Yosua 17 - New Revised Asante Twi BibleManase kyɛfa 1 Na ntonto no yii Manase abusuakuo deɛ, ɛfiri sɛ ɔno ne Yosef abakan. Manase abakan Makir a ɔyɛ Gilead agya no nyaa Gilead ne Basan, ɛfiri sɛ ɔyɛ dɔmmarima. 2 Na ɛyii Manase mma a aka no deɛ, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, Abi-eser mma ne Helek mma ne Asriel mma ne Sekem mma ne Hefer mma ne Semida mma; yeinom ne Yosef ba Manase mmammarima sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ. 3 Na Manase ba Makir ba Gilead ba Hefer ba Selofehad no nni mmammarima, na mmammaa na ɔwɔ. Na yeinom ne ne mma mmaa no din, Mahla, Noa, Hogla, Milka ne Tirsa. 4 Na wɔbaa Ɔsɔfoɔ Eleasa ne Nun ba Yosua ne mmapɔmma no anim bɛkaa sɛ: AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɔmma yɛn agyapadeɛ, yɛn nuammarimanom mu. Na ɔnam AWURADE anomu asɛm no so maa wɔn agyapadeɛ wɔn agya nuanom no mu. 5 Na Manase nkyekyɛmu a ɔnyaeɛ no yɛ du, ɛsono Gilead ne Basan asase a ɛwɔ Yordan agya no. 6 Na Manase mmammaa no nyaa agyapadeɛ wɔ ne mmammarimanom no mu, na Gilead asase no yɛɛ Manase mma nkaeɛ no deɛ. 7 Na Manase hyeɛ no firi Aser kɔ Mikmetat a ɛda Sekem apueeɛ no, na ɛhyeɛ no kɔ anafoɔ fam, En-tapuafoɔ no ho. 8 Tapua asase yɛɛ Manase deɛ, na Tapua kuro a ɛwɔ Manase hyeɛ soɔ no yɛ Efraimfoɔ no deɛ. 9 Na ɛhyeɛ no siane kɔ Kana subonhwa no ho, subonhwa no anafoɔ fam. Ɛhɔ nkuro a ɛyɛ Manase nkuro no yɛɛ Efraim deɛ. Na Manase hyeɛ no wɔ subonhwa no atifi fam, na ano kɔka mpoano. 10 Anafoɔ fam no yɛɛ Efraim deɛ, na atifi fam deɛ yɛɛ Manase deɛ, na ɛpo no ne ɛhyeɛ. Na wɔne Aser bɔɔ hyeɛ atifi fam, na wɔne Isakar bɔɔ no apueeɛ. 11 Na nkuro a Manase nyaa no Isakar ne Aser ntam ne Bet-sean ne ɛho nkuro ne Yibleam ne ɛho nkuro ne wɔn a wɔte Dor ne ɛho nkuro ne En-dorfoɔ ne ɛho nkuro ne Taanakfoɔ ne ɛho nkuro ne Megidofoɔ ne ɛho nkuro, nkokoɔ mmiɛnsa so amantoɔ no. 12 Nanso Manasefoɔ antumi antu nkuro no mufoɔ, na Kanaanfoɔ no pɛɛ asase no so tena. 13 Na Israelfoɔ ho yɛɛ den no, wɔmaa Kanaanfoɔ no de ɔsom adwuma yii toɔ, na tuo deɛ, wɔantu wɔn. Yosef mma nya kyɛfa foforɔ 14 Na Yosef mma no bɛka kyerɛɛ Yosua sɛ: Ɛnam deɛn so na woma me agyapadeɛ ntonto baako ne susuhoma baako? Na me deɛ, meyɛ ɔman kɛseɛ, ɛfiri sɛ AWURADE ahyira me de abɛduru sɛsɛɛ. 15 Na Yosua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ woyɛ ɔman kɛseɛ a, foro kɔ kwaeɛ no mu kɔbu hɔ fa, Perisifoɔ ne abrane no asase so, ɛfiri sɛ wonsene Efraim mmepɔ so. 16 Na Yosef mma no kaa sɛ: Bepɔ no nso yɛn, nso Kanaanfoɔ a wɔte mpaperɛ mu hɔ nyinaa wɔ dadeɛ nteaseɛnam, wɔn a wɔte Bet-sean ne ɛho nkuro mu ne wɔn a wɔte Yesreel bonhwa no mu nyinaa. 17 Na Yosua ka kyerɛɛ Yosef fie, Efraim ne Manase sɛ: Ɔman kɛseɛ ne wo, na wowɔ ahoɔden kɛseɛ, ɛnyɛ ntonto baako pɛ na wobɛnya, 18 na mmom bepɔ no nyɛ wo deɛ; ɛwom sɛ ɛyɛ kwaeɛ deɛ, nanso bu fa, kɔsi deɛ ano bɛka. Na Kanaanfoɔ no, sɛ wɔwɔ dadeɛ nteaseɛnam na wɔyɛ ahoɔdenfoɔ mpo a, wobɛtu wɔn. |
The Bible Society of Ghana, 2012