Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yosua 21 - New Revised Asante Twi Bible


Lewifoɔ nkuro

1 Na Lewifoɔ agyanom atitire baa Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo agyanom atitire nkyɛn,

2 na wɔka kyerɛɛ wɔn Silo, Kanaan asase so sɛ: AWURADE nam Mose so hyɛɛ sɛ wɔmma yɛn nkuro ntena mu ne ɛho mmoa adidibea nsase mma yɛn mmoa.

3 Na Israelfoɔ nam AWURADE anomu asɛm so de wɔn agyapadeɛ mu nkuro yi ne ɛho mmoa adidibea nsase maa Lewifoɔ.

4 Na ntonto no ba maa Kohatfoɔ mmusua, na Ɔsɔfoɔ Aaron mma a wɔfiri Lewifoɔ mu no nam tonto so nyaa Yuda abusuakuo ne Simeon abusuakuo ne Benyamin abusuakuo mu nkuro dummiɛnsa.

5 Na Kohatfoɔ a wɔkaeɛ no nam ntonto so nyaa Efraim abusuakuo mmusua ne Dan abusuakuo ne Manase abusuakuo fa no mu nkuro du.

6 Na Gersonfoɔ no nam ntonto so nyaa Isakar abusuakuo mmusua ne Aser abusuakuo ne Naftali abusuakuo ne Manase abusuakuo fa a ɛwɔ Basan no mu nkuro dummiɛnsa.

7 Merari mma sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no, wɔnyaa Ruben abusuakuo ne Gad abusuakuo ne Sebulon abusuakuo mu nkuro dummienu.

8 Na Israelfoɔ no nam ntonto so de nkuro yi ne ɛho mmoa adidibea nsase maa Lewifoɔ no, sɛdeɛ AWURADE nam Mose nsa so hyɛeɛ no.

9 Na wɔde Yudafoɔ abusuakuo ne Simeonfoɔ abusuakuo mu nkuro a wɔbɛbobɔ din yi mae.

10 Na ɛba maa Aaron mma a wɔfiri Kohatfoɔ mmusua mu, Lewifoɔ no mu no, ɛfiri sɛ wɔn deɛ ne ntonto a ɛdi kan no.

11 Na wɔde Kiriat-arba, (Anak agya Arba) ne kuro a ɛne Hebron a ɛwɔ Yuda bepɔ soɔ ne ɛho mmoa adidibea nsase a ɛtwa ho hyia no maa wɔn.

12 Na kuro no ho mfofowa ne nkuraa no deɛ, wɔde maa Yefune ba Kaleb agyapadeɛ.

13 Na Ɔsɔfoɔ Aaron mma no, wɔde nnipakumfoɔ dwanekɔbea kuro Hebron ne ɛho mmoa adidibea nsase maa wɔn ne Libna ne ɛho mmoa adidibea nsase,

14 ne Yatir ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Estemoa ne ɛho asase,

15 ne Holon ne ɛho asase ne Debir ne ɛho asase,

16 ne Ain ne ɛho asase, ne Yuta ne ɛho asase, ne Bet-semes ne ɛho asase: Mmusuakuo mmienu yi mu nkuro nkron.

17 Na Benyamin abusuakuo mu deɛ, wɔde Gibeon ne ɛho mmoa adidibea nsase, ne Geba ne ɛho asase,

18 ne Anatot ne ɛho asase, ne Almon ne ɛho asase mae: Nkuro nnan.

19 Aaron mma asɔfoɔ no nkuro nyinaa yɛ nkuro dummiɛnsa ne ɛho mmoa adidibea nsase.

20 Na Kehat mma Lewifoɔ no, Kehat mma nkaeɛ no mmusua no, wɔn ntonto nkuro firii Efraim abusuakuo mu.

21 Wɔde nnipakumfoɔ dwanekɔbea kuro Sekem ne ɛho mmoa adidibea nsase maa wɔn, Efraim bepɔ so, ne Geser ne ɛho mmoa adidibea nsase,

22 ne Kibsaim ne ɛho asase ne Bet-horon ne ɛho asase: Nkuro nnan;

23 ne Dan abusuakuo mu Elteke ne ɛho mmoa adidibea nsase, Gibeton ne ɛho asase,

24 Ayalon ne ɛho asase ne Gat-rimon ne ɛho asase: Nkuro nnan;

25 ne Manase abusuakuo fa no mu, Taanak ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Gat-rimon ne ɛho asase: Nkuro mmienu.

