1 Berɛsosɛm 17 - Twerɛ KronkronNatan Asɛm a ɔde kɔmaa Dawid ( 2 Samuel 7.1-17 ) 1 Na Dawid te ne fie no, ɔka kyerɛɛ Odiyifoɔ Natan sɛ: Hwɛ, me deɛ, mete ntweneduro dan mu, na AWURADE apam adaka no wɔ ntomadan ase. 2 Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Adeɛ biara a ɛwɔ w’akoma mu no yɛ, na Onyankopɔn di w’akyi. 3 Na anadwo no ara, Nyankopɔn asɛm baa Natan nkyɛn sɛ: 4 Kɔ na kɔka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛnyɛ wo na wobɛsi dan ama me na matena mu. 5 Na mentenaa ɛdan mu pɛn, firi da a mekɔyii Israel mebaeɛ no, de abɛduru nnɛ da yi, na mmom mefiri ntomadan mu mekɔɔ ntomadan mu, na mefiri tenabea mekɔɔ tenabea. 6 Baabiara a na me ne Israel nyinaa nenam no, maka makyerɛ Israel atemmufoɔ a mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛne me man no mu bi sɛ: Adɛn nti na monsii ntweneduro dan mmaa me? 7 Na afei, ka kyerɛ m’akoa Dawid sɛ: Sɛ Asafo AWURADE seɛ nie: Me deɛ, mefaa wo firii nnwan adidibea, nnwan no akyi, sɛ bɛyɛ me man Israel so panin, 8 na madi w’akyi baabiara a wokɔeɛ, na matwitwa w’atamfo nyinaa afiri w’anim, na mayɛ wo din sɛ asase so nnipa akɛseɛ din. 9 Na mɛsiesie baabi mama me man Israel, na madua wɔn na wɔatena wɔn afa, na wɔanha wɔn ho bio, na amumuyɛ mma ankɔ so ansɛe wɔn sɛ kane no, 10 ne nna a mehyɛɛ atemmufoɔ sɛ wɔnni me man Israel soɔ no; na mɛbrɛ w’atamfo nyinaa ase. Na meka kyerɛ wo sɛ AWURADE bɛma woanya w’asefoɔ. 11 Na sɛ wo nna wie du, na woti w’agyanom wɔ asamando a, mɛma w’aseni so wɔ w’akyiri a ɔbɛfiri wo mma mu, na mama n’ahennie atim. 12 Ɔno na ɔbɛsi dan ama me, na mɛma n’adwa atim akɔsi daa. 13 Me deɛ, mɛyɛ no agya, na ɔno nso ayɛ me ɔba. Na m’adɔeɛ nso, merenyi memfiri ne so, sɛdeɛ meyii no deɛ ɔdi w’anim no so no. 14 Na mede no bɛsi me fie ne m’ahennie mu akɔsi daa, na n’ahennwa bɛtim hɔ akɔsi daa. 15 Sɛdeɛ nsɛm yi nyinaa ne anisoadehunu yi nyinaa teɛ no, saa ara na Natan kasa kyerɛɛ Dawid. Dawid aseda ne adesrɛ mpaebɔ ( 2 Samuel 7.18-29 ) 16 Ɛnna Ɔhene Dawid ba bɛtenaa AWURADE anim sɛ: Hwan ne me, AWURADE Nyankopɔn, na hwan ne me fie, na wode me abɛduru sɛsɛɛ yi? 17 Nanso yei yɛ w’ani so ketewa, Onyankopɔn, na woaka daakye a ɛwɔ akyirikyiri ho asɛm, w’akoa fie ho, na woabu me sɛ onipa a ɔwɔ dibea a ɛkɔ soro; O AWURADE Nyankopɔn. 18 Ɛdeɛn na Dawid nka nka ho mma wo bio, sɛ woahyɛ w’akoa animuonyam? Na wo na wonim w’akoa. 19 AWURADE, w’akoa nti ne sɛdeɛ ɛwɔ w’akoma mu no na woadi saa asɛnkɛseɛ yi nyinaa, sɛ worema wɔahunu asɛnkɛseɛ no nyinaa. 20 AWURADE, obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ, na Onyankopɔn biara nso nni w’akyi sɛ nsɛm a yɛde yɛn aso ateɛ no nyinaa. 21 Na hwan na ɔte sɛ wo man Israel, asase so man baako a Onyankopɔn akɔgye wɔn afa ayɛ ɔman, na wode nnoɔma akɛseɛ ne adeɛ a ɛyɛ hu agye din, na woatutu amanaman, wo man a wogyee wɔn Misraim no anim no? 22 Na wode wo man Israel ayɛ wo man afa de rekɔsi daa, na wo, AWURADE, woayɛ wɔn Nyankopɔn. 23 Na afei, AWURADE, asɛm a wokaa no w’akoa ho, ne ne fie ho no, ma no ntim nkɔsi daa, na yɛ no sɛdeɛ woaka no. 24 Na ɛntim, na wo din no nso kɛseɛ nkɔsi daa, na wɔnka sɛ: Asafo AWURADE, Israel Nyankopɔn ne Onyankopɔn ma Israel. Na ma w’akoa Dawid fie nsi w’anim pintinn. 25 Na wo, me Nyankopɔn, woayi w’akoa asotire sɛ wobɛsi efie ama no, enti na w’akoa nso ahunu sɛdeɛ ɔbɔ mpaeɛ w’anim yi. 26 Na afei, AWURADE, wo ara ne Onyankopɔn, na woaka w’akoa ho asɛmpa yi, 27 na afei ma no nyɛ wo fɛ sɛ, wobɛhyira w’akoa fie, na ɛnsi w’anim daa. Na deɛ wo, AWURADE, wohyira no no na wɔahyira no. |
Asante-Twi Bible With Deutero-Canons © The Bible Society of Ghana, 2017.
Bible Society of Ghana