Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yosua 13 - New Revised Asante Twi Bible


Onyankopɔn hyɛ Yosua sɛ ɔnkyekyɛ asase no mu

1 Na Yosua abɔ akora na wadi mfeɛ pii; na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Woabɔ akora na woadi mfeɛ pii, na asase a aka sɛ wɔbɛfa no da so dɔɔso bebree.

2 Asase a aka no nie: Filistifoɔ nsase nyinaa ne Gesur nyinaa.

3 (Ɛde firi Sihor a ɛwɔ Misraim apueeɛ fam no ano de kɔsi Ekron hyeɛ so atifi fam no, wɔbu ma Kanaanfoɔ. Filistifoɔ ahemfo baanum no: Gasa deɛ ne Asdod deɛ, Askelon deɛ, Gat deɛ ne Ekron deɛ) ne Awifoɔ wɔ anafoɔ fam;

4 Kanaanfoɔ asase no nyinaa ne Meara a ɛyɛ Sidonfoɔ dea no de kɔsi Afek kɔduru Amorifoɔ hyeɛ so;

5 ne Gebalfoɔ asase ne Lebanon nyinaa wɔ owiapueeɛ de firi Baal-gad a ɛwɔ Hermon bepɔ aseɛ de kɔsi Hamat fam;

6 wɔn a wɔte bepɔ no soɔ nyinaa, de firi Lebanon ho de kɔsi Misrefot-maim, Sidonfoɔ nyinaa; me ara, mɛtu wɔn afiri Israelfoɔ no anim; ɛso ntonto nko na twe ma Israel na wɔmfa nni so, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no.

7 Na afei kyɛ asase yi mu na ɛnyɛ mmusuakuo nkron ne Manase abusuakuo fa no agyapadeɛ.

8 Manase fa ne Rubenfoɔ ne Gadfoɔ anya wɔn agyapadeɛ a Mose de maa wɔn Yordan agya apueeɛ no, sɛdeɛ AWURADE akoa Mose de maa wɔn no,

9 ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subonhwa no ano no ho ne kuro a ɛda subonhwa no mu no, ne Medeba asaseta no nyinaa kɔsi Dibon,

10 ne Amorifoɔ hene Sihon a ɔdii hene Hesbon no nkuro no de kɔsi Amonfoɔ hyeɛ so,

11 ne Gilead ne Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ asase ne Hermon bepɔ nyinaa ne Basan nyinaa de kɔsi Salka;

12 Og a ɔdii hene wɔ Astarot ne Edrei ahennie a ɛwɔ Basan no nyinaa, (ɔno na ɔkaa abrane akɛseɛ no nkaeɛ no mu); na Mose kumm wɔn na ɔtuu wɔn,

13 nanso Israelfoɔ antu Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ, na Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ no tenaa Israel mu de bɛsi nnɛ yi.

14 Lewi abusuakuo no nko na wamma wɔn agyapadeɛ bie. AWURADE Israel Nyankopɔn gya afɔdeɛ so adeɛ no, ɛno ne n’agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ no no.


Yordan apueeɛ fam asase yɛ mmusuakuo mmienu ne fa no dea

15 Na Mose de maa Ruben mma abusuakuo no sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

16 Na wɔn hyeɛ no firi Aroer a ɛda Arnon subonhwa no ano no ho ne kuro a ɛda subonhwa no mu ne Medeba ho asaseta no nyinaa.

17 Hesbon ne ne nkuro a ɛdeda asaseta soɔ no nyinaa. Dibon ne Bamot-baal ne Bet-baal-meon

18 ne Yahas ne Kedemot ne Mefaat

19 ne Kiriataim ne Sibma ne Seret-sahar, bonhwa no mu bepɔ so

20 ne Bet-peor ne Pisga bepɔ ase ne Bet-yesimot,

21 asaseta no nkuro no nyinaa; ne Amorifoɔ hene Sihon a ɔdii hene Hesbon no ahennie nyinaa; ɔno na Mose kumm no ne Midian mmapɔmma, Ewi ne Rekem ne Sur ne Hur ne Reba, Sihon asafohene a wɔtenaa asase no soɔ no.

22 Na Beor ba Bileam, nkɔmhyɛfoɔ no nso, Israelfoɔ de nkrantɛ kumm no fraa atɔfoɔ no mu.

23 Na Ruben mma no hyeɛ ne Yordan ne ɛho hyeɛ. Yei ne Ruben mma no agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, nkuro no ne ɛho nkuraa.

24 Na Mose de maa Gad abusuakuo, Gadfoɔ no, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

25 Na wɔn hyeɛ ne Yaser ne Gilead nkuro no nyinaa, ne Amonfoɔ asase fa, de kɔsi Aroer a ɛda Raba anim no,

26 na ɛfiri Hesbon de kɔsi Ramat-mispe ne Betonim, na ɛde firi Mahanaim de kɔsi Debir hyeɛ so;

27 ne bonhwa no mu, Bet-haram ne Bet-nimra ne Sukot ne Safon a ɛyɛ Hesbon hene Sihon ahennie no nkaeɛ, Yordan ne ɛho hyeɛ, de kɔsi Kineret po no awieeɛ, Yordan agya apueeɛ.

28 Yei ne Gadfoɔ agyapadeɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ, nkuro no ne ɛho nkuraa.

29 Na Mose maa Manase abusuakuo fa no nso bi, na ɛyɛɛ Manase abusuakuo fa no deɛ sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

30 Na wɔn hyeɛ firi Mahanaim, Basan nyinaa, Basan hene Og ahennie nyinaa ne Yair nkuro a ɛwɔ Basan no nyinaa, nkuro aduosia;

31 ne Gilead fa ne Astarot ne Edrei, Og ahennie nkuro a ɛwɔ Basan no. Wɔde maa Manase ba Makir mma, sɛ ɛnyɛ Makir mma fa dea, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.

32 Yei ne agyapadeɛ a Mose kyekyɛɛ wɔ Moab mpaperɛ soɔ, Yeriko, Yordan agya apueeɛ.

33 Na Lewi abusuakuo no deɛ, Mose amma wɔn agyapadeɛ biara: AWURADE, Israel Nyankopɔn, ɔno ne wɔn agyapadeɛ, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ wɔn no.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan