Yosua 16 - New Revised Asante Twi BibleYosef ne Efraim asase no ahyeɛ 1 Na deɛ ntonto no yi maa Yosef mma no firi Yeriko Yordan ano, Yeriko asuo apueeɛ, ɛserɛ a ɛfiri Yeriko kɔ Betel bepɔ soɔ no; 2 na ɛfiri Betel de kɔ Lus, na ɛtwam kɔ Arkifoɔ hyeɛ so wɔ Atarot, 3 na ɛsiane kɔ atɔeɛ, Yafletifoɔ hyeɛ ho de kɔsi anafoɔ Bet-horon hyeɛ so, na ɛde kɔ Geser, na ɛkɔpem mpoano. 4 Na Yosef mma Manase ne Efraim nyaa wɔn agyapadeɛ. 5 Na Efraimfoɔ no hyeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ nie: Wɔn agyapadeɛ hyeɛ ne Atarot-adar apueeɛ de kɔsi atifi wɔ Bet-horon; 6 na ɛhyeɛ no firi hɔ kɔ atɔeɛ wɔ Mikmetat, atifi fam, na ɛkonton kɔ apueeɛ wɔ Taanat-silo, na ɛsiane ho kɔ Yanoa apueeɛ, 7 na ɛfiri Yanoa siane kɔ Atarot ne Naarat, na ɛka Yeriko, na ɛkɔpem Yordan ano. 8 Ɛhyeɛ no firi Tapua kɔ atɔeɛ kɔsi Kana subonhwa mu, na ɛkɔpem mpoano. Yei ne Efraimfoɔ abusuakuo no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ; 9 ne nkuro a wɔyiyi maa Efraimfoɔ wɔ Manasefoɔ agyapadeɛ mu no, nkuro no nyinaa ne ɛho nkuraa. 10 Nanso wɔantu Kanaanfoɔ a wɔte Geser no, na Kanaanfoɔ no atena Efraim mu de abɛduru nnɛ, na wɔayɛ nkoa a wɔde ɔsom adwuma yi toɔ. |
The Bible Society of Ghana, 2012