Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yosua 23 - New Revised Asante Twi Bible


Yosua bɔ wɔn kɔkɔ

1 Na AWURADE maa Israel home firii wɔn atamfoɔ a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa nsam akyire nna pii, na Yosua abɔ akora na wadi nna bebree no,

2 Yosua frɛɛ Israel nyinaa, wɔn mpanimfoɔ ne wɔn atitire ne wɔn atemmufoɔ ne wɔn ahwɛfoɔ no hyiae, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Me deɛ, mabɔ akora, na madi nna pii.

3 Na mo nso moahunu deɛ AWURADE mo Nyankopɔn ayɛ amanaman yi, mo anim; na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔko maa mo.

4 Monhwɛ, mede ntonto makyɛ amanaman a aka yi ne amanaman a matwitwa aguo no nyinaa mu ama mo, sɛ mo mmusuakuo nni so; ɛfiri Yordan ano kɔduru ɛpo kɛseɛ no ho awia tɔbea.

5 Na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔbɛsunsum wɔn afiri mo anim na ɔbɛtu wɔn afiri mo anim sɛ monni wɔn asase so, sɛdeɛ AWURADE mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no.

6 Enti monhyɛ mo ho den pa ara, na monhwɛ nyɛ deɛ wɔatwerɛ no Mose mmara nwoma mu no nyinaa, na moammane amfiri ho ankɔ nifa anaa benkum,

7 na moankɔ amanaman a akeka mo ho yi mu; na mommmɔ wɔn anyame din, na monnka wɔn ntam, na monnsom wɔn, na monnsɔre wɔn,

8 na mmom AWURADE mo Nyankopɔn ho na momfam, sɛdeɛ moayɛ de abɛduru nnɛ yi.

9 Na AWURADE atu amanaman akɛseɛ a wɔn ho yɛ den afiri mo anim, na mo deɛ, obi ntumi nnyinaa mo anim de abɛduru nnɛ.

10 Mo mu baako bɛpamo nnipa apem, na AWURADE mo Nyankopɔn no, ɔno na ɔko ma mo, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo no.

11 Enti monhwɛ mo ho yie, na monnɔ AWURADE mo Nyankopɔn.

12 Na sɛ mosane mo akyiri de mo ho kɔbata amanaman yi nkaeɛ a wɔakeka mo ho yi ho, na mo ne wɔn di ayewareɛ na mokɔ wɔn mu na wɔba mo mu a,

13 ɛnneɛ monhunu sɛ AWURADE mo Nyankopɔn renkɔ so ntu amanaman yi mfiri mo anim bio, na wɔbɛdanedane mo afidie ne kantankoraa ne mpire, mo mfem, ne nkasɛɛ, mo aniwa mu, akɔsi sɛ mobɛsɛe afiri asase pa yi a AWURADE mo Nyankopɔn de ama mo yi soɔ.

14 Na hwɛ, me deɛ, ɛnnɛ merekɔ asase sofoɔ nyinaa kwan; na monhunu mo akoma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ asɛm baako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a AWURADE mo Nyankopɔn kaa no wɔ mo ho no nyinaa mu, ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm baako mpo antɔ fam.

15 Na sɛdeɛ asɛmpa a AWURADE kaa mo no nyinaa aba mo soɔ no, saa ara na AWURADE bɛma asɛmmɔne nyinaa nso aba mo soɔ akɔsi sɛ ɔbɛsɛe mo afiri asase pa yi a AWURADE mo Nyankopɔn de ama mo yi soɔ.

16 Sɛ mofom AWURADE mo Nyankopɔn apam a ɔhyɛɛ mo no, na mokɔ kɔsom anyame foforɔ na mosɔre wɔn a, ɛnneɛ AWURADE abufuo bɛdɛre atia mo, na moasɛe ntɛm afiri asase pa a ɔde ama mo no so.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan