Yosua 18 - New Revised Asante Twi BibleWɔkyekyɛ asase a aka no mu 1 Na Israelfoɔ asafo no nyinaa bɛhyiaa Silo, na wɔsii ahyiaeɛ ntomadan no wɔ hɔ, na wɔbrɛɛ asase no ase wɔn anim. 2 Na aka Israelfoɔ no mu wɔn a wɔnkyɛɛ agyapadeɛ mmaa wɔn no, mmusuakuo nson. 3 Na Yosua ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Da bɛn na mobɛtwentwɛn mo nan ase akɔsie ansa na moakɔ akɔfa asase a AWURADE mo agyanom Nyankopɔn de ama mo no? 4 Montu abusuakuo biara mu nnipa baasa, na mensoma wɔn mma wɔnsɔre nkɔkyini asase no so, na wɔntwerɛ ho asɛm, sɛ ɛbɛyɛ na ɛbɛyɛ wɔn agyapadeɛ, na wɔmmra me nkyɛn. 5 Na monkyekyɛ mu nkyekyɛmu nson. Yuda nnyina ne hyeɛ so anafoɔ fam, na Yosef fie nnyina wɔn hyeɛ so atifi fam. 6 Na montwerɛ asase no nkyekyɛmu nson no ho asɛm, na momfa mmrɛ me ha, na mentwe ntonto memma mo AWURADE yɛn Nyankopɔn anim ha. 7 Na Lewifoɔ rennya mo mu kyɛfa, ɛfiri sɛ AWURADE asɔfodie no ne wɔn agyapadeɛ. Na Gad ne Ruben ne Manase abusuakuo fa no anya wɔn agyapadeɛ, Yordan agya apueeɛ a AWURADE akoa Mose de maa wɔn no. 8 Ɛnna mmarima no sɔre kɔeɛ; na Yosua hyɛɛ wɔn a wɔrekɔ akɔtwerɛ asase no ho asɛm no sɛ: Monkɔ nkɔkyini asase no so na montwerɛ ho asɛm, na monsane mmra me nkyɛn, na mentwe ntonto memma mo, AWURADE anim ha wɔ Silo. 9 Na mmarima no sii mu kɔ kɔfaa asase no so, na wɔtwerɛɛ no sɛdeɛ nkuro no teteɛ nkyekyɛmu nson de hyɛɛ nwoma bi mu, na wɔsane baa Yosua nkyɛn Silo nsraban mu. 10 Na Yosua twee ntonto maa wɔn AWURADE anim wɔ Silo, na Yosua kyɛɛ asase no mu wɔ hɔ maa Israelfoɔ no sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ. 11 Na Benyaminfoɔ abusuakuo ntonto bae sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; na wɔn ntonto no hyeɛ firi Yuda mma ne Yosef mma ntam. 12 Na wɔn atifi fam hyeɛ firi Yordan; na ɛhyeɛ no foro fa Yeriko nkyɛn mu atifi fam, na ɛforo kɔ bepɔ no so kɔ atɔeɛ, na ano kɔduru Bet-awen serɛ so. 13 Na ɛhyeɛ no firi hɔ sene fa anafoɔ fam kɔ Lus, wɔ Lus a ɛne Betel no nkyɛn mu, na ɛhyeɛ no siane kɔ Atarot-adar, bepɔ a ɛda anafoɔ Bet-horon anafoɔ fam no so. 14 Na ɛhyeɛ no hima na ɛkonton kɔ atɔeɛ fam fa bepɔ a ɛda Bet-horon ntentensoɔ anafoɔ fam no anafoɔ fam, na ano kɔduru Kiriat-baal (a ɛne Kiriat-yearim), Yuda mma kuro bi. Atɔeɛ fam deɛ ne no. 15 Na anafoɔ fam deɛ firi Kiriat-yearim kurotia, na ɛhyeɛ no firi hɔ kɔ atɔeɛ, na ɛkɔ Neftoa asutire ho. 16 Na ɛhyeɛ no siane kɔ bepɔ a ɛda Hinom ba bonhwa anim a ɛwɔ Refaim bonhwa mu atifi fam no ano nohoa, na ɛsiane Hinom bonhwa no kɔ Yebusifoɔ anafoɔ fam nkyɛn mu, na ɛsiane kɔ En-rogel ho. 17 Na ɛhima kɔ atifi fam, na ɛfiri hɔ kɔ En-semes, na ɛfiri hɔ kɔ Gelilot a ɛda Adumim aforoeɛ no ntentensoɔ, na ɛsiane kɔ Ruben ba Bohan boɔ no ho. 18 Na ɛtwam fa atifi fam nkyɛn mu Araba ntentensoɔ, na ɛsiane kɔ Araba. 19 Na ɛhyeɛ no twam kɔ Bet-hogla atifi fam nkyɛn mu, na ano kɔduru Nkyene Po atifi fam dɔnnɔn no ho, Yordan anafoɔ fam awieeɛ. Yei ne anafoɔ fam hyeɛ. 20 Na Yordan ne n’apueeɛ fam hyeɛ. Yei ne Benyaminfoɔ agyapadeɛ sɛdeɛ n’ahyeɛ teteɛ de hyia, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 21 Na Benyaminfoɔ abusuakuo, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ no nkuro nie: Yeriko ne Bet-hogla ne Emek-kesis, 22 ne Bet-araba ne Semaraim ne Betel, 23 ne Awim ne Para ne Ofra, 24 ne Kefar-amonai ne Ofni ne Geba: Nkuro dummienu ne ɛho nkuraa. 25 Gibeon ne Rama ne Beerot, 26 ne Mispe ne Kefira ne Mosa, 27 ne Rekem ne Yirpeel ne Tarala, 28 ne Sela, Ha-elef ne Yebus a ɛne Yerusalem, Gibeat, Kiriat: Nkuro dunan ne ɛho nkuraa. Yei ne Benyaminfoɔ no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. |
The Bible Society of Ghana, 2012