Yosua 20 - New Revised Asante Twi BibleDwanekɔbea nkuro nsia no ( Numeri 35.9-34 ) 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: 2 Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Monyi dwanekɔbea nkuro a menam Mose so mekaa mo ho asɛm no, 3 na onipakumfoɔ a ɔbɛkum obi nsapa mu anaa wammoapa no nnwane nkɔ hɔ, na ɛnyɛ mo dwanekɔbea mfiri mogya ho werefoɔ nsam. 4 Na deɛ ɔdwane kɔ saa nkuro yi bi mu no nnyina kuro no pono ano, na ɔnka ne nsɛm ngu kuro no mu mpanimfoɔ aso mu, na wɔmfa no nkɔ wɔn nkyɛn, kuro no mu, na wɔmma no tenabea na ɔne wɔn ntena. 5 Na sɛ mogya ho werefoɔ no ti no ba a, wɔmmfa onipakumfoɔ no nnhyɛ ne nsa, ɛfiri sɛ na ɔnnim na ɔbɔɔ ne yɔnko no, nanso berɛ a atwam no na ɔntane no. 6 Na ɔntena kuro no mu nkɔsi sɛ ɔbɛgyina asafo no anim na wɔabu no atɛn, kɔsi sɛ ɔsɔfo panin a ɔwɔ so saa berɛ no bɛwuo; ɛno ansa na onipakumfoɔ no nsane nkɔ ne kurom ne ne fie, na ɔnkɔ kuro a ɔfiri mu dwaneeɛ no mu. 7 Ɛnna wɔyiyii Kedes wɔ Galilea, Naftali bepɔ so, Sekem wɔ Efraim bepɔ so, ne Kiriat-arba (a ɛne Hebron) wɔ Yuda bepɔ so. 8 Na Yordan agya, Yeriko apueeɛ nso wɔyii Beser, ɛserɛ so asaseta so de firii Ruben abusuakuo mu, na Ramot wɔ Gilead de firii Gad abusuakuo mu, ne Golan wɔ Basan de firii Manase abusuakuo mu mae. 9 Yeinom ne nkuro a wɔyiyi totoo hɔ maa Israelfoɔ nyinaa ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ wɔn mu, sɛ obiara a ɔkum ɔkra bi nsapa mu no nnwane nkɔ hɔ na wanwu mogya ho werefoɔ nsam de kɔsi sɛ ɔbɛgyina asafo no anim. |
The Bible Society of Ghana, 2012