26 Nkuro a ɛyɛɛ Kehat mma nkaeɛ no mmusua no deɛ nyinaa yɛ nkuro du ne ɛho mmoa adidibea nsase.

27 Na Gerson mma a wɔfiri Lewifoɔ mmusua no mu no, wɔmaa wɔn Manase abusuakuo fa no mu nnipakumfoɔ dwanekɔbea kuro Golan wɔ Basan ne ɛho mmoa adidibea nsase ne Beestra ne ɛho asase: Nkuro mmienu;

28 ne Isakar abusuakuo mu, Kision ne ɛho mmoa adidibea nsase, Daberat ne ɛho asase,

29 Yarmut ne ɛho asase, En-ganim ne ɛho asase: Nkuro nnan,

30 ne Aser abusuakuo mu: Misal ne ɛho mmoa adidibea nsase, Abdon ne ɛho asase,

31 Helkat ne ɛho asase, ne Rehob ne ɛho asase: Nkuro nnan;

32 ne Naftali abusuakuo mu: Nnipakumfoɔ dwanekɔbea kuro Kedes a ɛwɔ Galilea ne ɛho mmoa adidibea nsase, ne Hamot-dor ne ɛho asase, ne Kartan ne ɛho asase: Nkuro mmiɛnsa.

33 Gersonfoɔ nkuro nyinaa, sɛ wɔn mmusua teɛ no, ɛyɛ nkuro dummiɛnsa ne ɛho mmoa adidibea nsase.

34 Merari mma, Lewifoɔ nkaeɛ no mmusua no, wɔmaa wɔn Sebulon abusuakuo mu: Yokneam ne ɛho mmoa adidibea nsase, Karta ne ɛho asase,

35 Dimna ne ɛho asase, ne Nahalal ne ɛho asase: Nkuro nnan;

36 ne Ruben abusuakuo mu: Beser ne ɛho mmoa adidibea nsase, Yahas ne ɛho asase,

37 Kedemot ne ɛho asase, Mefaat ne ɛho asase: Nkuro nnan;

38 ne Gad abusuakuo mu: Nnipakumfoɔ dwanekɔbea kuro Ramot a ɛwɔ Gilead ne ɛho mmoa adidibea nsase, Mahanaim ne ɛho asase,

39 Hesbon ne ɛho asase, Yaser ne ɛho asase: Nkuro nnan.

40 Merari mma mmusua ahodoɔ a wɔaka Lewifoɔ mmusua mu no nkuro nyinaa, wɔn ntonto deɛ ne nkuro dummienu.

41 Lewifoɔ nkuro a wɔnyaa no Israelfoɔ agyapadeɛ mu no nyinaa yɛ nkuro aduanan nwɔtwe ne ɛho mmoa adidibea nsase.

42 Nkuro yi mu biara wɔ mmoa adidibea nsase a atwa ho ahyia, saa na ɛteɛ nkuro yi nyinaa ho.


Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so

43 Na AWURADE de asase a ɔkaa ho ntam sɛ ɔde bɛma wɔn nananom no nyinaa maa Israel, na wɔdii so tenaa so.

44 Na AWURADE maa wɔn asomdwoeɛ hyiae, sɛdeɛ ɔkaa wɔn nananom ntam no ara, na wɔn atamfoɔ nyinaa mu biara annyina wɔn anim; AWURADE de wɔn atamfoɔ no nyinaa hyɛɛ wɔn nsa.

45 Asɛm pa a AWURADE kaa Israel fie no nyinaa mu asɛm biara antɔ fam, ne nyinaa baa mu.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan