Yosua 19 - New Revised Asante Twi BibleAsase no kyekyɛ 1 Na ntonto a ɛtɔ so mmienu no ba maa Simeon, Simeonfoɔ abusuakuo no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; na wɔn agyapadeɛ da Yuda mma agyapadeɛ ntam. 2 Na deɛ wɔnyaa no wɔn agyapadeɛ mu ne Beer-seba, Seba, Molada, 3 Hasar-sual, Bala, Asem, 4 Eltolad, Betul, Horma, 5 Siklag, Bet-markabot, Hasar-susa, 6 Bet-lebaot ne Saruhen: Nkuro dummiɛnsa ne ɛho nkuraa. 7 Ain, Rimon, Eter ne Asan: Nkuro nnan ne ɛho nkuraa; 8 ne nkuraa a ɛdeda nkuro yi ho hyia de kɔsi Baalat-beer nyinaa, Ramat a ɛda Negeb. Yei ne Simeon mma abusuakuo no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 9 Yudafoɔ kyɛfa no bi na ɛyɛɛ Simeonfoɔ agyapadeɛ, ɛfiri sɛ Yudafoɔ kyɛfa no boroo wɔn so, enti Simeonfoɔ nyaa agyapadeɛ wɔn agyapadeɛ no mu. 10 Na tonto a ɛtɔ so mmiɛnsa no ba maa Sebulon sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. Na wɔn agyapadeɛ hyeɛ kɔduruu Sarid. 11 Na wɔn hyeɛ no foro kɔ atɔeɛ wɔ Marala, na ɛkɔpem Dabeset, na ɛkɔpem subonhwa a ɛwɔ Yokneam apueeɛ fam no ano. 12 Na ɛsane firi Sarid kɔ anim owiapueeɛ de kɔ Kislot-tabor hyeɛ so na ɛfiri adi kɔ Daberat, na ɛforo kɔ Yafia. 13 Na ɛfiri hɔ twam kɔ apueeɛ de kɔ Gat-hefer, Et-kasin, na ɛfiri Rimon a ɛhima de kɔ Nea. 14 Na ɛhyeɛ no konton kɔ atifi fam de kɔ Hanaton, na ano kɔduru Yifta-el bonhwa no mu; 15 ne Katat ne Nahalal ne Simron ne Yidala ne Betlehem: Nkuro dummienu ne ɛho nkuraa. 16 Yei ne Sebulon mma agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Nkuro no ne ɛho nkuraa. 17 Ntonto a ɛtɔ so nnan no ba maa Isakar, Isakarfoɔ no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 18 Na wɔn hyeɛ kɔɔ Yesreel, Kesulot, Sunem, 19 Hafraim, Sihon, Anaharat, 20 Rabit, Kision, Abes, 21 Remet, En-ganim, En-hada ne Bet-pases. 22 Na ɛhyeɛ no kɔpem Tabor, Sahasima ne Bet-semes, na wɔn hyeɛ no ano kɔduru Yordan ano: Nkuro dunsia ne ɛho nkuraa. 23 Yei ne Isakarfoɔ abusuakuo no agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Nkuro no ne ɛho nkuraa. 24 Na ntonto a ɛtɔ so nnum no ba maa Aserfoɔ abusuakuo no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 25 Na wɔn hyeɛ ne Helkat, Hali, Beten, Aksaf, 26 Alamelek, Amad, ne Misal na ɛkɔpem Karmel wɔ atɔeɛ, ne Sihor-libnat. 27 Na ɛsane kɔ owiapueeɛ de kɔ Bet-dagon, na ɛkɔpem Sebulon ne Yifta-el bonhwa mu, Bet-emek ne Neiel atifi fam, na ɛfiri adi kɔ Kabul atifi fam, 28 Ebron, Rehob, Hamon, ne Kana de kɔsi Sidon Kɛseɛ. 29 Na ɛhyeɛ no dane kɔ Rama kɔduru kuro denden Tiro, na ɛhyeɛ no dane kɔ Hosa, na ano kɔpem ɛpo no Aksib fam, 30 ne Uma ne Afek ne Rehob: Nkuro aduonu mmienu ne ɛho nkuraa. 31 Ɛno ne Aserfoɔ abusuakuo agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Nkuro no ne ɛho nkuraa. 32 Naftalifoɔ na ntonto a ɛtɔ so nsia no ba maa wɔn, Naftalifoɔ no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 33 Na wɔn hyeɛ firi Helef, Saananim dupɔn no ho ne Adami-nekeb ne Yabneel de kɔ Lakum, na ano kɔpem Yordan. 34 Na ɛhyeɛ no dane kɔ atɔeɛ wɔ Asnot-tabor, na ɛfiri hɔ kɔ Hukok, na ɛkɔpem Sebulon anafoɔ fam, ne Aser wɔ atɔeɛ, ne Yuda wɔ apueeɛ, Yordan ano. 35 Na nkuro a wɔatoto ho afasuo nie: Sidim, Ser, Hamat, Rakat, Kineret, 36 Adama, Rama, Hasor, 37 Kedes, Edrei, En-hasor, 38 Yiron, Midgal-el, Horem, Bet-anat ne Bet-semes: Nkuro dunkron ne ɛho nkuraa. 39 Yei ne Naftalifoɔ abusuakuo no agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Nkuro no ne ɛho nkuraa. 40 Dan mma abusuakuo no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ na ntonto a ɛtɔ so nson no ba maa wɔn. 41 Na wɔn agyapadeɛ hyeɛ ne: Sora, Estaol, Ir-semes, 42 Saalabin, Ayalon, Yitla, 43 Elon, Timna, Ekron, 44 Elteke, Gibeton, Baalat, 45 Yehud, Bene-berak, Gat-rimon, 46 Me-yarkon, Rakon, ɛne Yafo anim hyeɛ no. 47 Na Danfoɔ firii hɔ kɔnyaa ɛhyeɛ foforɔ bi, ɛfiri sɛ Danfoɔ no foro kɔe ne Lesem kɔkoe, na wɔfae, na wɔde nkrantɛ ano sɛee no, na wɔdii so, na wɔtenaa hɔ, na wɔfrɛɛ Lesem sɛ Dan, sɛdeɛ wɔn agya Dan din teɛ. 48 Ɛno ne Danfoɔ abusuakuo agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ: Nkuro no ne ɛho nkuraa. 49 Na wɔwiee asase no mu kyɛ sɛdeɛ n’ahyeɛ no teɛ no, Israelfoɔ maa Nun ba Yosua agyapadeɛ wɔ wɔn mu, 50 AWURADE anomu asɛm so na wɔmaa no kuro a ɔbisaeɛ no, ɛne Timnat-sera a ɛda Efraim bepɔ soɔ, na ɔkyekyeree kuro no tenaa mu. 51 Yeinom ne agyapadeɛ a Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne Israelfoɔ mmusuakuo agyanom mu atitire no de ntonto kyɛɛ mu wɔ Silo, AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano. Na wɔwiee asase no mu kyɛ. |
The Bible Society of Ghana, 2012