Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 14 - Twerɛ Kronkron


Ahemfo kɔko gye Lot

1 Na Sinear hene Amrafel, Elasar hene Ariok, Elam hene Kedorlaomer ne Goiim hene Tideal berɛ so no,

2 wɔne Sodom hene Bera ne Gomora hene Birsa, Adma hene Sinab ne Seboim hene Semeber ne Bela (a ɛne Soar) hene dii ako.

3 Ahemfo yeinom nyinaa bɛhyiaa Sidim bonhwa mu, (ɛno ne Nkyene Po no).

4 Mfirinhyia dummienu na wɔsomm Kedorlaomer, na afe a ɛtɔ so dummiɛnsa no, wɔtee atua.

5 Na afe a ɛtɔ so dunan mu no, Kedorlaomer ne ahemfo a wɔkeka ne ho no bɛkum Refaim wɔ Asterot-karnaim, ne Susifoɔ wɔ Ham, ne Emifoɔ Kiriataim mpaperɛ so,

6 ne Horifoɔ wɔ wɔn bepɔ Seir so de kɔsii El-paran a ɛwɔ ɛserɛ soɔ no.

7 Na wɔsane baa Enmispat, (ɛne Kades), na wɔkaa Amalekfoɔ asase nyinaa ne Amorifoɔ nso a wɔte Haseson-tamar no gui.

8 Na Sodom, Gomora, Adma, Seboim ne Bela (a ɛne Soar) ahemfo firi bae.

9 Na wɔne Elam hene Kedorlaomer, Goiim hene Tideal, Sinear hene Amrafel ne Elasar hene Ariok de bɛbɔɔ ani wɔ Sidim bonhwa mu, ahemfo baanan a wɔreko atia baanum.

10 Na Sidim bonhwa mu yɛ ama amena ara nko. Na Sodom ne Gomora ahemfo dwanee. Na ebinom totɔɔ amena no mu, na wɔn a aka no dwane kɔɔ bepɔ so.

11 Na wɔfaa Sodom ne Gomora nnoɔma ne wɔn nnuane nyinaa de sii mu kɔe.

12 Na wɔfaa Abram nua ba Lot a ɔte Sodom ne n’ahodeɛ kɔe.

13 Na odwanefoɔ bi bɛka kyerɛɛ Hebrini Abram a ɔte Amorini Mamre, Eskol ne Aner nua no pɔ mu; na wɔne Abram wɔ apam.


Abram gye Lot

14 Na Abram tee sɛ wɔafa ne nua ba dommum no, ɔde ne mmarima a wɔawo wɔn wɔ ne fie ahasa ne dunwɔtwe tuu ɔsa tii wɔn kɔduruu Dan.

15 Na ɔne ne nkoa kyɛɛ wɔn ho mu baa wɔn so anadwo, na wɔbobɔɔ wɔn, na wɔtaa wɔn kɔduruu Hoba a ɛda Damasko benkum no.

16 Na ɔde nnoɔma no nyinaa ne ne nua ba Lot ne ne nnoɔma ne mmaa no nso ne nkurɔfoɔ no sane bae.


Melkisedek hyira Abram

17 Na ɔsane firii Kedorlaomer ne ahemfo a ɛkeka ne ho so nkonimdie reba no, Sodom hene firi kɔhyiaa no wɔ Sawe bonhwa (a ɛne Ɔhene Bonhwa no) mu.

18 Na Salem hene Melkisedek de paanoo ne bobesa brɛɛ no; na ɔyɛ ɔsorosoro Nyankopɔn sɔfoɔ.

19 Na ɔhyiraa no sɛ: Ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no nhyira nka Abram.

20 Na nhyira ne ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔde w’atamfo ahyɛ wo nsa. Na Abram maa no nnoɔma no nyinaa mu ntotosoɔ du du.

21 Na Sodom hene ka kyerɛɛ Abram sɛ: Fa nnipa no ma me, na fa ahodeɛ no.

22 Na Abram ka kyerɛɛ Sodom hene no sɛ: Mema me nsa so mekyerɛ AWURADE, ɔsorosoro Nyankopɔn a ɔyɛ ɔsoro ne asase wura no,

23 sɛ ɛfiri asaawa so de kɔsi mpaboa homa soɔ, meremfa biribiara a ɛyɛ wo deɛ, na woanka sɛ: Me na mama Abram anya ne ho;

24 gye deɛ mmeranteɛ no adie no nko, ne mmarima a wɔne me kɔeɛ no, Aner, Eskol ne Mamre nya wɔn kyɛfa.

Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan