Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yosua 22 - New Revised Asante Twi Bible


Yordan ho afɔrebukyia no

1 Ɛnna Yosua frɛɛ Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no,

2 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mo deɛ, moadi deɛ AWURADE akoa Mose hyɛɛ mo no nyinaa so, na moatie me nne, deɛ mehyɛɛ mo no nyinaa mu.

3 Moannya mo nuanom nna dodoɔ yi de abɛduru nnɛ da yi, na moahwɛ AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm no adi so.

4 Na afei AWURADE mo Nyankopɔn de mo nuanom atena ase dwoodwoo, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no; enti monsane na monkɔ mo ntomadan mu, mo agyapadeɛ asase a AWURADE akoa Mose de maa mo Yordan agya no so.

5 Na mo ho yie nko na monhwɛ, na monni ahyɛdeɛ ne mmara a AWURADE akoa Mose hyɛɛ mo no so, na monnɔ AWURADE mo Nyankopɔn, na monnante n’akwan nyinaa so, na mommu ne mmara nsɛm, na momfam ne ho na monsom no mo akoma nyinaa ne mo kra nyinaa mu.

6 Na Yosua hyiraa wɔn, na ɔgyaa wɔn kwan, na wɔsii mu kɔɔ wɔn ntomadan mu.

7 Na Manase abusuakuo fa no, Mose de wɔn deɛ maa wɔn Basan, na ɔfa no nso, Yosua de wɔn deɛ maa wɔn wɔn nuanom mu, Yordan agya atɔeɛ fam. Na Yosua regya wɔn kwan akɔ wɔn ntomadan mu no, ɔhyiraa wɔn,

8 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Momfa nnoɔma bebree nsane nkɔ mo ntomadan mu, mmoa bebree pa ara ne dwetɛ ne sika ne kɔbere mfrafraeɛ ne dadeɛ ne ntoma pii pa ara, mo ne mo nuanom nkyekyɛ mo atamfoɔ asadeɛ no mu.

9 Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no firii Israelfoɔ no nkyɛn wɔ Silo a ɛwɔ Kanaan asase soɔ sane wɔn akyiri sɛ wɔrekɔ Gilead asase so, wɔn sodie asase a wɔnam AWURADE ahyɛdeɛ a ɛnam Mose soɔ no so de maa wɔn no.

10 Na wɔduruu Yordan ho asase a ɛwɔ Kanaan asase soɔ no soɔ no, Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no sii afɔrebukyia hɔ wɔ Yordan ano, afɔrebukyia a wohwɛ a, ɛso.

11 Na Israelfoɔ no tee sɛ wɔse: Hwɛ, Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no asi afɔrebukyia wɔ Kanaan asase no anim, Yordan ho asase no so, ɔfa a ɛyɛ Israelfoɔ deɛ no so.

12 Na Israelfoɔ no teeɛ no, wɔboaboaa Israelfoɔ asafo no nyinaa ano, Silo, sɛ wɔretu wɔn so sa.

13 Na Israelfoɔ no somaa Ɔsɔfoɔ Eleasa ba Pinehas maa no kɔɔ Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa nkyɛn Gilead asase so,

14 na wɔde mmapɔmma du kaa ne ho, Israel mmusuakuo no mu biara mu bapɔmma baako; na wɔn mu biara yɛ ne mpanimfie ti, Israel mpempem no mu.

15 Na wɔduruu Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no nkyɛn Gilead asase so, na wɔne wɔn kasaa sɛ:

16 Sɛ AWURADE asafo no nyinaa seɛ nie: Fom bɛn na mode afom Israel Nyankopɔn yi sɛ nnɛ moadane mo ho afiri AWURADE akyire, na moasi afɔrebukyia afa, na moate AWURADE anim atua nnɛ yi!

17 Peor mfomsoɔ a yɛnnya nnwiraa yɛn ho mfirii mu de bɛsi nnɛ yi na ɔhaw baa AWURADE asafo soɔ no nnɔɔso mma yɛn?

18 Na mo deɛ, nnɛ moresane afiri AWURADE akyi? Na morete AWURADE anim atua nnɛ yi, ɔkyena ne bo bɛfu Israel asafo no nyinaa.

19 Nanso sɛ mo sodie asase no ho agu fi a, ɛnneɛ montwa mmra AWURADE sodie asase a AWURADE tenabea si soɔ no so na mommɛfa asase nni so wɔ yɛn mu; na AWURADE anim atua na monnteɛ, na yɛn anim atua nso monnte, mo afɔrebukyia a mosi kaa AWURADE yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia no ho mu.

20 Ɛnyɛ Sera ba Akan na ɔfom ahyiradeɛ no mu, na abufuo baa Israel asafo no nyinaa soɔ? Nso ɛnyɛ ɔno nko na ɔsɛeeɛ, ne mfomsoɔ no mu.

21 Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no gyee so ka kyerɛɛ Israel mpempem mu atitire no sɛ:

22 Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE, Onyankopɔn, Tweaduampɔn AWURADE, ɔno na ɔnim, na Israel nso nhunu, yɛyɛɛ no atuateɛ mu anaa AWURADE fom mu na yɛyɛeɛ a, nnye yɛn nkwa nnɛ!

23 Sɛ yɛsii afɔrebukyia sɛ yɛresane afiri AWURADE akyi anaasɛ yɛrebɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ anaa aduane afɔdeɛ anaasɛ yɛrebɔ so asomdwoeɛ afɔdeɛ a, ɛnneɛ AWURADE mmɛbisa.

24 Na ɛyɛ suro ne asɛm bi nti na yɛyɛɛ saa, ɛfiri sɛ yɛse: Ɔkyena bi mo mma bɛka akyerɛ yɛn mma sɛ: Ɛdeɛn na mo ne AWURADE Israel Nyankopɔn no wɔ yɛ?

25 Na ɛhyeɛ na AWURADE de Yordan yɛɛ no yɛn ne mo Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ntam, monni kyɛfa biara wɔ AWURADE mu; na mo mma bɛma yɛn mma agyae AWURADE suro.

26 Enti na yɛkaa sɛ: Momma yɛnsi afɔrebukyia mfa, ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ na ɛnyɛ okum afɔdeɛ nti,

27 na mmom sɛ ɛnyɛ yɛn ne mo ne yɛn awoɔ ntoatoasoɔ a wɔbɛba yɛn akyire no ntam adanseɛ sɛ yɛde yɛn hyeɛ afɔdeɛ ne yɛn kum afɔdeɛ ne yɛn asomdwoeɛ afɔdeɛ bɛsom AWURADE som no n’anim, na ɔkyena bi mo mma anka ankyerɛ yɛn mma sɛ: Monni AWURADE mu kyɛfa bi!

28 Na yɛkaa sɛ: Na ɛba sɛ ɔkyena bi wɔka kyerɛ yɛn anaa yɛn awoɔ ntoatoasoɔ saa a, yɛbɛka sɛ: Monhwɛ AWURADE afɔrebukyia no nsɛsoɔ a yɛn agyanom yɛeɛ, ɛnyɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ nti, nanso ɛnyɛ okum afɔdeɛ nti, ɛfiri sɛ ɛne yɛn ne mo ntam danseni.

29 Yei mpare yɛn sɛ yɛbɛte AWURADE anim atua, na yɛadane yɛn ho nnɛ afiri AWURADE akyi, na yɛasi afɔrebukyia abɔ so ɔhyeɛ afɔdeɛ, aduane afɔdeɛ ne okum afɔdeɛ aka AWURADE yɛn Nyankopɔn afɔrebukyia a ɛwɔ ne tenabea anim no ho.

30 Na Ɔsɔfoɔ Pinehas ne asafo no mmapɔmma ne Israel mpempem atitire a wɔka ne ho no tee nsɛm a Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manasefoɔ no kaeɛ no, na ɛsɔɔ wɔn ani.

31 Na Ɔsɔfoɔ Eleasa ba Pinehas ka kyerɛɛ Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manasefoɔ no sɛ: Ɛnnɛ na yɛahunu sɛ AWURADE wɔ yɛn mu, sɛ moamfa fom yi amfom AWURADE. Afei moayi Israelfoɔ no AWURADE nsam.

32 Ɛnna Ɔsɔfoɔ Eleasa ba Pinehas ne mmapɔmma no sane wɔn akyiri firii Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no nkyɛn, Gilead asase soɔ, baa Kanaan asase so Israelfoɔ no nkyɛn, na wɔbɛbɔɔ wɔn amanneɛ.

33 Na asɛm no sɔɔ Israelfoɔ no ani, na wɔhyiraa Israelfoɔ Nyankopɔn no; na wɔanka bio sɛ wɔretu wɔn so sa akɔsɛe asase a Rubenfoɔ ne Gadfoɔ te soɔ no.

34 Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no too afɔrebukyia no din: Adanseɛ, ɛfiri sɛ wɔse: Ɛyɛ yɛn ntam danseni sɛ AWURADE ne Onyankopɔn.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan