn mmɔbɔ, na kum mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne nnwan, yoma ne mfunumu. 4 Ɛnna Saulo maa ɔman no teeɛ, na ɔkan wɔn wɔ Telaim, mmarima a wɔnam anammɔn mu mpem ahanu ne Yuda mmarima mpem du. 5 Na Saulo duruu Amalek kuro kɛseɛ no so, na ɔde atɛfoɔ sisii bonhwa no mu. 6 Na Saulo ka kyerɛɛ Kenifoɔ no sɛ: Monkɔ, momfiri Amalek mu nsiane nkɔ, na mampra wo mamfra wɔn; na wo deɛ, woyɛɛ Israelfoɔ nyinaa adɔeɛ berɛ a wɔfiri Misraim reba no. Ɛnna Kenifoɔ firii Amalek mu kɔeɛ. 7 Na Saulo kunkumm Amalek firii Hawila de kɔsii baabi a w’ani kyerɛ Sur a ɛda Misraim apueeɛ fam no. 8 Na ɔkyeree Amalekhene Agag animono, na ɔman no nyinaa deɛ, ɔde nkrantɛ ano sɛee wɔn pasapasa. 9 Na Saulo ne dɔm no hunuu Agag ne nnwan ne anantwie a wɔyɛ ne wɔn a wɔadodɔre sradeɛ ne nnwammuruwa ne deɛ ɛyɛ no nyinaa mmɔbɔ, na wɔampɛ sɛ wɔsɛe wɔn; na adeɛ biara a wɔmmuo na ɛnyɛ mma hwee no deɛ, wɔsɛee no pasapasa. 10 Ɛnna AWURADE asɛm baa Samuel nkyɛn sɛ: 11 Manu me ho sɛ mede Saulo sii hene, ɛfiri sɛ wasane afiri m’akyi, na wamma me nsɛm annyina. Na ɛyɛɛ Samuel awerɛho, na ɔsu frɛɛ AWURADE anadwo no nyinaa. 12 Na Samuel tuaa nhema sɛ ɔrekɔhyia Saulo anɔpa; na wɔka kyerɛɛ Samuel sɛ: Saulo aba Karmel, na hwɛ, wasi ne nkaeɛ dum, na wadane ne ho atwam asiane rekɔ Gilgal. 13 Na Samuel duruu Saulo nkyɛn no, Saulo ka kyerɛɛ no sɛ: AWURADE nhyira wo. Mama AWURADE asɛm no atim. 14 Na Samuel kaa sɛ: Na ɛdeɛn ne nnwan su a ɛgu m’asom yi ne anantwie su a meteɛ yi? 15 Na Saulo se: Amalekfoɔ mu na wɔde firi baeɛ, ɛfiri sɛ ɔman no dodoo nnwan ne anantwie a ɛyɛ no ho sɛ wɔde rebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE wo Nyankopɔn, na nkaeɛ no deɛ, yɛasɛe wɔn pasapasa. 16 Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Gyae ma menka deɛ AWURADE ka kyerɛɛ me anadwo yi menkyerɛ wo. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kasa ɛ! 17 Na Samuel kaa sɛ: Ɛwom sɛ woyɛ wo ara w’ani so ketewa deɛ, nanso ɛnyɛ wone Israel mmusuakuo ti? AWURADE sraa wo ngo sɛ di Israel so hene; 18 na AWURADE somaa wo akwankorɔ bi sɛ: Kɔ na kɔsɛe Amalekfoɔ nnebɔneyɛfoɔ no pasapasa, na ɛne wɔn nko kɔsi sɛ wobɛhye wɔn ase. 19 Adɛn nti na woantie AWURADE, na woato ahyɛ asadeɛ soɔ, na woayɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne yi? 20 Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Matie AWURADE, na makɔ kwan a AWURADE somaa me no, na mede Amalekhene Agag aba, na masɛe Amalek pasapasa! 21 Na ɔman no faa asadeɛ no mu nnwan ne anantwie, ahyiradeɛ no mu adikaneɛ, sɛ wɔde rebɛbɔ AWURADE wo Nyankopɔn afɔdeɛ Gilgal. 22 Na Samuel kaa sɛ: AWURADE pɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ sene tie a wobɛtie AWURADE anaa? Hwɛ, setie yɛ sene afɔdeɛ, na asoɔmmerɛ kyɛne nnwennini sradeɛ. 23 Na atuateɛ te sɛ woakɔ abisa, na asoɔden te sɛ amumuyɛ ne ahonisom. Ɛsiane sɛ woapo AWURADE asɛm nti, ɔno nso apo wo afiri ahennie no so. 24 Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Mayɛ bɔne sɛ mafom wɔ AWURADE anomu asɛm ne wo nsɛm ho, sɛ mesuroo ɔman no na metiee wɔn. 25 Na afei fa me bɔne firi me, na wo ne me nsane na menkɔsɔre AWURADE. 26 Na Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Me ne wo rensane nkɔ, ɛfiri sɛ woapo AWURADE asɛm, na AWURADE nso apo wo sɛ nni Israel so hene. 27 Na Samuel danee ne ho rekorɔ no, Saulo sɔɔ ne batakari ano, na ɛsuanee. 28 Na Samuel ka kyerɛɛ no sɛ: Suane na AWURADE asuane Israel ahennie afiri wo nsam nnɛ, na ɔde ama wo yɔnko a ɔyɛ sene woɔ. 29 Nso Israel Tumfoɔ no renni atorɔ na ɔrennu ne ho, ɛfiri sɛ ɔnyɛ onipa na wanu ne ho. 30 Ɛnna ɔse: Mayɛ bɔne deɛ, nanso afei di me ni me man mpanimfoɔ ne Israel nyinaa anim: Ɛne me nsane nkɔ, na menkɔsɔre AWURADE wo Nyankopɔn. 31 Ɛnna Samuel sane kɔdii Saulo akyire; na Saulo kɔsɔree AWURADE. 32 Na Samuel se: Momfa Amalekhene Agag mmrɛ me ha. Na Agag baa ne nkyɛn anigyeɛ so. Na Agag se: Ampa, owuoyea atwam kɔ. 33 Na Samuel se: Sɛ wo nkrantɛ maa mmaa dii mmasugya no, saa ara nso na wo na bɛdi basugya mmaa mu. Na Samuel twitwaa Agag AWURADE anim wɔ Gilgal. 34 Ɛnna Samuel sii mu kɔɔ Rama. Na Saulo nso foro kɔɔ ne fie Gibea-saulo. 35 Na Samuel ammɛhwɛ Saulo bio kɔsii ne wuda, na Samuel gyam Saulo; na AWURADE nuu ne ho sɛ ɔde Saulo dii Israel so hene. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana