Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yosua 24 - New Revised Asante Twi Bible


Yosua ne ɔman no nkradie

1 Na Yosua boaboaa Israel mmusuakuo no nyinaa ano baa Sekem, na ɔfrɛɛ Israel mpanimfoɔ ne wɔn atitire ne wɔn atemmufoɔ ne wɔn ahwɛfoɔ no hyiae, na wɔbɛgyinaa Nyankopɔn anim.

2 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn no seɛ nie: Asuogya na mo agyanom, Abraham agya ne Nahor agya Tera tenaeɛ firi teteete, na wɔsom anyame foforɔ.

3 Na mefaa mo agya Abraham firii asuogya, na memaa no nantee Kanaan asase nyinaa so, na memaa n’asefoɔ dɔree, na memaa no Isak.

4 Na Isak nso, memaa no Yakob ne Esau; na mede Seir bepɔ memaa Esau sɛ ɔnni so; na Yakob ne ne mma siane kɔɔ Misraim.

5 Na mesomaa Mose ne Aaron, na mehaa Misraim, sɛdeɛ meyɛɛ no wɔ mu no, na akyire yi no meyii mo firii hɔ.

6 Na meyii mo agyanom firii Misraim no, mobaa ɛpo no ano; na Misraimfoɔ de nteaseɛnam ne apɔnkɔfoɔ tii mo agyanom baa Mmɛwa Po no ho;

7 na wɔsu frɛɛ AWURADE, na ɔde esum kabii too mo ne Misraimfoɔ no ntam, na ɔmaa ɛpo no baa wɔn so bɛkataa wɔn so. Na mo ani hunuu deɛ meyɛɛ Misraim, na motenaa ɛserɛ so nna pii.

8 Na mede mo baa Amorifoɔ a wɔte Yordan agya no asase so, na wɔne mo koe, na mede wɔn mehyɛɛ mo nsa, na modii wɔn asase no so, na mesɛee wɔn firii mo anim.

9 Ɛnna Moabhene Sipor ba Balak sɔre bɛnee Israel koeɛ, na ɔsoma maa wɔkɔhyiaa Beor ba Bileam sɛ ɔmmɛdome mo;

10 na mampene sɛ mɛtie Bileam, na nhyira na ɔhyiraa mo, na meyii mo ne nsam.

11 Na motwaa Yordan baa Yeriko, na Yerikofoɔ ne mo koe ne Amorifoɔ ne Perisifoɔ ne Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ ne Girgasifoɔ ne Hewifoɔ ne Yebusifoɔ; na mede wɔn mehyɛɛ mo nsa.

12 Na mesomaa nkotokurodu dii mo anim maa wɔpamoo wɔn firii mo anim, Amorifoɔ ahemfo baanu no, ɛnyɛ wo nkrantɛ so na ɛnyɛ wo tadua soɔ.

13 Na memaa mo asase a woammrɛ ho ne nkuro a woankyekyerɛ, na motenaa mu; bobe nturo ne ngodua nturo nso a moantɛ na modie yi.


Apam no ntimu

14 Na afei monsuro AWURADE na monsom no mudie ne nokorɛ mu, na mompa anyame a mo agyanom som wɔ asuogya ne Misraim no, na monsom AWURADE.

15 Na sɛ ɛnyɛ wɔ mo ani so sɛ mobɛsom AWURADE a, ɛnneɛ ɛnnɛ monyi deɛ mobɛsom no mfa, sɛ anyame a mo agyanom someeɛ a wɔwɔ asuogya no oo, sɛ Amorifoɔ a mote wɔn asase soɔ yi anyame oo, na me ne me fie deɛ, yɛbɛsom AWURADE.

16 Na ɔman no gyee so sɛ: Yei mpare yɛn sɛ yɛbɛgya AWURADE hɔ akɔsom anyame foforɔ.

17 Ɛfiri sɛ AWURADE ne yɛn Nyankopɔn, ɔno ne deɛ ɔyii yɛn ne yɛn agyanom Misraim asase soɔ firii nkoafie baeɛ, na ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ akɛseɛ yi yɛn anim, na ɔhwɛɛ yɛn ɔkwan a yɛnam soɔ no nyinaa mu ne aman a yɛfaa wɔn mu no nyinaa mu.

18 Na AWURADE apamo aman no nyinaa ne Amorifoɔ a wɔte asase no soɔ no afiri yɛn anim; yɛn nso yɛbɛsom AWURADE, na ɔno ne yɛn Nyankopɔn.

19 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Morentumi nsom AWURADE, ɛfiri sɛ ɔyɛ Onyankopɔn kronkron, Onyankopɔn ninkufoɔ ne no, ɔremfa mo mmarato ne mo bɔne nkyɛ mo.

20 Sɛ mogya AWURADE hɔ na mokɔsom ananafoɔ anyame a, ɔbɛdane ayɛ mo bɔne na wama moahye, sɛ ɔyɛɛ mo yie kane no.

21 Na ɔman no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Dabi, na AWURADE ara na yɛbɛsom no.

22 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mo ara ne mo ho adansefoɔ sɛ mo ara moayi AWURADE afa sɛ mobɛsom no. Na wɔkaa sɛ: Adansefoɔ ne yɛn.

23 Na afei montoto amannɔne anyame a ɛwɔ mo mu no ngu, na monnanedane mo akoma mma AWURADE mo Nyankopɔn.

24 Na ɔman no ka kyerɛɛ Yosua sɛ: AWURADE yɛn Nyankopɔn na yɛbɛsom no, na ne nne na yɛbɛtie.

25 Ɛnna Yosua ne ɔman no pam da no ara, na ɔmaa wɔn ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ wɔ Sekem.

26 Na Yosua twerɛɛ nsɛm yi hyɛɛ Nyankopɔn mmara nwoma no mu, na ɔde ɔboɔ kokuroo sii hɔ wɔ odum dua a ɛsi AWURADE kronkronbea no ase.

27 Na Yosua ka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Hwɛ, ɔboɔ yi nni yɛn adanseɛ, na ɛno na ate AWURADE nsɛm a ɔne yɛn kaeɛ no nyinaa; na ɛnni mo adanseɛ, na moampa mo Nyankopɔn akyi.

28 Ɛnna Yosua gyaa ɔman no kwan maa wɔn nyinaa kokɔɔ wɔn agyapadeɛ soɔ.


Yosua wuo

29 Na nsɛm no akyiri no, Nun ba Yosua, AWURADE akoa no wui, na wadi mfirinhyia ɔha ne du.

30 Na wɔsiee no n’agyapadeɛ mu, Timnat-sera a ɛwɔ Efraim bepɔ soɔ wɔ Gaas bepɔ atifi fam.

31 Na Israel som AWURADE, Yosua nna nyinaa, ne nna a mpanimfoɔ a wɔnyini kyɛree Yosua akyiri nyinaa na wɔhunuu AWURADE nnwuma a ɔyɛ maa Israel no nyinaa wɔ hɔ no.


Wɔsie Yosef nnompe

32 Na Yosef nnompe a Israelfoɔ de firii Misraim baeɛ no, wɔkorae wɔ Sekem, asase a Yakob tɔ firii Sekem agya, Hamor mma nsam maa nnwetɛbena ɔha no mu, na ɛyɛɛ Yosef mma agyapadeɛ.


Eleasa wuo

33 Na Aaron ba Eleasa nso wui, na wɔkoraa no ne ba Pinehas kuro Gibea a wɔde maa no, Efraim bepɔ soɔ no mu.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan