Yosua 12 - New Revised Asante Twi BibleNsase a Mose faeɛ no so ahemfo baanu ho asɛm 1 Na yeinom ne asase no so ahemfo a Israelfoɔ no kunkumm wɔn na wɔdii wɔn asase soɔ wɔ Yordan agya deɛ owiapueeɛ hɔ, firi Arnon subonhwa ho de kɔsi Hermon bepɔ ho ne Araba a ɛwɔ apueeɛ no nyinaa so, 2 Amorifoɔ hene Sihon a ɔtenaa Hesbon a ɔdii hene firi Aroer a ɛda Arnon subonhwa nsunoa ne subonhwa no mfimfini ne Gilead fa de kɔsi Yabok subonhwa a ɛne Amonfoɔ hyeɛ no ano, 3 ne Araba so de kɔsi Kinerot po no ano apueeɛ fam, na ɛde kɔsi Araba po no a ɛne Nkyene Po no ano, apueeɛ Bet-yesimot kwan so, ne anafoɔ fam Pisga bepɔ ase no; 4 ne Basan hene Og a ɔfiri abrane akɛseɛ a aka no mu a ɔtenaa Astarot ne Edrei no asase no. 5 Na ɔdii hene Hermon bepɔ so ne Salka ne Basan nyinaa de kɔsi Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ hyeɛ so ne Gilead fa, Hesbon hene Sihon hyeɛ ho. 6 AWURADE akoa Mose ne Israelfoɔ no kunkumm wɔn, na AWURADE akoa Mose de asase no maa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no maa wɔdii so. Ahemfo a Yosua kumm wɔn 7 Na yeinom ne asase no so ahemfo a Yosua ne Israelfoɔ no kunkumm wɔn Yordan agya atɔeɛ fam, firi Baal-gad a ɛda Lebanon bonhwa no mu de kɔsi bepɔ a ɛso petee a ɛforo de kɔ Seir no ho; (na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuo sɛ wɔnni so sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu no teɛ, 8 mmepɔ no so ne ɛpo ho Araba so ne mmepɔ no ase ne ɛserɛ no so ne anafoɔ no: Hetifoɔ, Amorifoɔ ne Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ asase no): 9 Yerikohene, Ai a ɛwɔ Betel ho hene, 10 Yerusalemhene, Hebronhene, 11 Yarmuthene, Lakishene, 12 Eglonhene, Geserhene, 13 Debirhene, Gederhene, 14 Hormahene, Aradhene, 15 Libnahene, Adulamhene, 16 Makedahene, Betelhene, 17 Tapuahene, Heferhene, 18 Afekhene, Lasaronhene, 19 Madonhene, Hasorhene, 20 Simron-meronhene, Aksafhene, 21 Taanakhene, Megidohene, 22 Kedeshene, Yokneam a ɛwɔ Karmel ase no hene, 23 Dor a ɛwɔ Dor kokoɔ soɔ hene, amanaman a ɛwɔ Gilgal no hene, 24 Tirsahene, — ahemfo no nyinaa yɛ aduasa baako. |
The Bible Society of Ghana, 2012