1 Mose 12 - Twerɛ KronkronOnyankopɔn frɛ Abram 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Wo deɛ, firi w’asase so ne w’abusua mu ne w’agya fie kɔ asase a mɛkyerɛ woɔ no so. 2 Na mɛyɛ wo ɔman kɛseɛ, na mahyira wo, na mama wo din ayɛ kɛseɛ, na woayɛ nhyira. 3 Na mɛhyira wɔn a wɔhyira woɔ, na wɔn a wɔdome woɔ no, mɛdome wɔn; na wo mu na wɔbɛhyira asase so mmusua nyinaa. 4 Na Abram kɔe sɛdeɛ AWURADE kasa kyerɛɛ no no, na Lot ne no kɔe. Na Abram firii Haran no, na wadi mfeɛ aduɔson nnum. 5 Na Abram faa ne yere Sarai ne ne nua ba Lot ne wɔn ahodeɛ a wɔanya nyinaa ne nnipa a wɔnyaa wɔn wɔ Haran, na wɔfirii hɔ sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so; na wɔkɔduruu Kanaan asase so. 6 Na Abram twaa mu asase no so kɔduruu baabi a wɔfrɛ hɔ Sekem wɔ More pɔ no ho. Nso berɛ no mu na Kanaanfoɔ wɔ asase no so. 7 Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Abram kaa sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi bɛma wɔn. Na ɔsii afɔrebukyia wɔ hɔ maa AWURADE a ɔyii ne ho kyerɛɛ no no. 8 Na ɔtu firii hɔ kɔɔ Betel apueeɛ bepɔ bi so. Na ɔsii ne ntomadan a Betel da n’atɔeɛ, na Ai da apueeɛ; na ɔsii afɔrebukyia maa AWURADE wɔ hɔ, na ɔsɔree AWURADE. 9 Na Abram dii atutena ara kɔɔ Negeb. Abram kɔ Misraim 10 Na ɛkɔm baa asase no so, na Abram siane kɔtenaa Misraim kɔyɛɛ ɔhɔhoɔ wɔ hɔ, ɛfiri sɛ na ɛkɔm no mu yɛ den asase no so. 11 Na ɔreyɛ aduru Misraim asase soɔ no, ɔka kyerɛɛ ne yere Sarai sɛ: Hwɛ, menim sɛ woyɛ ɔbaa a wo ho yɛ fɛ, 12 na sɛ Misraimfoɔ hu wo a, wɔbɛka sɛ: Ne yere nie, na wɔaku me, na wɔama woatena ase. 13 Enti ka sɛ, me nua ne wo, na wo nti wɔayɛ me yie, na matena ase. 14 Na Abram duruu Misraim no, Misraimfoɔ hunuu ne yere no sɛ ne ho yɛ fɛ sɛ. 15 Na Farao atitire hunuu no, na wɔkɔkamfoo no kyerɛɛ Farao, na wɔbɛfaa ɔbaa no kɔɔ Farao fie. 16 Na ne nti ɔyɛɛ Abram yie; na ɔnyaa nnwan, anantwie, mfunumu, nkoa, mfenaa, mfunumubereɛ ne yoma. 17 Na Abram yere Sarai ho asɛm no nti AWURADE de ɔhaw akɛseɛ haa Farao ne ne fie. 18 Na Farao frɛɛ Abram kaa sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ me yi? Adɛn nti na woanka ankyerɛ me sɛ ɔyɛ wo yerɛ? 19 Adɛn nti na wose: Ɔyɛ me nua? Anka meremfa no nware no; na afei, hwɛ wo yere nie, fa no na kɔ wo kwan. 20 Na Farao tuu nnipa maa no sɛ wɔnkɔgya no ne ne yere ne deɛ ɔwɔ nyinaa kwan. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana